Ɔsɛnkafo 6 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafo 6:1-12

1Mahu bɔne foforo bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yiye: 2Onyankopɔn ma onipa ahonyade, adenya ne anuonyam sɛnea biribiara a ne koma pɛ no ɛremmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔho mmom na ɔde gye nʼani. Eyi yɛ ahuhude, ɔhaw a ɛyɛ yaw.

3Onipa betumi anya mma ɔha na wanyin akyɛ; nanso ne mfe dodow yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba so wɔ mfaso sen no. 4Ne ba no yɛ ade hunu, sum mu na ɔkɔ, na sum akata ne din so. 5Ɛwɔ mu sɛ wanhu owia na onnim hwee de, nanso obenya ahomegye bebree sen nea saa ɔbarima no benya, 6mpo sɛ ɔtena ase mfe apem mmɔho na wamfa nʼahonyade annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako ana?

7Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia,

nanso nʼakɔnnɔde mmee no da.

8Na dɛn na onyansafo wɔ de sen ɔkwasea?

Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yiye wɔ afoforo anim a

mfaso bɛn na obenya?

9Nea aniwa hu no

ye sen nea akɔnnɔ kyin hwehwɛ.

Eyi nso yɛ ahuhude,

ɛte sɛ wotaa mframa.

10Nea ɛwɔ hɔ biara, wɔato din dedaw,

na sɛnea onipa te nso, wonim dedaw;

onipa biara rentumi ne nea ɔwɔ ahoɔden

sen no nnye eyi ho akyinnye.

11Nsɛm dɔɔso a,

mu ntease sua,

na so wɔ mfaso ma onipa ana?

12Na hena na onim nea eye ma onipa wɔ ne nkwanna kakraa bi a ɛyɛ ahuhude na ɔfa mu kɔ sɛ sunsuma no mu? Hena na obetumi aka nea ebesi wɔ owia yi ase akyerɛ no bere a ɔkɔ no?

Nova Versão Internacional

Eclesiastes 6:1-12

1Vi ainda outro mal debaixo do sol, que pesa bastante sobre a humanidade: 2Deus dá riquezas, bens e honra ao homem, de modo que não lhe falta nada que os seus olhos desejam; mas Deus não lhe permite desfrutar tais coisas, e outro as desfruta em seu lugar. Isso não faz sentido; é um mal terrível.

3Um homem pode ter cem filhos e viver muitos anos. No entanto, se não desfrutar as coisas boas da vida, digo que uma criança que nasce morta e nem ao menos recebe um enterro digno tem melhor sorte que ele. 4Ela nasce em vão e parte em trevas, e nas trevas o seu nome fica escondido. 5Embora jamais tenha visto o sol ou conhecido qualquer coisa, ela tem mais descanso do que tal homem. 6Pois, de que lhe valeria viver dois mil anos, sem desfrutar a sua prosperidade? Afinal, não vão todos para o mesmo lugar?

7Todo o esforço do homem é feito para a sua boca;

contudo, o seu apetite jamais se satisfaz.

8Que vantagem tem o sábio em relação ao tolo?

Que vantagem tem o pobre

em saber como se portar diante dos outros?

9Melhor é contentar-se com o que os olhos veem

do que sonhar com o que se deseja.

Isso também não faz sentido;

é correr atrás do vento.

10Tudo o que existe já recebeu nome,

e já se sabe o que o homem é;

não se pode lutar contra alguém mais forte.

11Quanto mais palavras,

mais tolices6.11 Ou menos sentido; ou ainda mais frustração,

e sem nenhum proveito.

12Na verdade, quem sabe o que é bom para o homem, nos poucos dias de sua vida vazia, em que ele passa como uma sombra? Quem poderá contar-lhe o que acontecerá debaixo do sol depois que ele partir?