Nnwom 58:1-11 ASCB

Nnwom 58:1-11

Dwom 58

Dawid “miktam” dwom.

Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa?

Mobu atɛntenenee wɔ nnipa mu anaa?

Dabi! Modwene ntɛnkyea wɔ mʼakomam

na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.

Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu;

wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ.

Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ.

Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso,

a ɔnte ntafowayifoɔ dwom,

na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho.

Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom,

Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu!

Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan;

sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.

Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ.

Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia.

Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea,

sɛ ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ.

Sɛ wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye,

na wɔbɛhohoro wɔn nan ho wɔ amumuyɛfoɔ mogya mu.

Afei nnipa bɛka sɛ, “Ampa ara, ateneneefoɔ kɔ so nya wɔn akatua;

na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu ewiase atɛn.”

Read More of Nnwom 58