Luka 2:41-52 ASCB

Luka 2:41-52

Yesu Wɔ Asɔrefie

Afe biara na Yesu awofoɔ kɔ Yerusalem kɔdi Twam Afahyɛ no. Sɛdeɛ na wɔn amanneɛ te no, Yesu dii mfeɛ dumienu no,2.42 Sɛ mmarimaa di mfirinhyia dumienu a, wɔfiri aseɛ yɛ ahoboa se wɔbɛwura nyamesom mu afe a ɛdi so no mu. nʼawofoɔ de no kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam Afahyɛ no. Wɔwiee afahyɛ no di a wɔresane akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofoɔ no nnim. Wɔtwaa da koro ɛkwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn. Na wɔanhunu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. Ne nnansa akyi no, wɔkɔhunuu no Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuaeɛ nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwanwa. Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Ne maame frɛɛ no bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.”

Yesu buaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛyɛ mʼasɛdeɛ sɛ metena mʼagya efie som no anaa?” Nanso, nʼawofoɔ no ante deɛ ɔkaeɛ no ase.

Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ ɔsetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim. Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.

Read More of Luka 2