Luka 12:35-59 ASCB

Luka 12:35-59

Monwɛn

“Monnyina pintinn na momma mo nkanea nhyerɛn, na monyɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforɔhyia ase a, sɛ ɔba na ɔbɔ ɛpono mu pɛ a, wɔbɛbue no ntɛm no. Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔretwɛn no no ani bɛgye. Ɔbɛto wɔn ɛpono na ɔno ankasa asom wɔn. Sɛ ɔba dasuo mu anaa ahemadakye mpo a, asomfoɔ a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no no ani bɛgye. Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ, sɛ efiewura nim ɛberɛ a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifoɔ no annya ne ho ɛkwan ammɛbɔ no korɔno. Enti, monsiesie mo ho ntwɛn Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, ɛfiri sɛ, monnim ɛberɛ ko a ɔbɛba.”

Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?”

Yesu buaa no sɛ, “Merekasa akyerɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ biara a ne wura de ne efie sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduane wɔ ne berɛ mu. Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa. Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfoɔ yi nso ka sɛ, ‘Me wura nnya mmaeɛ’ na ɛno enti, ɔhwe asomfoɔ a aka no, na ɔdidi, nom nsã bo a, ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso denden na wabu no sɛ obi a ɔnnye Onyankopɔn nni.

“Ɔsomfoɔ a ɔnim deɛ ne wura pɛ, na wanyɛ ne wura no apɛdeɛ no wɔbɛbɔ no mmaa pii. Na ɔsomfoɔ a ɔnnim deɛ ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ deɛ ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne nkyɛn; na deɛ wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, ɔbɛbu bebree ho nkonta.”

Mpaapaemu

“Maba sɛ merebɛsɔ ogya wɔ asase so na sɛ asɔ dada a, na deɛ merehwehwɛ ara ne no. Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ gye sɛ wɔabɔ me saa asu no ansa. Mosusu sɛ mebaeɛ sɛ mede asomdwoeɛ reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ na mmom mpaapaemu. Ɛfiri ɛnnɛ, mpaapaemu bɛba afie mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me. Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabaa ne ne maame renyɛ adwene, ase ne ase adwene renhyia.”

Na ɔka kyerɛɛ nnipakuo no nso sɛ, “Sɛ mohunu sɛ osuo amuna wɔ atɔeɛ a, ntɛm ara, moka sɛ, ‘Osuo bɛtɔ!’ Na osuo tɔ ampa. Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ mframa bɔ firi anafoɔ reba a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba!’ Na ɛba mu ampa. Mo nyaatwomfoɔ! Motumi kyerɛ ewiem nsakraeɛ ase, nanso nneɛma a ɛnnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne deɛ ɛbɔ mo kɔkɔ no deɛ, monhunu.

“Adɛn enti na monim deɛ ɛyɛ na monyɛ? Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kɔhunu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ amma ɔtemmufoɔ amfa wo anto afiase. Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.”

Read More of Luka 12