Luka 11:33-54 ASCB

Luka 11:33-54

Kanea Adwuma

“Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom, ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa. Wʼani yɛ wo onipadua kanea. Ɛno enti, sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nso yɛ hann. Nanso, sɛ ɛnyɛ a, ɛma wo onipadua no dane sum tumm. Enti hwɛ yie na hann a ɛwɔ wo mu no annane sum. Sɛ wo onipadua yɛ hann a esum nni fa baabiara a, onipadua no bɛhyerɛn sɛdeɛ kanea hyerɛn gu wo so.”

Farisini Bi Efie Adidie

Yesu kasa wieeɛ no, Farisini bi hyiaa no adidie enti ɔkɔeɛ sɛ ɔne no rekɔdidi. Farisini no hunuu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwanwa.

Yesu hunuu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no sɛ, “Mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro nkukuo ne nwowaa ho, nanso efi, anibereɛ ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ! Adwenemherɛfoɔ! Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ akyire no ara na ɔyɛɛ emu nso? Monyɛ ahiafoɔ adɔeɛ na biribiara ho bɛte ama mo.

“Mo Farisifoɔ, monnue! Moma mo nnɔbaeɛ so ntotosoɔ dudu, nanso mototo adeteneneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ badwa mu a, mopɛ sɛ nnipa hunu mo kyea mo.

“Mo Farisifoɔ, monnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ.

“Monnue! Ɛfiri sɛ, mote sɛ adamena a ɛso asram na nnipa nante so a wɔnnim sɛ wɔnam adamena so.”

Mmaranimfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.”

Yesu buaa no sɛ, “Mo mmaranimfoɔ nso, monnue! Mohyɛ mmara a ɛyɛ den ma nnipa, nanso mo deɛ, monni so sɛ sɛdeɛ ɛsɛ.

“Monnue! Ɛfiri sɛ, moatoto adiyifoɔ a mo ankasa anaa mo agyanom kumm wɔn no nna so. Mo nneyɛeɛ yi di adanseɛ sɛ mopene deɛ mo agyanom yɛeɛ no so. Nʼasekyerɛ ne sɛ, mo agyanom kunkumm adiyifoɔ no na mo nso mototoo wɔn nna so maa wɔn. Yei ne deɛ Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ aba mo nkyɛn na mobɛkunkum bi na moataa wɔn a aka no.’ Mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ no mogya a wɔka gu firi ewiase ahyɛaseɛ no, ɛfiri Habel kum so kɔsi Sakaria, a wɔkumm no wɔ afɔrebukyia ne kronkronbea ntam hɔ no so, wɔbɛbisa ɛho asɛm afiri mo nkyɛn.

“Mo, mmaranimfoɔ, monnue! Mode nokorɛ hinta mo nkurɔfoɔ. Mo ankasa monni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdi so no kwan mma wɔnni so.”

Ɔfiri Farisini no efie hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfoɔ ne Farisifoɔ no dii nʼakyi de nsɛmmisa dwanee ne ho, pɛɛ sɛ ɔka biribi a wɔbɛgyina so anya no akyere no.

Read More of Luka 11