Hiob 15:1-35, Hiob 16:1-22, Hiob 17:1-16, Hiob 18:1-21 ASCB

Hiob 15:1-35

Elifas Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu

Na Temanni Elifas buaa sɛ,

“Enti onyansafoɔ de nsɛm a aba biara nni muo bɛyi nʼano

anaasɛ ɔde apueeɛ mframa a emu yɛ hye bɛhyɛ nʼafuru ma?

Ɔde nsɛm huhuo bɛdi anobaabaeɛ,

aka nsɛm a ɛntu bunu biara anaa?

Wototo onyamesuro ase mmom

na wosi Onyankopɔn mu ahotosoɔ ho ɛkwan.

Wo bɔne kyerɛ wʼano deɛ ɔnka;

na woafa aniteɛ tɛkrɛma.

Wo ankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me deɛ;

wʼankasa wʼano di adanseɛ tia wo.

“Wone onipa a wɔwoo wo dii ɛkan?

Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkokoɔ?

Wotie Onyankopɔn afotuo anaa?

Wo nko ara na wonim nyansa anaa?

Ɛdeɛn na wonim a, yɛnnim?

Nhunumu bɛn na wowɔ a yɛnnie?

Deɛ wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn afa,

wɔn a wɔanyini sene wʼagya mpo.

Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ

ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo anaa?

Adɛn enti na wʼakoma atwe wo korɔ

adɛn enti na wʼani asɔ ogya,

na woadane wʼabofuo agu Onyankopɔn so

na woma saa nsɛm yi pue firi wʼano?

“Ɔdasani ne hwan a ɔbɛtumi ayɛ pɛ,

anaasɛ deɛ ɔbaa awo noɔ bɛn na ɔbɛtumi ayɛ ɔteneneeni?

Onyankopɔn nni ahotosoɔ wɔ nʼakronkronfoɔ mu.

Ɔsorosoro mpo nnyɛ kronn wɔ nʼani so,

na nkantom onipa bɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ a

ɔnom awurukasɛm sɛ nsuo.

“Tie me, na mɛkyerɛ wo mu;

ma menka deɛ mahunu nkyerɛ wo,

deɛ anyansafoɔ apae mu aka,

a wɔamfa biribiara a wɔnya firii wɔn agyanom hɔ no ansie

(wɔn a wɔde asase no maa wɔn

ɛberɛ a ananafoɔ biara nni hɔ):

Omumuyɛfoɔ kɔ ahohiahia mu ne nkwanna nyinaa.

Na basabasayɛni nso, wɔahyehyɛ ne mfeɛ nyinaa ama no.

Nnyegyeɛ a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma;

na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yie ma no a, akorɔmfoɔ to hyɛ ne so.

Ɔpa aba sɛ ɔbɛdwane afiri esum mu;

wɔabɔ no ato hɔ ama akofena.

Ɔkyinkyini hwehwɛ aduane;

ɔnim sɛ esum da no abɛn.

Ɔhaw ne ahoyera yi no hu;

ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko,

ɛfiri sɛ ɔtenetene ne nsa kyerɛ Onyankopɔn

na ɔma ne ho so tia Otumfoɔ.

Wɔde akokyɛm a emu pi na ɛyɛ den

kɔ ne so a wɔnsuro no.

“Ɛwom sɛ sradeɛ ama wɔn afono atotɔ

na wɔn asene mu ɛnam agu mmɛbɛ deɛ,

nanso wɔbɛtena nkuro a aguo so

na wɔatena afie a obi nte mu,

afie a ɛrebubu mu.

Wɔrenkɔ so nyɛ adefoɔ bio, na wɔn ahonya rennyina,

na wɔn agyapadeɛ so bɛte na ayera wɔ asase so.

Esum bɛduru wɔn;

ogyaframa bɛkusa wɔn mman,

na Onyankopɔn anom ahomeguo bɛsoa wɔn akɔ.

Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to nneɛma huhuo so de daadaa wɔn ho,

ɛfiri sɛ wɔrennya hwee mfiri mu.

Ansa na wɔn da bɛduru no, wɔbɛtua wɔn ka a ebi renka,

na wɔn mman renyɛ frɔmfrɔm.

Wɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔapore so aba a ɛnnyiniiɛ,

te sɛ ngo dua a ne nhyerɛnne repore gu fam.

Na abɔnefoɔ fekuo a wɔnnim Onyankopɔn no renso aba,

na ogya bɛhye wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntomadan.

Wɔnyinsɛn ɔhaw na wɔwo amumuyɛ;

wɔn awotwaa siesie nnaadaa.”

Read More of Hiob 15

Hiob 16:1-22

Hiob Mmuaeɛ

Afei Hiob buaeɛ sɛ,

“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ yeinom;

na mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ!

Mo kasa tentene no mma awieeɛ anaa?

Ɛdeɛn na ɛha mo enti a mogu so redi anobaabaeɛ yi?

Sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a,

anka me nso mɛtumi akasa sɛ mo;

anka mɛtumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo

na mabu mo animtiaa.

Nanso, anka mɛhyɛ mo den;

anka awerɛkyekyerɛ nsɛm a ɛbɛfiri mʼanomu no bɛma mo ahotɔ.

“Nanso sɛ mekasa a, ɔyea a mete no remmoto;

na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.

Ao Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ;

woasɛe me fie pasaa.

Woakyekyere me, ma abɛyɛ adansedie;

me so teɛ ara na ɛreteɛ, na ɛdi adanseɛ tia me.

Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo mu

na ɔtwɛre ne se gu me so;

deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.

Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;

wɔbɔ me sotorɔ de bu me animtiaa

na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.

Onyankopɔn de me ama abɔnefoɔ.

Wato me atwene amumuyɛfoɔ nsam.

Na biribiara kɔ yie ma me, nanso ɔdwerɛɛ me;

ɔsɔɔ me kɔn mu, too me hwee hɔ.

Ɔde me asi nʼani so;

nʼagyantofoɔ atwa me ho ahyia,

ɔhwiree me sawa mu a wanhunu me mmɔbɔ

maa me bɔnwoma pete guu fam.

Ɔba me so ɛberɛ biara;

na ɔto hyɛ me so sɛ ɔkofoɔ.

“Mapam ayitoma akata me wedeɛ so

na masie mʼanintɔn wɔ mfuturo mu.

Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ;

sunsum kabii atwa mʼani ho ahyia.

Nanso, me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara

na me mpaeɛbɔ yɛ kronn.

“Ao asase, nkata me mogya so;

na mma wɔnsie me sufrɛ!

Seesei mpo, me danseni wɔ soro;

Me ɔkamafoɔ wɔ soro hɔ.

Me ɔdimafoɔ yɛ mʼadamfo

ɛberɛ a mesu gu Onyankopɔn soɔ yi;

ɔgyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim

sɛdeɛ obi di ma nʼadamfo no.

“Mfeɛ kakra bi akyi

mɛtu kwan akɔ koransane.

Read More of Hiob 16

Hiob 17:1-16

Me sunsum atɔ piti,

me nna so atwa,

na damena retwɛn me.

Ampa ara fɛdifoɔ atwa me ho ahyia;

ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutupɛ.

“Ao Onyankopɔn, hyɛ me ɛbɔ a wopɛ.

Hwan bio na ɔbɛma me banbɔ?

Woato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;

enti woremma wɔnni nkonim.

Sɛ obi sopa ne nnamfonom de nya akatua a,

ne mma ani bɛfira.

“Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,

obi a wɔte ntasuo gu nʼani so.

Awerɛhoɔ ama mʼani ayɛ samoo

me bɔberɛ nyinaa yɛ sunsumma.

Ateneneefoɔ hunu me a, ɛyɛ wɔn nwanwa.

Wɔn a wɔdi bem no bɛsɔre atia wɔn a wɔnni nyamesu.

Ateneneefoɔ bɛkɔ wɔn anim,

na wɔn a wɔn nsa ho teɛ bɛkɔ so anya ahoɔden.

“Mo nyinaa mo nsane mmra mmɛsɔ me nhwɛ!

Na merennya onyansafoɔ wɔ mo mu.

Me nna atwam, me nhyehyɛeɛ apansam,

saa ara na mʼakoma apɛdeɛ nso ayɛ.

Saa nnipa yi ma anadwo dane awia;

esum mu koraa no, wɔka sɛ, ‘Hann abɛn,’

Sɛ efie baako pɛ a mʼani da so ne damena,

sɛ mesɛ me kɛtɛ wɔ esum mu,

sɛ meka kyerɛ porɔeɛ sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’

na me kyerɛ ɔsonsono sɛ, ‘Me maame’ anaa ‘Me nuabaa’ a,

na afei mʼanidasoɔ wɔ he?

Hwan na ɔbɛtumi anya anidasoɔ bi ama me?

Ɛbɛsiane akɔ owuo ɛpono ano anaa?

Yɛn nyinaa bɛsiane akɔ mfuturo mu anaa?”

Read More of Hiob 17

Hiob 18:1-21

Bildad Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu

Na Suhini Bildad buaa sɛ,

“Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi?

Dwene ho yie, na afei yɛbɛtumi akasa.

Adɛn enti na wofa yɛn sɛ anantwie

na wosusu sɛ yɛnnim nyansa yi?

Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete,

wo enti, ɛsɛ sɛ yɛfiri asase yi so

anaasɛ wo enti, wɔnnwiri mmotan mfiri wɔn siberɛ anaa?

“Omumuyɛfoɔ kanea adum;

na ne ogya nnɛre bio.

Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum;

kanea a ɛsi ne ho no dum.

Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;

nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase.

Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu,

na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu.

Afidie sɔ ne nantin

na ɛsɔ ne mu denden.

Wɔasum no afidie ahinta wɔ fam;

afidie wɔ ne kwan mu.

Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa

na ɛha no wɔ nʼanammɔntuo biara mu.

Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no;

na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.

Ɛwewe ne honam ani baabi;

na owuo di ɛkan sɛe nʼakwaa.

Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ mu

na wɔde no brɛ ahunahunahene.

Ogya te ne ntomadan mu;

na wɔabɔ sɔfe a ɛrederɛ apete nʼatenaeɛ.

Ne nhini wuwu wɔ aseɛ

na ne mman nso wu wɔ ɔsoro.

Wɔrenkae no asase so bio;

na ɔrennya edin wɔ asase so.

Wɔka no firi hann mu kɔ sum mu

na wɔpam no firi ewiase.

Ɔnni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfoɔ mu,

na nʼase ni biara renka wɔ baabi a ɔtenaeɛ.

Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn wɔ deɛ ato noɔ no ho;

na wɔn a wɔwɔ apueeɛ fam abɔ huboa.

Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ;

sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ.”

Read More of Hiob 18