Hebrifoɔ 13:1-25 ASCB

Hebrifoɔ 13:1-25

Mmara Ne Nkyea

Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu. Monkae na monnye ahɔhoɔ wɔ mo afie mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfoɔ a na wɔnnim. Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehunu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛrehunu saa amane no.

Mo nyinaa nni awadeɛ ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokorɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamanfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn. Monyi sikanibereɛ mfiri mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ deɛ mo nsa ka. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn aka sɛ,

“Merennya wo,

na merennya wo da.”

Momma yɛnsi yɛn bo nka sɛ,

“Awurade ne me ɔboafoɔ, enti merensuro.

Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”

Monkae mo mpanimfoɔ a wɔdii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɛkwan a wɔfaa so tenaa ase na monsua wɔn gyidie no. Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa.

Mommma nkyerɛkyerɛ foforɔ biara nntwe mo mmfiri ɛkwan pa so. Ɛyɛ sɛ Onyankopɔn adom enti, yɛn kra bɛnyini ahoɔden so a ɛmfiri aduane ho mmara a yɛdi so no. Wɔn a wɔdi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara. Nanso yɛwɔ afɔrebukyia bi a Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu no mpo nni ho ɛkwan sɛ wɔdidi so.

Yudafoɔ Sɔfopanin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔdeɛ nanso wɔhye mmoa no funu wɔ beaeɛ no akyi baabi. Yei enti, Yesu nso wuu wɔ kuro no ɛpono akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ kronkron. Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beaeɛ no akyi nkɔgye animguaseɛ no bi. Ɛfiri sɛ, yɛnni atenaeɛ a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kuro a ɛrebɛba no akyiri ɛkwan.

Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔdeɛ. Mommma mo werɛ mfiri sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, ɛfiri sɛ, ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.

Montie mo mpanimfoɔ na monni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn adwuma ho akonta enti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ motie wɔn a, wɔde anigyeɛ bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhoɔ bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo.

Monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn. Yɛnim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ ɛberɛ biara yɛyɛ adeɛ a ɛyɛ. Na mebɔ mpaeɛ kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpaeɛ na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.

Onyankopɔn anyane yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ panin no afiri awufoɔ mu ama yɛn na ɛnam ne owuo no so enti, wɔasɔ daa apam no ano ama yɛn. Asomdwoeɛ Onyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.

Anuanom, mesrɛ mo sɛ, monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri sɛ, saa krataa a matwerɛ mo yi nnyɛ tenten biara.

Mepɛ sɛ mebɔ mo amaneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afiri afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.

Yɛkyea mpanimfoɔ no ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nyinaa.

Anuanom a wɔwɔ Italia no kyea mo.

Adom nka mo nyinaa.

Read More of Hebrifoɔ 13