Galatifoɔ 1:1-24 ASCB

Galatifoɔ 1:1-24

Nkyea

Me Paulo, ɔsomafoɔ a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔfrɛɛ me, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no. Me ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa,

De krataa yi kɔma Galati asafo ahodoɔ no nyinaa:

Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu. Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.

Mo ho yɛ me nwanwa! Ɛnkyɛree koraa, morepa deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforɔ ho. Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔredane mo adwene pɛ sɛ wɔsesa Kristo Asɛmpa no. Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonsonoeɛ da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu. Yɛaka dada na mereti mu bio sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no bɔ abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.

Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ.

Onyankopɔn Frɛ Paulo

Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfiri onipa hɔ. Me nsa anka amfiri onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.

Moate sɛ na mesɛe mʼadagyeɛ nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei, moate nso sɛ na mede atirimuɔden taa Onyankopɔn akyidifoɔ, na mefaa ɛkwan biara a mɛtumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase. Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekura yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden. Nanso, Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na berɛ no soo sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufoɔ no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankɔhunu asomafoɔ a na wɔdi mʼanim ɛkan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ ɛnna mesane mʼakyi baa Damasko.

Mfeɛ mmiɛnsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kɔdii nkɔmmɔ. Medii ne nkyɛn dadu nnanum. Manhunu ɔsomafoɔ biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho. Meka kyerɛ mo, Onyankopɔn anim sɛ deɛ meretwerɛ yi yɛ nokorɛ trodoo.

Ɛno akyi, mebaa Siria ne Kilikia. Saa ɛberɛ no na Kristo asafo ahodoɔ a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei deɛ, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidie a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.” Na me enti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

Read More of Galatifoɔ 1