2 Tesalonikafoɔ 3:1-18 ASCB

2 Tesalonikafoɔ 3:1-18

Mommɔ Mpaeɛ Mma Yɛn

Anuanom, asɛm a ɛtwa toɔ ne sɛ, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛ ntɛm sɛdeɛ ɛyɛɛ wɔ mo mu no. Afei, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛyi yɛn afiri abɔnefoɔ ne nsɛmmɔnedifoɔ nsam. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔgye asɛm no di. Nanso, Awurade yɛ ɔnokwafoɔ. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afiri ɔbɔnefoɔ no nsam. Awurade ama yɛn mo mu anidasoɔ. Yɛwɔ anidasoɔ sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no. Awurade nka mo ho na monnya ɔdɔ akoma sɛ Onyankopɔn ne abodwokyɛreɛ sɛ Kristo.

Aniha Ho Kɔkɔbɔ

Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfiri anuanom a wɔdi aniha na wɔnni mmara a yɛahyɛ ama wɔn no so no ho. Mo ankasa monim pefee sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ yɛyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ. Ɛberɛ a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ aniha. Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma dendeenden. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛdeɛ yɛremfa sikasɛm biara nha mo adwene. Yei nkyerɛ sɛ na yɛnni ho ɛkwan sɛ yɛbisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛsoɔ maa mo. Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo sɛ, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma ɔdidi.”

Yɛka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihafoɔ a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfoɔ nnwuma ase. Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔmmɔ bra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhoma. Anuanom monnnyae papayɛ da.

Obi wɔ hɔ a ɔrentie nwoma a matwerɛ abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ mohunu obi saa a, monhwɛ no yie na montwe mo ho mfiri ne ho na nʼanim ngu ase. Nanso, mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfoɔ na mmom, mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua.

Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.

Me ara me Paulo, me nsa ano atwerɛ a menam so rekyea mo ni. Saa ɛkwan yi ara so na mefa twerɛ nwoma.

Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

Read More of 2 Tesalonikafoɔ 3