1 Timoteo 6:3-21 ASCB

1 Timoteo 6:3-21

Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka yeinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforɔ na ɔnka nokorɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no yɛ ɔhantanni a ɔnnim hwee. Ɔyɛ obi a ɔfiri adwemmɔne mu gye akyinnyeɛ na ɔka nsɛm a ɛnam so de anibereɛ, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne ne mansotwe a ɛfiri adwene a emu nnɔ mu na nokorɛ nni mu ba. Wɔdwene sɛ nyamesom yɛ kwan bi a wɔnam so pɛ sika.

Onyamesom pa a abodwoɔ wɔ muo yɛ adenya kɛseɛ. Yɛamfa hwee amma ewiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. Ɛno enti, sɛ yɛwɔ aduane ne ntoma a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdane ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛeɛ mu. Na sikanibereɛ yɛ bɔne nyinaa nhini. Nnipa bi de sikanibereɛ asi wɔn ani so dendeenden nam so ama wɔapa wɔn gyidie ama awerɛhoɔ ahyɛ wɔn akoma ma.

Enti, wo a woyɛ Onyankopɔn onipa, twe wo ho firi yeinom nyinaa ho. Di tenenee, Onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyi. Bɔ gyidie mu mmirikatuo no ho mmɔden na pere nya nkwa a ɛnni awieeɛ no ma wo ho, ɛfiri sɛ, saa abrabɔ yi enti na ɛberɛ a wodaa wo gyidie adi wɔ adansefoɔ bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. Meka no wɔ Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokorɛ wɔ Pontio Pilato anim, hyɛ wo sɛ, tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kɔsi da a Yesu Kristo bɛba. Onyankopɔn a wɔahyira no na ɔno nko ara di Ɔhene, Ahene mu Ɔhene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba ɛberɛ a ɛsɛ mu. Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhunuu no da na obiara nso rentumi nhunu no da. Ɔno na anidie ne tumi a ɛnni awieeɛ wɔ no. Amen.

Bɔ ewiase yi mu ahonyafoɔ kɔkɔ sɛ, wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidasoɔ nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom, wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɛnam nʼadɔeɛ so, ɔmaa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. Hyɛ wɔn sɛ, wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefoɔ wɔ nnwuma pa yɛ mu. Wɔnyɛ ayamyɛ na wɔne afoforɔ nkyɛ. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena a ɛyɛ asetena pa.

Timoteo, hwɛ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no so yie. Twe wo ho firi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atorɔ so frɛ no “Nimdeɛ” no ho. Nnipa bi gye tom sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidie kwan no.

Onyankopɔn adom nka mo.

Read More of 1 Timoteo 6