Nnwom 38:12-22 AKCB

Nnwom 38:12-22

Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no sum me mfiri,

wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔ

da mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho.

Mete sɛ ɔsotifo a ɔnte asɛm,

mete sɛ mum a ontumi nkasa.

Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm,

nea nʼano ntumi mma mmuae.

Awurade, meretwɛn wo;

Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so.

Mekae se, “Mma wɔn ani nnye;

anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no.”

Mereyɛ mahwe ase,

na me yaw da so wɔ me mu.

Meka me mfomso kyerɛ;

me bɔne hyɛ me so.

Bebree na wɔyɛ mʼatamfo;

wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.

Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no,

bɔ me ahohora bere a mereyɛ papa.

Awurade nnyaw me.

Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri!

Bra ntɛm bɛboa me,

Awurade, mʼAgyenkwa.

Read More of Nnwom 38