Nnwom 119:113-120 AKCB

Nnwom 119:113-120

Awurade Mmara Mu Bammɔ

Mikyi nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta,

na medɔ wo mmara.

Wone me guankɔbea ne me kyɛm;

mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.

Mumfi me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo,

na minni me Nyankopɔn mmara nsɛm so!

Wowaw me sɛnea wo bɔhyɛ no te, na mɛtena nkwa mu;

mma mʼanidaso nyɛ ɔkwa.

So me mu, na menya ogye;

na bere biara mɛhwɛ wo hyɛ nsɛm no.

Wopo wɔn a wɔfom wo hyɛ nsɛm nyinaa,

na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa.

Wotow amumɔyɛfo nyinaa gu sɛ afide;

enti medɔ wʼahyɛde.

Wo ho suro ma me ho popo;

wo mmara abɔ me hu.

Read More of Nnwom 119