Nnwom 108:6-13 AKCB

Nnwom 108:6-13

Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn,

na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.

Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se,

“Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu

na masusuw Sukot Bon.

Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara;

Efraim yɛ me dade kyɛw,

Yuda yɛ mʼahempema.

Moab yɛ me guasɛn,

Edom so na metow me mpaboa gu;

na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”

Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?

Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?

Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn

na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?

Boa yɛn tia ɔtamfo no,

na ɔdesani mmoa nka hwee.

Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim,

na obetiatia yɛn atamfo so.

Read More of Nnwom 108