3 Mose 21:1-24, 3 Mose 22:1-33 AKCB

3 Mose 21:1-24

Asɔfodi Ho Mmara

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron mma asɔfo no se, ‘wonnso funu mu mfa ngu wɔn ho fi. Sɛ wobeso funu mu a, na ɛyɛ wɔn fini, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabea, onuabarima anaa onuabea a ɔyɛ ɔbabun a onni kunu na ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfo no. Ɛnsɛ sɛ ɔware ne busuani bi na ɔfa so gu ne ho fi.

“ ‘Asɔfo no nni ho kwan sɛ wɔbɔ tikwaw, yi wɔn abogyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wogu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduan afɔre ama Awurade wɔn Nyankopɔn.

“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo ware oguamanfo anaa ɔbea bi a ofi ɔman foforo so. Onni ho kwan sɛ ɔware ɔbea bi a wagyae aware, efisɛ ɔsɔfo yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn. Wɔayi ɔsɔfo no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Nyankopɔn afɔre; ɔyɛ kronkron na me Awurade a metew mo ho ma moyɛ kronkron no nso meyɛ kronkron.

“ ‘Ɔsɔfo babea biara a ɔbɛbɔ aguaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no.

“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanyin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atade sononko no gyaa ne tinwi a onni no ni anaasɛ ebetwa ne ntama mu. Onni ho kwan sɛ ɔkɔ beae a funu da hɔ; nʼagya anaa ne na funu koraa, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ho na ɔde agu ne ho fi anaa nso sɛ ogu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɛnsɛ sɛ ofi adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa me kronkronbea no sɛ ofi bi kɛkɛ, efisɛ ne Nyankopɔn ngo a wɔde tew ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.

“ ‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbabun. Ɛnsɛ se ɔware okunafo anaa ɔbea bi a wagyae aware anaa oguamanfo. Ɛsɛ sɛ ɔbea a ɔbɛware no no yɛ ɔbabun a ofi ne man mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ongu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfo mu. Mene Awurade a metew ne ho no.’ ”

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron se, efi awo ntoatoaso a ɛbɛba no so rekɔ no, wʼaseni biara a wadi dɛm no nni ho kwan sɛ ɔbɔ Onyankopɔn afɔre. Obi a wadi dɛm mmɛn me: onifuraefo anaa apakye anaa nea ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ; obi a ɔyɛ abasin anaa nansin, anaa nea ɔyɛ afu anaa akwatia anaa nea nʼani nye anaa nea kuru atutu no anaa nea ɔyɛ twow. Ɔsɔfo Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyew afɔre mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno nti ɛnsɛ sɛ otwiw bɛn sɛ ɔde ne Nyankopɔn aduan rebrɛ no. Nanso sɛ wɔbɔ afɔre no wie a, ɔsɔfo no tumi ma no Onyankopɔn afɔre no aduan no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔre kronkron. Nanso ne dɛm no nti, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamtam no akyi anaa ɔbɛn afɔremuka no. Eyi begu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ Awurade na watew hɔ ho.”

Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa.

Read More of 3 Mose 21

3 Mose 22:1-33

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima se wɔmfa nidi mma afɔrebɔde kronkron a Israelfo atew ho ama me no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu me din ho fi. Mene Awurade.

“Efi nnɛ rekɔ, sɛ ɔsɔfo biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛde biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔre mma Awurade a, wɔbɛworɔw nʼatade. Mene Awurade.

“Ɔsɔfo biara a ɔwɔ ɔhonam ani nsanyare biara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi, gye sɛ wɔasa no yare ama ne ho afi ansa. Ɔsɔfo biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosian nti ne ho begu fi no, anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwade bi anaa obi a biribi nti, wɔagu ne ho fi no, saa ɔsɔfo no ho begu fi akosi anwummere. Ɔrenni afɔrebɔde a wɔatew ho no bi kosi anwummere a obeguare. Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛtew na ɛno akyi no obetumi adi afɔrebɔde kronkron no bi, efisɛ ɛyɛ nʼaduan. Ɛnsɛ sɛ odi aboa funu anaa nea akekaboa bi atetew ne mu, na amma ne ho angu fi. Mene Awurade.

“Bɔ asɔfo no kɔkɔ na wonni saa mmara yi so yiye, anyɛ saa a, wɔbɛtwe wɔn aso na wɔawuwu sɛ wɔabu saa mmara yi so nti. Mene Awurade a matew wɔn ho.

“Obiara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfo. Ɔhɔho a wabɛsra ɔsɔfo no nni ho kwan sɛ odi bi. Na saa ara nso na ɔsomfo a wotua no ka nni ho kwan sɛ odi bi. Nanso sɛ ɛba sɛ ɔsɔfo no de ɔno ara ne sika tɔ akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn wɔ fie hɔ no wɔ ho kwan sɛ wodi bi. Sɛ ɔsɔfo babea kɔware fi abusuakuw no akyi baabi a, onni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi. Na sɛ ɔyɛ okunafo anaa obi a wɔagyaa no aware na onni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno nti ɔsan ba nʼagya nkyɛn a, otumi di nʼagya aduan no bi bio. Eyinom akyi no, asɔfo no abusuafo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wodi afɔrebɔde kronkron no.

“Sɛ obi anhu na okodi saa afɔrebɔde kronkron no bi a, ɛsɛ sɛ otua ho ka na ɔsan bɔ ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho. Afɔrebɔde kronkron a Israelfo de aba no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wonni bi no di bi, efisɛ Awurade na ɔde saa afɔrebɔde yi nyinaa abrɛ no. Na obiara a obebu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, efisɛ wadi afɔrebɔde kronkron. Na mene Awurade a metew afɔrebɔde nyinaa ho.”

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa se, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔde a ɛyɛ bɔhyɛ bi nti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no, sɛ afɔrebɔde no yɛ aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwi ba anaa oguan anaa abirekyi no, Awurade begye. Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛho tɔ kyima bɔ afɔre, efisɛ wɔrennye wɔ wo din mu. Obiara a ofi nʼanantwi anaa ne nguan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoe afɔre ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔre no na ama wɔagye. Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa kuru anaa nwewee wɔ ne ho, anaa were ani yare ayɛ no no, ɛnsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔre ma Awurade. Ɔmfata sɛ wɔde no ba afɔremuka so bɛbɔ afɔre ama Awurade. Sɛ biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin wɔ nantwi ba anaa oguan ba a wɔde no rebrɛ Awurade no ho a, ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ ɔpɛ mu afɔre na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔre. Ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a wɔasa no bɔ Awurade afɔre. Monnyɛ eyi wɔ mo ankasa asase so, na munnye saa mmoa no mmfi ahɔho a wɔfra mo mu hɔ mmfa mmɔ aduan afɔre mma mo Nyankopɔn. Wɔrennye, efisɛ wɔtɔ kyima na wɔadi dɛm.’ ”

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ wɔwo nantwi, oguan anaa abirekyi ba a, ɛsɛ sɛ aboa no tena ne na nkyɛn nnanson. Na efi nnaawɔtwe rekɔ no, sɛ wɔde no bɔ ogya afɔre a, Awurade begye. Munnkum aboa bi ne ne ba da koro, sɛ ɔyɛ nantwi anaa oguan.

“Sɛ morebɔ aseda afɔre ama Awurade a, ɛsɛ sɛ mofa ɔkwan pa so na wɔagye wɔ mo din mu. Ɛsɛ sɛ, mowe aboa a wɔde no bɔɔ afɔre no nam da no ara a wokum no no. Mommma ade nkye bi so. Mene Awurade.

“Munni me mmaransɛm nyinaa so na mene Awurade. Ɛnsɛ sɛ mugu me din kronkron no ho fi. Munni me ni na mene Awurade, a meyɛ mo kronkron na me na mede mo fii Misraim bae sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene Awurade.”

Read More of 3 Mose 22