Yona 1:1-17, Yona 2:1-10, Yona 3:1-10, Yona 4:1-11 AKCB

Yona 1:1-17

Yona Guan Awurade

Awurade asɛm baa Amitai babarima Yona nkyɛn se, “Kɔ kuropɔn Ninewe mu na kɔka asɛmpa no tia wɔn, efisɛ wɔn atirimɔdensɛm aforo abedu mʼanim.”

Nanso Yona guan fii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na okonyaa hyɛn wɔ hɔ a na ɛrekɔ Tarsis. Otuaa ka kɔtenaa hyɛn no mu, sɛ ɔrefi Awurade anim akɔ Tarsis.

Nanso Awurade maa mframa kɛse bi bɔɔ wɔ po no so; ɛmaa ahum tui a, anka hyɛn no rebɛbɔ. Hyɛn no mufo no nyinaa suroe, na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo aguade a ɛwɔ hyɛn no mu guguu po no mu sɛnea hyɛn no mu bɛyɛ hare.

Nanso na Yona akɔhyɛ hyɛn no ase baabi ada hatee. Na hyɛn no so panyin no kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Adɛn na woada? Sɔre na frɛ wo nyame! Ebia, obehu yɛn mmɔbɔ, na yɛanwuwu.”

Afei hyɛn no mufo no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛmmɔ ntonto nhwehwɛ nea saa amanehunu yi nam ne so aba.” Wɔbɔɔ ntonto no na ɛbɔɔ Yona. Enti wobisaa no se, “Kyerɛ yɛn, hena na wama saa ɔhaw yi nyinaa aba? Adwuma bɛn na woyɛ? Ɛhe na wufi? Ɔman bɛn so na wufi? Ɛhefo ne wo nkurɔfo?”

Obuae se, “Meyɛ Hebrini, na mesom Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a, ɔbɔɔ po ne asase.”

Eyi bɔɔ wɔn hu, enti wobisaa Yona se, “Dɛn na woayɛ?” (Na wonim sɛ ɔreguan afi Awurade nkyɛn, efisɛ na waka saa akyerɛ wɔn dedaw).

Na ahum no kɔ so tu denneennen ara. Enti wobisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ wo a ɛbɛma ahum yi ano abrɛ ase ama yɛn?”

Yona buaa wɔn se, “Momma me so ntow me nkyene po yi mu, na ano bedwo. Minim sɛ me nti na ahum kɛse yi retu wɔ mo so.”

Mmarima no yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛhare hyɛn no akɔ mpoano. Nanso, wɔantumi, esiane sɛ na po no so ahum no ano ayɛ den asen kan no. Afei wosu frɛɛ Awurade se, “Awurade yɛsrɛ wo mma yennwuwu sɛ yɛama ɔbarima yi ahwere ne nkwa nti. Mma yennni fɔ wɔ ɔbarima yi mogya ho, efisɛ, Awurade wayɛ nea wopɛ.” Afei, wɔmaa Yona so tow no kyenee po no mu, na po a na ehuru so no yɛɛ komm. Eyi maa mmarima no suroo Awurade pa ara na wɔbɔɔ afɔre maa Awurade, na wɔhyɛɛ no bɔ.

Yona Mpaebɔ

Na Awurade maa bonsu kɛse bi bɛmenee Yona, na Yona daa bonsu no yam nnansa, awia ne anadwo.

Read More of Yona 1

Yona 2:1-10

Yona wɔ apataa no yam no, ɔbɔɔ Awurade ne Nyankopɔn mpae se,

“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade,

na ogyee me so.

Mifi ɔda ase tɔnn srɛɛ mmoa

na wutiee me sufrɛ.

Wotow me kyenee bun mu

wɔ po ase tɔnn,

na ɔhweam twaa me ho hyiae;

wʼasorɔkye ne mframa

bu faa me so.

Na mekae se, ‘Woapam me afi wʼanim;

nanso mede mʼani bɛkyerɛ

wʼasɔredan kronkron no bio’

Nsu a abu afa me so no bɔɔ me hu,

bun no twaa me ho hyiae;

po mu nwura kyekyeree me ti ho.

Memem kɔɔ mmepɔw no ase pɛɛ;

asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.

Nanso wugyee me nkwa fii amoa mu,

Awurade, me Nyankopɔn.

“Bere a me nkwa resen akɔ no,

mekaee wo Awurade,

na me mpaebɔ foro baa wo nkyɛn,

wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.

“Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuw ho no

hwere adom a anka ɛyɛ wɔn de.

Nanso me, mede ayeyi nnwom

bɛbɔ afɔre ama wo.

Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.

Nkwagye fi Awurade.”

Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.

Read More of Yona 2

Yona 3:1-10

Yona Kɔ Ninewe

Afei, Awurade asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so se, “Kɔ Ninewe kuropɔn no mu, na kɔpae mu ka asɛm a mede rema wo yi.”

Yona yɛɛ osetie maa Awurade asɛm no, na ɔkɔɔ Ninewe. Na Ninewe yɛ kuropɔn titiriw a wɔde nnansa na etwa mu nyinaa. Da a edi kan no, Yona hyɛn kuropɔn no mu, na ofii ase pae mu kae se, “Aka adaduanan na wɔadan Ninewe abutuw.” Ninewefo gyee Nyankopɔn dii. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bedi mmuada, efi ɔkɛse so kosi aketewa so, na wɔafurafura atweaatam.

Bere a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre fii nʼahengua so, ɔworɔw nʼahentade, ofuraa atweaatam, na ɔtenaa mfutuma mu. Afei, ɔma wɔbɔɔ dawuru wɔ Ninewe se,

“Mmara a wofi ɔhene ne nʼatitiriw hɔ ni:

“Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuw anaa nguankuw, mmfa hwee nka nʼano; onnnidi anaa ɔnnom. Na mmom nnipa ne mmoa mfa atweaatam nkata wɔn ho. Obiara mfa anibere nsu mfrɛ Onyankopɔn. Womfi wɔn akwammɔne so, na wonnyae basabasayɛ. Hena na onim? Ebia, Onyankopɔn behu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuwhyew no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.” Na Onyankopɔn huu sɛnea wɔyɛɛ ne sɛnea wɔsan fii wɔn akwammɔne ho no, ohuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛnea ɔkae no.

Read More of Yona 3

Yona 4:1-11

Yona Abufuw Wɔ Awurade Ahummɔbɔ Ho

Nanso na eyi yɛ mfomso kɛse ma Yona, na ne bo fuwii. Ɔbɔɔ Awurade mpae se, “Awurade, bere a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sɛɛ na mekae? Eyi nti na meperee sɛ miguan akɔ Tarsis no, efisɛ na minim sɛ, woyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn a wo bo kyɛ fuw, na wo dɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛn nʼanan ase wɔ bɔne amanehunu ho. Afei, Awurade! Gye me nkwa fi me nsɛm. Eye ma me sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.”

Na Awurade buae se, “Eye sɛ wo bo fuw wɔ saa asɛm yi ho ana?”

Na Yona kɔɔ kuropɔn no apuei fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ pata tenaa ne nwini no mu, twɛn nea ɛbɛba kuropɔn no so. Na Awurade Nyankopɔn maa dua bi a ɛwɔ nhaban pii nyin ntɛmntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahotɔ, na nʼani gyee dua no ho. Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee dua no maa nhaban no poe. Owia puei no, Onyankopɔn maa apuei mframa bi a mu yɛ hyew bɔe, na owia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ beraw. Ɔpɛɛ sɛ owu, na ɔkae se, “Eye ma me sɛ miwu sen sɛ metena ase.”

Onyankopɔn bisaa Yona se, “Eye sɛ wofa abufuw wɔ dua no ho ana?”

Yona buae se, “Yiw, me bo afuw, na sɛ miwu a anka mepɛ.”

Na Awurade kae se, “Dua yi ho asɛm ahaw wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma enyinii. Efifii ntɛmntɛm na ewuu ntɛmntɛm. Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu wɔ Ninewe a wonnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso wɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ mema Ninewe kuropɔn yi ho asɛm haw me ana?”

Read More of Yona 4