Yesaia 20:1-6, Yesaia 21:1-17, Yesaia 22:1-25, Yesaia 23:1-18 AKCB

Yesaia 20:1-6

Nkɔmhyɛ A Etia Misraim Ne Kus

Afe a Asiriahene Sargon somaa ne man no sahene kɔɔ Asdod kɔtow hyɛɛ no so na odii ne so nkonim no, saa bere no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasae se, “Yi atweaatam no fi wo ho ne mpaboa no fi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagyaw a nʼanan nso sisi fam dii akɔneaba.

Na Awurade kae se, “Sɛnea me somfo Yesaia de adagyaw anantew mfe abiɛsa a nʼanan nso sisi fam yi de, ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnne a etia Misraim ne Kus no, saa ara na Asiriahene bedi Misraim nneduafo ne Kus nnommum a wɔdeda adagyaw na wɔn nan sisi fam, mmabun ne mpanyin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase. Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no besuro na wɔn ani awu. Saa da no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka se, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yeguan kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wobegye yɛn afi Asiriahene nsam no! Yɛbɛyɛ dɛn na yɛaguan?’ ”

Read More of Yesaia 20

Yesaia 21:1-17

Nkɔmhyɛ A Etia Babilonia

Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho:

Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no,

ɔtamfo bi fi nweatam so reba,

ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.

Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me:

Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade.

Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim!

Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.

Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu,

ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no;

nea metee no nti mintumi nnyina me nan so,

nea mihu no ama me ho adwiriw me.

Me koma bɔ kitirikitiri,

ehu ma me ho popo;

na hann a mepɛɛ sɛ mihu no

abɛyɛ aninyanne ama me.

Wɔto pon,

wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam,

wodidi, na wɔnom!

Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo,

momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!

Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:

“Fa ɔwɛmfo kogyina hɔ

na ɔnka nea ohu nkyerɛ wo.

Sɛ ohu nteaseɛnam

ne apɔnkɔ akuwakuw,

wɔn a wɔtete mfurum so

ne wɔn a wɔtete yoma so a,

ɔnwɛn nʼaso,

nwɛn no pa ara.”

Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se,

“Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no so

Anadwo biara, migyina hɔ.

Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi

ɔne apɔnkɔ dɔm.

Na ɔwɛmfo no kae se,

‘Babilon ahwe ase, wahwe ase!

Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa

abubu agu fam!’ ”

Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo wɔ awiporowbea ase

meka nea mate kyerɛ mo

nea efi Asafo Awurade,

nea efi Israel Nyankopɔn hɔ.

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

Adehu a ɛfa Duma ho:

Obi frɛ me fi Seir,

“Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ?

Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?”

Ɔwɛmfo no bua se,

“Ade rekye, nanso ade bɛsa.

Sɛ wubebisa bio a

san bra bebisa.”

Nkɔmhyɛ A Etia Arabia

Adehu a ɛfa Arabia ho:

Mo Dedan akwantufo a

mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,

Momfa nsu mmrɛ wɔn a osukɔm de wɔn;

mo a motete Tema,

mommrɛ aguanfo no aduan.

Woguan fi afoa a watwe

tadua a wɔakuntun mu

ne ɔko a egyina mu ano.

Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa. Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi.” Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, aka ni.

Read More of Yesaia 21

Yesaia 22:1-25

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Yerusalem Ho

Nkɔmhyɛ a etia Anisoadehu Bon no:

Dɛn na ɛhaw mo mprempren,

a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,

kurow a basabasayɛ ahyɛ no ma,

huuyɛ ne ahosɛpɛw kuropɔn?

Ɛnyɛ afoa ano na wʼatɔfo hweree wɔn nkwa,

na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso.

Mo akannifo nyinaa abɔ mu aguan;

wɔamfa tadua ankyekye wɔn.

Mo a wɔkyeree mo nyinaa wɔfaa mo nneduafo

mo a muguan wɔ bere a na atamfo no wɔ akyirikyiri.

Enti mekae se, “Mumfi me so

na mintwa adwo.

Monnkyekye me werɛ

wɔ me nkurɔfo sɛe ho.”

Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi

ma huuyɛ, ntiatiaso ne ehu

wɔ Anisoadehu Bon no mu,

da a wɔde bubu afasu

na wɔde su kyerɛ mmepɔw.

Elam fa bɛmma no

ka ne nteaseɛnamkafo ne apɔnkɔ ho;

Kir ama kyɛm no so.

Nteaseɛnam ayɛ mo bon fɛfɛ no ma,

na wɔde apɔnkɔsotefo agyinagyina kuropɔn apon no ano.

Wɔayi Yuda ho bammɔ no.

Na da no wode wʼani too

akode a ɛwɔ Kwae mu Ahemfi no so;

wuhuu sɛ Dawid Kuropɔn no,

akwan bebree deda ne bammɔ mu

woboaa nsu ano

wɔ Ase Abura mu.

Wokan adan a ɛwɔ Yerusalem no

na wudwiriw afi de boaa ɔfasu no ahoɔden.

Woyɛɛ nsukorae wɔ afasu abien no ntam

maa nsu a ɛwɔ Abura Dedaw mu no,

nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛe,

na woammu Onipa a ɔhyehyɛe dedaada no.

Awurade, Asafo Awurade,

frɛɛ wo saa da no

sɛ su na twa adwo,

sɛ yi wo tinwi na fura atweaatam.

Nanso hwɛ, anigye ne ahosɛpɛw wɔ hɔ;

wokunkum anantwi ne nguan;

wɔwe nam na wɔbow nsa!

Wɔka se, “Momma yennidi na yɛnnom,

efisɛ, ɔkyena yebewu!”

Awurade, Asafo Awurade ayi me asotiw se, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kosi wo wuda,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade se ni.

Sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se,

“Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfo yi,

Sebna a, ɔhwɛ ahemfi no so se,

Dɛn na woreyɛ wɔ ha na hena na ɔmaa wo kwan

sɛ bɔ wo da wɔ ha,

worebɔ wo da wɔ baabi a ɛkorɔn

na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?

“Hwɛ yiye, na Awurade rebeso wo mu den

atow wo akyene, wo ɔhoɔdenfo.

Ɔbɛbobɔw wo, ama woayɛ kurukuruwa,

na watow wo akyene ɔman kɛse bi so

hɔ na wubewu

na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ,

wo a woyɛ ahohora ma wo wura fi!

Megye wʼadwuma afi wo nsa mu

na wɔayi wo afi wo dibea so.

“Saa da no, mɛfrɛ me somfo Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima. Mede wʼatade yuu bɛhyɛ no na mede wʼabɔso abebare nʼasen mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda fi. Mede Dawid fi safe bɛma no; nea obebue no obiara rentumi nto mu; na nea ɔbɛto mu nso a obiara rentumi mmue. Mɛbɔ ne so sɛ pɛe ama watim, ɔbɛyɛ anuonyam agua ama nʼagya fi. Nʼabusua anuonyam nyinaa begyina ne so: nʼasefo ne ne nenanom, ne nkuku ne nkaka, fi nsanka, mprɛte so kosi nhina nyinaa so.

“Saa da no,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “pɛe a wɔabɔ so ama atim no, betu ahwe fam na nʼadesoa no nso asɛe, Awurade, akasa!”

Read More of Yesaia 22

Yesaia 23:1-18

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Tiro Ho

Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho:

Tarsis ahyɛn, muntwa adwo!

Efisɛ wɔasɛe Tiro

na wɔannyaw no ofi anaa hyɛngyinabea.

Wufi Kipro asase so

abɛka asɛm akyerɛ wɔn.

Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔw no so

ne mo Sidon aguadifo a

po so adwumayɛfo ama mo ayɛ adefo.

Nsu akɛse no so

na aduan fi Sihor nam bae;

Nil ho nnɔbae na ɛyɛɛ Tiro foto,

na ɔbɛyɛɛ amanaman aguadibea.

Animguase nka wo, Sidon, ne wo, po so abandennen,

efisɛ po akasa se,

“Menkyemee da, na menwoo da;

mentetew mmabarima anaa mmabea da.”

Sɛ asɛm no du Misraim a,

wobedi yaw wɔ nkra a efi Tiro no ho.

Muntwa nkɔ Tarsis;

muntwa adwo, mo a mowɔ supɔw no so.

Eyi ne mo ahosɛpɛw kuropɔn no,

teteete kuropɔn no,

nea wɔatu akɔtena

akyirikyiri nsase so no ana?

Hena na ɔbɔɔ atirimpɔw yi de tiaa Tiro,

nea ɔkyekyɛ ahenkyɛw,

nea nʼaguadifo yɛ ahenemma,

na nʼadetɔnfo agye din wɔ asase so?

Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔw se,

ɔbɛbrɛ anuonyam mu ahomaso ase

na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.

Yɛ wʼasase so adwuma te sɛnea wɔyɛ wɔ Nil ho no

Tarsis Babea,

efisɛ wunni hyɛngyinabea bio.

Awurade ama ne nsa so wɔ po no so

ama ahenni ahorow a ɛwɔ hɔ no repopo.

Wahyɛ Kanaan ho mmara se,

wɔnsɛe nʼaban.

Ɔkae se, “Wʼahurisidi no nso ha ara,

Sidon Babea Ɔbabun a wɔadwerɛw wo!

“Sɔre, twa kɔ Kipro;

hɔ mpo worennya ahotɔ.”

Monhwɛ Babiloniafo asase no

saa nnipa a mprempren wɔnka hwee no!

Asiriafo ayɛ no

baabi a nweatam so mmoa te;

wosisii wɔn anotua aban bebree,

wodwiriw nʼaban gui

ma ɛdan nnwiriwii.

Muntwa adwo, Tarsis ahyɛn;

wɔasɛe wʼaban!

Saa bere no wɔrenkae Tiro mfe aduɔson a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfe aduɔson akyi no, nea ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛnea ɛwɔ oguamanfo no dwom mu no:

“Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu,

oguamanfo a wɔnnkae wo;

bɔ sankuten no yiye, to nnwom bebree,

sɛnea wɔbɛkae wo.”

Mfe aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bedi. Ɔbɛsan akodi ne paa sɛ oguamanfo na ɔne ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa adi gua. Nanso nea obenya ne ne mfaso nyinaa wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfaso no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no nkyɛn, na wɔanya aduan bebree ne ntade pa.

Read More of Yesaia 23