1 Mose 9:18-29, 1 Mose 10:1-32, 1 Mose 11:1-9 AKCB

1 Mose 9:18-29

Noa Mmabarima

Eyinom ne Noa mmabarima a wofi Adaka no mu bae: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan. Eyinom ne Noa mmabarima. Wɔn mu na nnipa a wɔahwete wɔ asase so nyinaa fi bae.

Noa yɛ okuafo a odii kan. Ɔyɛɛ bobeturo. Da bi, ɔnom bobesa no bi bow ma ɔdaa ne ntamadan mu adagyaw. Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagyaw. Ofii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuabarimanom baanu no amanneɛ. Enti Sem ne Yafet faa atade de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyiri de kɔkataa wɔn agya adagyaw so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya nti, wɔanhu nʼadagyaw mu.

Bere a Noa ani so tetew no, na ohuu sɛnea ne kaakyiri no ayɛ no, ɔkae se,

“Nnome nka Ham asefo a wɔyɛ Kanaanfo.

Wɔbɛyɛ wɔn nuanom

mu nkoa mu nkoa.”

Noa kaa bio se,

“Me nhyira a efi Awurade, me Nyankopɔn, nkyɛn no nka Sem!

Kanaan nyɛ Sem akoa.

Onyankopɔn ntrɛw Yafet ase ne nʼasase mu.

Yafet ntena Sem ntamadan mu,

na Kanaan nyɛ nʼakoa.”

Nsuyiri no akyi no, Noa tenaa ase mfe ahaasa ne aduonum. Noa dii mfe ahankron ne aduonum, ansa na ɔrewu.

Read More of 1 Mose 9

1 Mose 10:1-32

Noa Awo Ntoatoaso

Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi.

Yafet Asefo

Yafet asefo ni:

Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

Gomer asefo ni:

Askenas, Rifat ne Togarma.

Yawan asefo ni:

Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. Na wɔn asefo bɛyɛɛ po so adwumayɛfo wɔ nsase ahorow so a na abusuakuw biara ka ne kasa nko.

Ham Asefo

Ham asefo ni:

Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

Kus10.7 Kus aman ahorow ason no nyinaa wɔ Arabia. asefo ni:

Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.

Na Raama asefo nso ne:

Saba ne Dedan.

Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so. Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokodurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no no ho. Nʼahenni fii ase wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa wɔ Sinear10.10 Sinear kyerɛ tete Babilonia. asase so. Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu.

Na Misraim woo

Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo, Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo10.14 Filistifo ase fi India Aborɔfo mu. Wotu fii Kraftor (Yer 47.4; Amos 9.7). Mfe ɔha ne dumien mu ansa na wɔrebɛwo Kristo no (AWK) na wodii Misraim so. Wɔpam wɔn fii Misraim no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Kanaan mpoano. fi.

Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het. Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, Hewifo, Arkifo, Sinifo, Arwadfo, Semarifo ne Hematifo.

Akyiri no, Kanaanfo mmusua no petee. Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa.

Eyinom ne Ham asefo a wɔn mmusuakuw, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

Sem Asefo

Sem a na ne nua panyin ne Yafet no nso woo mmabarima. Sem nananom ne Eber mma.

Sem asefo ni:

Elam, Asur,10.22 Asur yɛ Asiria tete din. Arfaksad, Lud ne Aram.

Aram asefo ni:

Us, Hul, Geter ne Mas.

Na Arfaksad woo Sela,

na Sela woo Eber.

Eber woo mmabarima baanu.

Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.

Yoktan woo

Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, Hadoram, Usal, Dikla, Obal, Abimael, Seba, Ofir, Hawila ne Yobab.

Asase a wɔte so no trɛw fi Mesa kosi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔw so wɔ apuei fam no.

Eyinom ne Sem mmabarima, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

Eyinom ne Noa mmabarima mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi no amanaman petee asase so.

Read More of 1 Mose 10

1 Mose 11:1-9

Babel Abantenten

Bere bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa koro. Saa nnipa yi tu baa apuei fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ.

Wosisee wɔn ho wɔn ho se, “Momma yentwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yiye.” Na wɔde ntayaa ne ama na esi adan. Na wɔkae bio se, “Momma yɛnkyekye kurow kɛse, na yensi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea du ɔsorosoro wɔ kurow no mu, na yennye din, na yɛanhwete wɔ asase so.”

Awurade sian fii ɔsoro baa fam, behuu kurow kɛse a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no. Awurade kae se, “Sɛ nnipa koro a wɔka kasa baako afi ase redi saa dwuma yi a, ɛno de biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den. Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nnya ne kasa, sɛnea obiara nte ne yɔnko kasa.”

Ɛnam eyi so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa, maa wogyaee kurow kɛse no kyekyere. Ɛno nti na wɔfrɛɛ kurow kɛse no Babel,11.9 Din Babel no kyerɛ basabasa wɔ Hebri kasa mu. efisɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ wiase nyinaa saa bere no, maa wɔn kasa ahorow. Efi hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa.

Read More of 1 Mose 11