2 Mose 9:1-35, 2 Mose 10:1-29 AKCB

2 Mose 9:1-35

Nyɛmmoa Wu

Awurade hyɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se ni,’ Ma me nkurɔfo no nkɔ na wɔatumi abɔ afɔre ama me.” Sɛ wampene amma wɔn ankɔ a, Onyankopɔn nsa de ɔyaredɔm bɛba abekum mo apɔnkɔ, mo mfurum, mo yoma, mo anantwi, mo nguan ne mo mmirekyi nyinaa. Nanso Awurade de nsonoe bɛto Israelfo mmoa ne Misraimfo mmoa ntam. Israelfo mmoa de, ɔbaako mpo renwu.

Awurade ahyɛ bere pɔtee na ɔkae se, Ɔkyena, Awurade bɛyɛ eyi wɔ asase no so. Na ade kyee no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no wuwui, nanso Israelfo no ayɛmmoa baako mpo koraa anwu. Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa ana. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ se Israelfo nyɛmmoa baako mpo koraa anwu, nanso nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.

Enti Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Monkɔsaw nso mfi fononoo mu, na Mose ntow mpete wim wɔ Farao anim. Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfutuma ama mpɔmpɔnini abobɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.”

Enti wɔkɔsaw nso fii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔnini bobɔɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa. Ɛbaa saa no, nkonyaayifo no antumi ne Mose anni asi, efisɛ na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa. Nanso Farao pirim ne koma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.

Mparuwbo

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no se, Hebrifo Awurade Nyankopɔn no se, Ma me nkurɔfo nkɔsom me, anyɛ saa a, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfo ne Misraimfo nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho. Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bekum mo nyinaa. Nanso manyɛ no saa, efisɛ na mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo ne asase sofo nyinaa. Woayɛ kyenkyenee wɔ me nkurɔfo so a ɛno nti, womma wɔnkɔ. Ɔkyena saa bere yi ara mu, mɛma mparuwbo a ano yɛ den a bi ntɔɔ Misraimman mu da atɔ. Ntɛm! Monka mo anantwi a mode wɔn kɔ adidi no mmra fie. Efisɛ mparuwbo no bekum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wuram no nyinaa.”

Misraimfo a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwi ne wɔn asomfo nyinaa baa fie. Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkae no gyaw wɔn anantwi ne wɔn asomfo wɔ wuram maa mparuwbo no kaa wɔn.

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro na ma mparuwbo no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraim nyinaa so.” Enti Mose de ne nsa kyerɛɛ wim maa Awurade maa anyinam ne aprannaa twitwae. Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yiye. Efisɛ efi Misraim abɔse de kosi saa bere no, na aprannaa mmobɔɔ saa da. Misraimman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wuram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwui. Nnua nso bubu maa nnɔbae sɛesɛee. Faako a mparuwbo no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfo no te hɔ no.

Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, mahu me mfomso. Awurade di bem na me ne me nkurɔfo ayɛ bɔne ama atra so. Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne mparuwbo dodow yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.”

Mose kae se, “Sɛ mifi kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpae na aprannaa no ne mparuwbo no agyae. Eyi bɛma mo ahu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa. Nanso minim yiye sɛ wo ne wo mpanyimfo de, eyinom nyinaa akyi no, mubepirim mo koma.”

Aprannaa no sɛee wɔn awi ne wɔn asaawa a na ɛresow aba no nyinaa. Nanso atoko ne aburow de, ansɛe, efisɛ na emfifii ɛ.

Enti Mose fii Farao anim wɔ kurow no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne mparuwbo no ne osu no gyaee tɔ. Farao ne ne mpanyimfo huu sɛ biribiara ayɛ yiye wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn koma yɛɛ bɔne de buu bɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so. Enti Farao amma nkurɔfo no ankɔ sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.

Read More of 2 Mose 9

2 Mose 10:1-29

Mmoadabidɔm Haw

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn efisɛ mapirim ɔne ne mpanyimfo nyinaa koma sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ me nsɛnkyerɛnne ahorow yi wɔ wɔn mu na ɛnam so ama woatumi aka anwonwade a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo nenanom, sɛnea me ne Misraimfo no dii no nwenweenwen ne sɛnea meyɛɛ nsɛnkyerɛnne ahorow wɔ wɔn mu no, na ama woahu sɛ mene Awurade no.”

Enti Mose ne Aaron kohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se mimmisa wo se, ‘Enkosi da bɛn na wubebu me animtiaa? Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me. Sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma mmoadabi aba wo man yi mu. Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛwe biribiara a ɛkae a mparuwbo a ɛtɔe no ansɛe no no nyinaa a wuram nnua nyinaa ka ho. Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfi hɔ, wo mpanyimfo afi mu ne Misraimfo afi nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, efi bere a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de besi nnɛ no, bi nsii saa da.’ ” Na Mose fii Farao anim kɔe.

Farao mpanyimfo bisaa no se, “Enkosi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛyɛ yɛn konnua? Wunhuu sɛ Misraim nyinaa adan amamfo? Ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Nyankopɔn no!”

Enti wɔsan de Mose ne Aaron baa Farao anim. Farao kae se, “Eye, monkɔsom Awurade, mo Nyankopɔn no. Na ɛhefo na mo ne wɔn bɛkɔ?”

Mose buaa Farao se, “Yɛde mmofra ne mpanyin, yɛn mmabarima, yɛn mmabea, yɛn nguan ne yɛn anantwi na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapade nyinaa na ebetu saa kwan no, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Awurade afahyɛ no.”

Farao de abufuw buae se, “Sɛ mɛma mode mmofra nketewa yi akɔ a, ɛno de, Awurade ankasa nka mo ho. Mahu sɛ mowɔ adwemmɔne. Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom Awurade, efisɛ ɛno na mobisaa me.” Farao pam wɔn fii nʼahemfi hɔ.

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa wɔ Misraim so na mmoadabi mmɛkata asase no nyinaa so, na wonni biribiara a mparuwbo no ansɛe no no.”

Enti Mose maa ne pema so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi fii apuei fam awia ne anadwo. Ade kyee no, na apuei mframa no de mmoadabi no abegu asase no so nyinaa. Mmoadabi no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ se, mmoadabi mmaa ɔman no mu saa da na bi nso remma saa bio. Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wosiw owia ani enti wɔmaa sum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a mparuwbo no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahabammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifide a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no.

Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfo kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ bɔne atia Awurade, mo Nyankopɔn no, ne mo nyinaa. Afei, momfa me bɔne nkyɛ me bio na monsrɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛ onyi owu yi mfi yɛn so.”

Enti Mose fii Farao anim kɔsrɛɛ Awurade. Awurade bɔɔ atɔe fam mframa dennen bi ma epiaa mmoadabi no nyinaa koguu Po Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so. Nanso Awurade pirim Farao koma nti wamma Israelfo no ankɔ.

Sum Kabii Duru

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro mma sum kabii mmeduru Misraim asase so.” Enti Mose teɛɛ ne nsa hwɛɛ soro maa sum kabii beduruu Misraim asase no so nnansa. Sum no duruu saa no, na obiara nhu hwee na wontumi ntu wɔn anan nso nnansa. Nanso Israelfo no de, na nea wɔte hɔ yɛ hann.

Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wubetumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nguan ne wʼanantwi no de, ma wɔnka ha.”

Nanso Mose buae se, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nguan ne yɛn anantwi kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn. Aboa tɔte koraa yɛrennyaw wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn no afɔre. Yennim nea ɔbɛpɛ gye sɛ yedu hɔ.”

Nanso Awurade pirim Farao koma nti wamma wɔn ankɔ. Farao teɛteɛɛ Mose se, “Fi mʼani so kɔ! Mɛhwɛ sɛ woremma mʼanim bio! Da a wubehu mʼanim no, wubewu.”

Mose buae se, “Meremma wʼanim bio sɛnea woreka no pɛpɛɛpɛ.”

Read More of 2 Mose 10