2 Korintofo 13:1-14 AKCB

2 Korintofo 13:1-14

Kɔkɔbɔ A Etwa To

Nsra a ɛto so abiɛsa a merebɛsra mo ni. Kyerɛwsɛm no ka se, “Adanse a nnipa baanu anaa baasa bedi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.” Bere a mebaa mo nkyɛn nea ɛto so abien no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu mprempren a minni mo nkyɛn yi. Sɛ mesan ba bio a, meremfa mo anaa nnipa afoforo bi a wɔayɛ bɔne no ho nkyɛ wɔn, efisɛ mopɛ sɛ muhu nsɛnkyerɛnne bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom ɔwɔ tumi wɔ mo mu. Ɛwɔ mu sɛ mmerɛwyɛ mu na wɔbɔɔ no asennua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛw de, nanso ayɔnkofa a yɛne no wɔ nti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu.

Monsɔ mo ho nhwɛ, na mummu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidi mu ana. Munim yiye sɛ Kristo Yesu te mo mu ana? Sɛ ɔnte mo mu a na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no. Minim yiye sɛ mubehu sɛ yɛanni nkogu. Afei yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ morenyɛ biribiara a enye. Yɛmpɛ sɛ nnipa behu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Mpo sɛ wohu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkogu wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, efisɛ yɛpɛ sɛ mobɛyɛ nea eye de adi nkonim. Yɛrentumi nsɔre ntia nokware, na mmom nokware nko ara na ɛsɛ sɛ yegyina ma no. Sɛ yehu sɛ yɛyɛ mmerɛw na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti yɛn nso yɛrebɔ mpae sɛ mobɛyɛ pɛ. Ɛno nti na merekyerɛw saa krataa yi abrɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ na, sɛ meba a merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na munyin na mo mu antetew no so ne mo nni no anibere so.

Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.

Momfa onuadɔ nkyiakyia mo ho mo ho.

Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa kyiakyia mo.

Yɛn Awurade Yesu Kristo dom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.

Read More of 2 Korintofo 13