2ซามูเอล 3 – TNCV & ASCB

Thai New Contemporary Bible

2ซามูเอล 3:1-39

1การสู้รบระหว่างฝ่ายวงศ์วานของซาอูลกับฝ่ายดาวิดยืดเยื้อเป็นเวลานาน ดาวิดทรงเข้มแข็งขึ้นทุกทีๆ ในขณะที่ฝ่ายวงศ์วานของซาอูลเริ่มอ่อนแอลงเรื่อยๆ

2ราชโอรสของดาวิดที่ประสูติในเมืองเฮโบรน ได้แก่ อัมโนนราชโอรสหัวปี ประสูติจากนางอาหิโนอัมแห่งยิสเรเอล

3องค์ที่สองคือ คิเลอาบบุตรนางอาบีกายิลภรรยาม่ายของนาบาลแห่งคารเมล

องค์ที่สามคือ อับซาโลมบุตรนางมาอาคาห์ราชธิดาของกษัตริย์ทัลมัยแห่งเกชูร์

4องค์ที่สี่คือ อาโดนียาห์บุตรนางฮักกีท

องค์ที่ห้าคือ เชฟาทิยาห์บุตรนางอาบีตัล

5และองค์ที่หกคือ อิทเรอัมบุตรนางเอกลาห์

ราชโอรสเหล่านี้ของดาวิดประสูติที่เมืองเฮโบรน

อับเนอร์มาอยู่ฝ่ายดาวิด

6ขณะที่การสู้รบระหว่างฝ่ายวงศ์วานของซาอูลกับฝ่ายดาวิดดำเนินไป อับเนอร์ก็ขยายอิทธิพลมากขึ้นเรื่อยๆ ในฝ่ายวงศ์วานของซาอูล

7ซาอูลมีสนมคนหนึ่งชื่อริสปาห์บุตรสาวของอัยยาห์ และอิชโบเชทตรัสถามอับเนอร์ว่า “เหตุใดท่านจึงหลับนอนกับสนมของเสด็จพ่อ?”

8คำพูดนี้ทำให้อับเนอร์โกรธจัดจึงตอบว่า “ข้าพระบาทเป็นสุนัขรับใช้ยูดาห์หรือ? ข้าพระบาทยังคงจงรักภักดีต่อซาอูลราชบิดาของฝ่าพระบาท และราชวงศ์กับพระสหายมาจนถึงบัดนี้ ข้าพระบาทไม่ได้มอบฝ่าพระบาทให้กับดาวิด แต่บัดนี้ฝ่าพระบาททรงกล่าวหาข้าพระบาทด้วยเรื่องผู้หญิงคนนี้! 9ขอพระเจ้าทรงจัดการกับข้าพระบาทอย่างสาหัส หากข้าพระบาทไม่ช่วยดาวิดให้ลุล่วงตามพระสัญญาที่องค์พระผู้เป็นเจ้าทรงปฏิญาณไว้กับเขา 10และย้ายอาณาจักรจากราชวงศ์ซาอูล มาสถาปนาราชบัลลังก์ดาวิดขึ้นเหนืออิสราเอลและยูดาห์ จากดานจดเบเออร์เชบา” 11อิชโบเชททรงไม่กล้าโต้ตอบประการใดเพราะกลัวอับเนอร์

12แล้วอับเนอร์ส่งตัวแทนไปทูลดาวิดว่า “แผ่นดินนี้เป็นของใคร? หากทรงทำข้อตกลงกับข้าพระบาท ข้าพระบาทก็จะช่วยนำอิสราเอลทั้งหมดมาสวามิภักดิ์ต่อฝ่าพระบาท”

13ดาวิดตรัสว่า “ดี เราจะทำข้อตกลงกับท่าน แต่มีข้อแม้ว่าท่านต้องนำตัวมีคาลราชธิดาของซาอูลมาด้วยเมื่อท่านมาพบเรา” 14แล้วดาวิดจึงทรงใช้ผู้สื่อสารไปทูลเรียกร้องกับอิชโบเชทราชโอรสของซาอูลว่า “จงคืนตัวมีคาลมเหสีของเรา ซึ่งเราได้ใช้หนังปลายองคชาติของชาวฟีลิสเตียร้อยคนสู่ขอนางมา”

15อิชโบเชทจึงตรัสสั่งให้ชิงตัวมีคาลจากสามีของนางคือปัลทีเอลบุตรลาอิช 16ปัลทีเอลเดินตามนางมาจนถึงบาฮูริมและร้องไห้มาตลอดทาง อับเนอร์จึงกล่าวแก่เขาว่า “กลับบ้านไป!” เขาก็กลับ

17อับเนอร์เกลี้ยกล่อมบรรดาผู้อาวุโสของอิสราเอลว่า “พวกท่านก็อยากให้ดาวิดเป็นกษัตริย์มาตั้งนานแล้ว 18ก็จงทำเดี๋ยวนี้! เพราะองค์พระผู้เป็นเจ้าทรงสัญญากับดาวิดไว้ว่า ‘ดาวิดนี่แหละคือผู้ที่เราจะใช้ให้กอบกู้ประชากรอิสราเอลของเราจากมือชาวฟีลิสเตียและจากศัตรูทั้งปวง’ ”

19อับเนอร์ยังได้พูดกับชนตระกูลเบนยามินด้วย แล้วเขาก็เดินทางมายังเมืองเฮโบรนเพื่อทูลทุกสิ่งทุกอย่างที่อิสราเอลและตระกูลเบนยามินต้องการจะทำแก่ดาวิด 20เมื่ออับเนอร์พร้อมคนยี่สิบคนมาเข้าเฝ้าดาวิดที่เมืองเฮโบรน ดาวิดทรงจัดงานเลี้ยงให้เขาเหล่านั้น 21อับเนอร์จึงทูลดาวิดว่า “ข้าพระบาทจะไปรวบรวมอิสราเอลทั้งหมดมาเพื่อฝ่าพระบาท พวกเขาจะได้ถวายสัตยาบัน และฝ่าพระบาทจะได้ทรงปกครองทุกคนตามชอบพระทัย” ดาวิดจึงทรงส่งอับเนอร์กลับไปโดยสวัสดิภาพ

โยอาบสังหารอับเนอร์

22ขณะนั้นโยอาบและคนของดาวิดเพิ่งกลับจากการปล้น และนำข้าวของมากมายที่ริบได้กลับมาด้วย แต่อับเนอร์ไม่ได้อยู่กับดาวิดที่เมืองเฮโบรนแล้วเพราะดาวิดทรงส่งเขากลับไปอย่างสันติ 23เมื่อโยอาบและทหารทั้งหมดที่อยู่กับเขามาถึง โยอาบก็รู้ว่าอับเนอร์บุตรเนอร์เพิ่งมาเข้าเฝ้ากษัตริย์แล้วถูกส่งกลับไปอย่างสันติ

24โยอาบก็เข้าเฝ้าดาวิดและทูลว่า “เหตุใดฝ่าพระบาททรงทำอย่างนี้? ดูเถิด อับเนอร์มาถึงแล้ว แต่ทรงปล่อยเขาไปได้อย่างไร? ตอนนี้เขาก็ไปแล้ว! 25ฝ่าพระบาทก็ทรงทราบอยู่แล้วว่าเขามาสืบดูลาดเลาเพื่อจะวางแผนและกลับมาเล่นงานเรา”

26โยอาบจึงทูลลาแล้วส่งคนตามอับเนอร์ไปทันที่บ่อสีราห์ อับเนอร์ก็กลับมาพร้อมกับพวกนั้นแต่ดาวิดไม่ทรงทราบเรื่องนี้ 27เมื่ออับเนอร์มาถึงเมืองเฮโบรน โยอาบดึงตัวเขามาข้างประตูเมือง ทำเหมือนมีเรื่องจะคุยเป็นการส่วนตัว แต่แล้วโยอาบก็แทงท้องอับเนอร์ตาย เป็นการแก้แค้นแทนอาสาเฮลน้องชายของตน

28เมื่อดาวิดทรงทราบเรื่องจึงตรัสว่า “ต่อหน้าองค์พระผู้เป็นเจ้า เรากับอาณาจักรของเราไม่ได้มีส่วนเกี่ยวข้องใดๆ กับการตายของอับเนอร์บุตรเนอร์ 29ขอให้ความผิดครั้งนี้ตกแก่โยอาบและวงศ์ตระกูลของเขา! ขอให้วงศ์ตระกูลของเขามีคนที่เป็นแผลพุพองหรือโรคเรื้อน3:29 คำภาษาฮีบรูอาจหมายถึงโรคผิวหนังต่างๆ ไม่จำเป็นต้องหมายถึงโรคเรื้อนเท่านั้น พิกลพิการ ตายด้วยความอดอยาก หรือล้มตายด้วยสงครามเสมอ”

30(โยอาบและอาบีชัยน้องชายของเขาได้สังหารอับเนอร์เพราะเขาได้ฆ่าอาสาเฮลน้องชายของพวกเขาในการต่อสู้ที่กิเบโอน)

31ดาวิดตรัสกับโยอาบและพรรคพวกที่อยู่ด้วยว่า “จงฉีกเสี้อผ้า สวมชุดผ้ากระสอบ และไว้ทุกข์ให้อับเนอร์” กษัตริย์ดาวิดเองทรงติดตามขบวนแห่ศพไปยังสุสาน 32ศพของอับเนอร์ถูกฝังไว้ที่เมืองเฮโบรน กษัตริย์ทรงร่ำไห้เสียงดังตรงที่ฝังศพ ประชากรทั้งปวงก็ร่ำไห้ด้วย

33ดาวิดทรงขับร้องบทคร่ำครวญสำหรับอับเนอร์ว่า

“ควรหรือที่อับเนอร์ต้องมาตายเยี่ยงคนเถื่อน?

34มือของท่านไม่ได้ถูกมัด

เท้าของท่านไม่ได้ถูกจองจำ

ท่านล้มลงดั่งผู้ที่ล้มต่อหน้าคนชั่ว”

ประชากรทั้งปวงก็ร่ำไห้ให้กับอับเนอร์อีกครั้ง

35แล้วพวกเขามาทูลดาวิดให้ทรงยอมเสวยพระกระยาหารบ้างขณะที่ยังกลางวันอยู่ แต่ดาวิดตรัสสาบานว่า “ขอพระเจ้าทรงจัดการกับเราอย่างหนัก หากเรากินขนมปังหรือสิ่งอื่นใดก่อนดวงอาทิตย์ลับฟ้า!”

36การทำเช่นนี้เป็นที่ชื่นชอบแก่ประชาชนอย่างยิ่ง อันที่จริงพวกเขาชื่นชอบทั้งนั้นไม่ว่ากษัตริย์จะทำสิ่งใด 37ในวันนั้นประชาชนทั้งหมดและชนอิสราเอลทั้งปวงจึงทราบว่าดาวิดไม่ได้มีส่วนเกี่ยวข้องใดๆ กับการสังหารอับเนอร์บุตรเนอร์เลย

38แล้วกษัตริย์ดาวิดตรัสกับคนของพระองค์ว่า “ท่านรู้หรือไม่ว่าในวันนี้คนสำคัญและผู้นำที่ยิ่งใหญ่คนหนึ่งได้สิ้นชีพแล้วในอิสราเอล? 39และวันนี้ถึงแม้เราจะเป็นกษัตริย์ที่พระเจ้าทรงเจิมตั้งไว้ เราก็อ่อนแอ และบุตรทั้งสองของนางเศรุยาห์นี้ก็แข็งแกร่งเกินไปสำหรับเรา ขอองค์พระผู้เป็นเจ้าทรงตอบสนองคนชั่วที่ได้ทำการชั่วเถิด!”

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 3:1-39

1Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛree yie, na ne ahyɛaseɛ nie. Ɛberɛ a Dawid adedie renya ahoɔden no, na Saulo adedie no resɛe.

2Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Hebron:

Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel no babarima.

3Deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ɔfiri Karmel no kunabaa babarima;

deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene3.3 Gesur yɛ Siria ahemman ketewa bi a ɛhɔ na Absalom kɔpɛɛ dwanekɔbea (13.37-38; 14.23). Talmai babaa Maaka babarima.

4Deɛ ɔtɔ so ɛnan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima;

deɛ ɔtɔ so enum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima.

5Na deɛ ɔtɔ so nsia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima.

Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron.

Abner Kɔdɔm Dawid

6Ɛberɛ a na ɔko a ɛda Saulo fie ne Dawid fie no gu so no, na Abner yɛ ntuanoni a ɔwɔ tumi wɔ wɔn a wɔdi Saulo akyi no so. 7Emu hɔ Is-Boset bɔɔ Abner kwaadu sɛ ɔne nʼagya Saulo mpena a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aya babaa, ada.

8Abner bo fuu yie kaa sɛ, “Meyɛ nkraman sodifoɔ wɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Deɛ mayɛ ama wo ne wʼagya, a mannyi mo amma Dawid no, mʼayɛyie ne sɛ, mode ɔbaa yi ho asɛm rekyekyere me? 9Sɛ mammoa Dawid ma ne nsa anka deɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono. 10Mede Saulo ahennie bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahennwa ase wɔ Israel ne Yuda so afiri Dan akɔsi Beer-Seba.” 11Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner enti, wantumi ankasa bio.

12Afei, Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ na mɛboa ama yɛadane Israelman mu no nyinaa ama wo.”

13Dawid buaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛeɛ no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babaa no brɛ me.” 14Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amaneɛ sɛ, “Ma me nsa nka me yere Mikal, ɛfiri sɛ, mede Filistifoɔ ɔha nkwa na ɛtɔɔ no.”

15Enti, Is-Boset gyee Mikal firii ne kunu Paltiel a ɔyɛ Lais babarima no nsam. 16Na Paltiel de su dii ɔbaa no akyi kɔduruu Bahurim. Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane kɔ efie.” Na Paltiel sane kɔɔ efie.

17Na Abner ne Israel ntuanofoɔ adidi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mmerɛ kakra a atwam nie no, na mopɛ sɛ mosi Dawid ɔhene. 18Ɛberɛ no nie. Ɛfiri sɛ, Awurade aka sɛ, ‘Mayi Dawid sɛ ɔnnye me nkurɔfoɔ mfiri Filistifoɔ ne wɔn atamfoɔ nyinaa nsam.’ ”

19Abner sane ne Benyamin abusua mu ntuanofoɔ kasaeɛ. Afei, ɔkɔɔ Hebron kɔbɔɔ Dawid amaneɛ sɛ, Israel nyinaa ne Benyamin taa wʼakyi. 20Ɛberɛ a Abner ne ne mmarima aduonu baa Hebron no, Dawid too wɔn ɛpono kɛseɛ. 21Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ma menkɔ na menkɔfrɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmra wʼafa. Wɔne wo bɛyɛ apam, na wɔasi wo ɔhene. Na ɛbɛma woadi biribiara a wʼakoma pɛ so.” Enti, Dawid maa Abner kɔɔ dwoodwoo.

Yoab Kum Abner

22Abner kɔeɛ ara pɛ, Yoab ne Dawid akodɔm no bi firi ɔsa mu baeɛ a wɔkura asadeɛ bebree. 23Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ Abner baa hɔ nkyɛree koraa, na ɔbɛsraa ɔhene, ama ɔhene ama no kɔ asomdwoeɛ mu no, 24Yoab yɛɛ ntɛm kɔhunuu ɔhene bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Abner kɔ a womaa no kɔeɛ yi, wokyerɛ sɛn? 25Wonim pefee sɛ, ɔbaa wo so sɛ ɔkwansrafoɔ, bɛhwehwɛɛ deɛ woreyɛ nyinaa mu anaa?”

26Ɛhɔ ara, Yoab firi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ sɛ wɔnti Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtadeɛ ho, twee no de no baeɛ. Nanso, na Dawid nnim ho hwee. 27Afei, Abner sane kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kɔsii ɛpono ano te sɛ deɛ ɔrekɔka kɔkoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na ɛsiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so wedeɛ no enti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu sekan ma ɔwuiɛ.

28Akyire no a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔkaa sɛ, “Me ne mʼahemman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ Awurade anim. 29Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fie so! Yoab efie deɛ, awoɔ ntoatoasoɔ mu nyinaa, obi a watutu akuro anaa ɔyare kwata, deɛ ɔnam poma ho nanteɛ anaa deɛ ɔwu akofena ano ne deɛ ɔsrɛsrɛ aduane rempa hɔ da.”

30Yoab ne ne nuabarima Abisai kumm Abner, ɛfiri sɛ, Abner kumm wɔn nuabarima Asahel wɔ akono wɔ Gibeon.

Dawid Su Abner

31Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ, “Monsunsuane mo ntoma mu, na momfira ayitoma. Montwa Abner agyaadwoɔ.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɛda no so. 32Wɔsiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu wɔ ne damena no ho.

33Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner:

“Ɛsɛ sɛ Abner wu sɛdeɛ nkwaseafoɔ wuo anaa?

34Wɔankyekyere wo nsa;

wɔangu wo nan nkɔnsɔnkɔnsɔn.

Dabi, wɔdii wo awu;

amumuyɛfoɔ atirimpɔ so adeɛ.”

Nnipa no nyinaa suu Abner bio. 35Ɛda a wɔreyɛ ayie no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no sɛ ɔnnidi. Nanso, na Dawid aka ntam sɛ, “Sɛ medidi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nku me.”

36Yei sɔɔ nnipa no ani yie. Nokorɛm, biribiara a ɔhene no yɛeɛ no sɔɔ ɔmanfoɔ no ani. 37Yei maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no hunuu sɛ, ɛnyɛ ɔhene Dawid na ɔkumm Abner.

38Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfoɔ no sɛ, “Monhunu sɛ ɔkannifoɔ kɛseɛ ne onipa kɛseɛ atɔ fam ɛnnɛ wɔ Israel anaa? 39Na ɛwom sɛ me ne ɔhene a wɔasra no deɛ, nanso Seruia mmammarima Yoab ne Abisai deɛ, wɔyɛ den dodo ma me sɛ mɛtumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno enti, Awurade ntua saa mmarima amumuyɛfoɔ yi so ka wɔ wɔn amumuyɛsɛm ho.”