2ซามูเอล 14 – TNCV & ASCB

Thai New Contemporary Bible

2ซามูเอล 14:1-33

อับซาโลมกลับมาเยรูซาเล็ม

1ครั้นโยอาบบุตรนางเศรุยาห์ทราบว่ากษัตริย์ทรงคิดถึงอับซาโลมมาก 2เขาจึงใช้คนไปตามตัวหญิงฉลาดคนหนึ่งจากเทโคอาให้มาพบและกล่าวกับนางว่า “จงแกล้งทำเป็นว่าเจ้าไว้ทุกข์อยู่ สวมเสื้อผ้าไว้ทุกข์ ไม่ใช้เครื่องประทินโฉม ทำทีว่าเจ้าเศร้าโศกเสียใจอย่างหนักมาหลายวันเพราะคนตาย 3แล้วไปเข้าเฝ้ากษัตริย์ กราบทูลตามที่เราสั่ง” แล้วโยอาบก็สอนคำพูดให้หญิงนั้น

4เมื่อหญิงจากเทโคอามาเข้าเฝ้าดาวิด ก็หมอบซบลงที่พื้นถวายคำนับและทูลว่า “ข้าแต่กษัตริย์โปรดทรงช่วยหม่อมฉันด้วยเถิด”

5กษัตริย์ตรัสถามว่า “เจ้ามีเรื่องทุกข์ร้อนอะไรหรือ?”

นางทูลว่า “หม่อมฉันเป็นม่าย สามีตายไปแล้ว 6มีลูกชายสองคน เขาทะเลาะกันที่กลางทุ่ง เนื่องจากไม่มีคนคอยห้ามเขา คนหนึ่งก็เลยถูกฆ่าตาย 7ตอนนี้ญาติพี่น้องทั้งหมดเรียกร้องให้หม่อมฉันมอบตัวลูกชายเพื่อนำตัวไปประหารโทษฐานฆ่าคน จะได้กำจัดทายาทไป พวกเขาจะดับถ่านไฟก้อนเดียวที่หม่อมฉันเหลืออยู่ เห็นทีสามีหม่อมฉันจะไร้ผู้สืบสกุลเป็นแน่”

8ดาวิดตรัสกับหญิงนั้นว่า “จงกลับไปบ้าน เราจะสั่งการให้เจ้า”

9แต่หญิงจากเทโคอาทูลว่า “ข้าแต่กษัตริย์ เจ้านายของหม่อมฉันขอให้คำตำหนิตกอยู่ที่หม่อมฉันและครอบครัวของบิดาของหม่อมฉัน ส่วนกษัตริย์และราชบัลลังก์ขอให้พ้นมลทินทั้งปวง”

10ดาวิดตรัสว่า “หากผู้ใดกล่าวอะไรกับเจ้า จงนำตัวเขามาพบเรา เขาจะไม่มากวนใจเจ้าอีกเลย”

11นางทูลว่า “ขอฝ่าพระบาทตรัสในพระนามพระยาห์เวห์พระเจ้าของเขา อย่าให้มีการสูญเสียเลือดเนื้ออีกนอกเหนือจากที่ได้สูญเสียไปแล้ว ลูกชายของหม่อมฉันจะได้ไม่ต้องเสียชีวิต”

ดาวิดตรัสว่า “องค์พระผู้เป็นเจ้าทรงพระชนม์อยู่แน่ฉันใด ผมสักเส้นบนหัวลูกชายของเจ้า เราก็จะไม่ยอมให้ตกถึงดินฉันนั้น”

12นางทูลว่า “โปรดทรงอนุญาตให้หม่อมฉันทูลสักคำ”

ดาวิดตรัสตอบว่า “พูดมาเถิด”

13หญิงนั้นทูลว่า “ก็แล้วทำไมฝ่าพระบาททรงทำเช่นนี้ต่อประชากรของพระเจ้า? เมื่อฝ่าพระบาทตรัสเช่นนี้ เท่ากับตัดสินว่าฝ่าพระบาทเองเป็นฝ่ายผิด เพราะฝ่าพระบาทไม่ทรงยอมให้ราชโอรสที่ถูกเนรเทศไปนั้นกลับมา 14คนเราล้วนต้องตายไปเหมือนน้ำหกรดแผ่นดิน จะรวบรวมคืนมาอีกไม่ได้ แต่พระเจ้าไม่ได้ทรงริบเอาชีวิตไป แต่ทรงคิดหาหนทางไม่ให้คนที่ถูกเนรเทศไปต้องถูกตัดขาดจากพระองค์

15“ที่หม่อมฉันมาทูลฝ่าพระบาทก็เพราะมีคนมาข่มขู่ หม่อมฉันบอกตัวเองว่า ‘หม่อมฉันจะทูลกษัตริย์ บางทีพระองค์อาจจะทำตามที่ผู้รับใช้ทูลขอ 16บางทีกษัตริย์อาจจะทรงเห็นชอบที่จะช่วยผู้รับใช้ของพระองค์ให้พ้นจากมือของคนที่พยายามตัดหม่อมฉันกับลูกจากมรดกที่พระเจ้าประทานแก่พวกหม่อมฉัน’

17“และบัดนี้ผู้รับใช้ของฝ่าพระบาทขอทูลว่า ‘พระดำรัสของฝ่าพระบาททำให้หม่อมฉันสบายใจ เพราะฝ่าพระบาทเป็นเสมือนทูตของพระเจ้าที่แยกแยะความดีจากความชั่ว ขอพระยาห์เวห์พระเจ้าของฝ่าพระบาทสถิตกับฝ่าพระบาทเถิด’ ”

18แล้วกษัตริย์ตรัสกับหญิงนั้นว่า “อย่าปิดบัง เราจะถามอะไรเจ้าสักอย่างหนึ่ง”

นางทูลว่า “โปรดตรัสเถิด”

19ดาวิดตรัสว่า “ทั้งหมดนี้โยอาบเป็นผู้หนุนหลังเจ้าใช่หรือไม่?”

หญิงนั้นทูลว่า “ข้าแต่กษัตริย์ เจ้านายของหม่อมฉัน ฝ่าพระบาททรงพระชนม์อยู่แน่ฉันใด ไม่มีใครสามารถพลิกซ้ายหันขวาจากสิ่งใดๆ ที่ฝ่าพระบาทตรัสได้ฉันนั้น ถูกแล้วโยอาบผู้รับใช้ของฝ่าพระบาทคือผู้สอนให้หม่อมฉันทำตามนี้ และแนะนำทุกถ้อยคำที่ออกจากปากของหม่อมฉัน 20โยอาบผู้รับใช้ของฝ่าพระบาททำเช่นนี้เพื่อพลิกสถานการณ์ ฝ่าพระบาททรงพระปรีชาเสมือนทูตของพระเจ้า และทรงทราบเหตุการณ์ทุกอย่างในแผ่นดิน”

21กษัตริย์จึงตรัสกับโยอาบว่า “ดีมาก เราจะทำตามนั้น จงไปรับตัวอับซาโลมชายหนุ่มคนนั้นกลับมาเถิด”

22โยอาบก็หมอบกราบซบหน้าลงกับพื้นถวายคำนับ ถวายพระพรและทูลว่า “บัดนี้ข้าพระบาททราบแล้วว่า ฝ่าพระบาททรงกรุณาข้าพระบาท เพราะทรงให้ตามที่ข้าพระบาททูลขอ”

23โยอาบจึงไปยังเกชูร์และรับตัวอับซาโลมกลับมายังเยรูซาเล็ม 24แต่กษัตริย์ตรัสว่า “ให้เขาไปอยู่ที่ตำหนักของเขา อย่ามาให้เราเห็นหน้า” อับซาโลมจึงไปพำนักที่ตำหนักของตนและไม่ได้เข้าเฝ้ากษัตริย์

25ทั่วอิสราเอลไม่มีใครได้รับคำชมว่าเป็นชายชาตรีรูปงามเท่าอับซาโลม ตั้งแต่เส้นผมจดปลายเท้าไม่มีตำหนิเลยแม้แต่น้อย 26เมื่อใดที่ผมของเขาหนักมาก เขาก็จะตัดออกมาชั่งดู ผมนั้นหนักประมาณ 2.3 กิโลกรัม14:26 ภาษาฮีบรูว่า200 เชเขลตามพิกัดหลวง

27อับซาโลมมีบุตรชายสามคนและมีบุตรสาวหนึ่งคนชื่อว่าทามาร์ นางมีรูปโฉมงดงามยิ่งนัก

28ตลอดสองปีที่อับซาโลมอยู่ในเยรูซาเล็ม เขาไม่ได้เข้าเฝ้ากษัตริย์เลย 29อับซาโลมจึงให้คนไปตามตัวโยอาบมาเพื่อให้เข้าเฝ้ากษัตริย์แทน แต่โยอาบไม่ยอมมา แม้อับซาโลมให้คนไปตามอีก เขาก็ยังคงไม่มา 30อับซาโลมจึงสั่งบริวารว่า “ไปจุดไฟเผานาข้าวบาร์เลย์ของโยอาบที่อยู่ถัดจากเราไป” เขาก็ปฏิบัติตาม

31โยอาบจึงมาพบอับซาโลมที่ตำหนัก และเรียนว่า “เหตุใดบริวารของท่านไปจุดไฟเผานาของข้าพเจ้า?”

32อับซาโลมกล่าวกับโยอาบว่า “เราส่งคนไปหาท่านและกล่าวว่า ‘มาที่นี่เถิด จะได้ให้ท่านช่วยไปทูลถามกษัตริย์ว่า “ทรงรับตัวอับซาโลมกลับมาจากเกชูร์ทำไม เขาอยู่ที่นั่นยังดีเสียกว่า!” ’ เราต้องการเข้าเฝ้ากษัตริย์สักครั้ง หากเราผิดด้วยเรื่องใดก็ให้พระองค์ประหารเราเถิด”

33โยอาบจึงไปกราบทูลกษัตริย์ตามนี้ ดาวิดจึงทรงเรียกตัวอับซาโลมมาเข้าเฝ้า อับซาโลมเข้ามาหมอบกราบซบหน้าลงถึงพื้นต่อหน้ากษัตริย์และกษัตริย์ทรงจูบอับซาโลม

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 14:1-33

Absalom Sane Ba Yerusalem

1Na Yoab hunuu sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhunu Absalom. 2Enti, ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi a wagye edin yie brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayie mu, na fira ayitoma. Nnware anaa mfa aduhwam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbaa a wadi awerɛhoɔ nna bebree. 3Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbaa no kɔka no kyerɛɛ no.

4Na Tekoani baa no duruu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuu fam teaam sɛ, “Ao Nana! Boa me!”

5Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛyɛ asɛm bɛn?”

Ɔbuaa no sɛ, “Meyɛ okunafoɔ. 6Me mma baanu kɔdii ako wɔ akono. Na ɛsiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔbɛpata ɔko no enti, wɔkumm wɔn mu baako. 7Nanso, abusua no nkaeɛ no bisaa sɛ, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no. Yɛbɛkum no, ɛfiri sɛ, woakum ne nuabarima. Ɔmfata sɛ ɔbɛdi efie agyapadeɛ so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na menni obiara a waka, na me kunu din ne me fie bɛyera wɔ asase so ha.”

8Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae asɛm no ma me. Kɔ efie na mɛhwɛ sɛ obiara remfa ne nsa nka no.”

9Ɔkaa sɛ, “Ao, me wura, meda wo ase. Na sɛ mmoa a woaboa me yi enti, sɛ obi kasa tia wo a, mɛfa ho soboɔ no.”

10Ɔhene no kaa sɛ, “Mma yei nha wo. Sɛ nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me wɔ ha. Na mɛtumi ama wo awerɛhyɛmu sɛ, obiara nwiinwii wɔ ho bio.”

11Afei, ɔbaa no kaa sɛ, “Fa Awurade, wo Onyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me sɛ, woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Merenhwehwɛ mogyahwieguo bio.”

Ɔhene no nso kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wo ba no tirinwi a ɛwɔ ne tiri so mu baako mpo ho renka.”

12Afei, ɔbaa no kaa sɛ, “Ma wo ɔsomfoɔ nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene.”

Ɔbuaa sɛ, “Kɔ so kasa.”

13Ɔbaa no bisaa sɛ, “Adɛn enti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinaeɛ yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asuo no ba efie. 14Sɛ ɛkɔsi sɛn ara, obiara bɛwu. Na sɛdeɛ nsuo hwie gu fam a wosesa a ɛnyɛ yie no, saa ara na nkwa teɛ. Ɛno enti na Onyankopɔn sane de yɛn ba ne nkyɛn ɛberɛ a yɛate yɛn ho afiri ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa.

15“Na maba sɛ merebɛdi ama me babarima, ɛfiri sɛ, wɔde owuo hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ebia, ɔhene bɛtie me, 16na wagye yɛn afiri wɔn a wɔbɛtwa yɛn afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho no nsam.’

17“Aane, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoeɛ bio. ‘Menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a wobɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Awurade, wo Onyankopɔn, nka wo ho.’ ”

18Ɔhene bisaa sɛ, “Mepɛ sɛ mehunu adeɛ baako.”

Ɔbaa no kaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn, me wura?”

19Na ɔhene no bisaa sɛ, “Yoab na ɔsomaa wo ha anaa?”

Ɔbaa no buaa sɛ, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa yei ho atorɔ? Obiara ntumi mfa biribiara nhinta wo. Ɛyɛ nokorɛ sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka. 20Ɔyɛɛ saa, sɛdeɛ mɛfa ɛkwan foforɔ so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wonim nyansa te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ, na biribiara a ɛsi yɛn ntam ha no nso, wote aseɛ.”

21Enti, ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔfa aberanteɛ Absalom bra.”

22Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no sɛ, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisadeɛ ama me.”

23Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem. 24Nanso, ɔhene maa ahyɛdeɛ yi sɛ, “Absalom tumi kɔ ɔno ankasa ne fie, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha.” Enti, Absalom anhunu ɔhene no.

Absalom Ne Dawid Nkabom

25Israel nyinaa, na obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ, te sɛ Absalom. Ɛfiri ne tiri so kɔsi ne nan ase, na wohunu sɛ ɔyɛ ɔbarima ankasa. 26Afe biara, na ɔyi ne ti pɛnkorɔ, ɛfiri sɛ, ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ ɔyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram mmienu ne fa.

27Na ɔwɔ mmammarima baasa ne ɔbabaa baako. Na ne babaa no din de Tamar. Na Tamar nso kura ahoɔfɛ a ɛmma ɔka.

28Absalom tenaa Yerusalem mfeɛ mmienu a wanhunu ɔhene no da. 29Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ. 30Ɛno enti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokoɔ afuo a ɛbɛn me deɛ no ho mu.” Na wɔde ogya kɔtoo afuo no mu, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.

31Na Yoab baa Absalom nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasomfoɔ akɔto mʼafuo mu ogya?”

32Na Absalom buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ wokɔbisa ɔhene ma me sɛ, adɛn enti na ɔmaa me sane firi Gesur baeɛ, nanso ɔmpɛ sɛ ɔhunu mʼanim koraa? Ɛnneɛ, sɛ anka metenaa me dada mu hɔ ara a, anka ɛyɛ. Ma menhunu ɔhene no, na sɛ medi fɔ wɔ biribi ho a, ɔtumi kum me.”

33Enti, Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a wate ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom bɛduruu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid fee nʼano.