อิสยาห์ 20 – TNCV & ASCB

Thai New Contemporary Bible

อิสยาห์ 20:1-6

คำพยากรณ์กล่าวโทษอียิปต์และคูช

1ในปีที่กษัตริย์ซาร์กอนแห่งอัสซีเรียส่งแม่ทัพสูงสุดมาโจมตีอัชโดดและยึดเมืองได้ 2ครั้งนั้นองค์พระผู้เป็นเจ้าตรัสผ่านอิสยาห์บุตรอาโมศว่า “เจ้าจงถอดเสื้อผ้ากระสอบออกจากกาย และถอดรองเท้าออก” อิสยาห์ก็ปฏิบัติตาม เดินเปลือยกายและเท้าเปล่า

3แล้วองค์พระผู้เป็นเจ้าตรัสว่า “เช่นเดียวกับที่อิสยาห์ผู้รับใช้ของเราเดินเปลือยกายและเท้าเปล่าตลอดสามปี ซึ่งเป็นหมายสำคัญและลางร้ายแก่อียิปต์และคูช20:3 คือ ตอนบนของลุ่มแม่น้ำไนล์ เช่นเดียวกับข้อ 4 และ 5 4กษัตริย์อัสซีเรียจะจับตัวชาวอียิปต์และคูชไปเป็นนักโทษและเป็นเชลย ให้เดินเปลือยกายและเท้าเปล่าไม่ว่าหนุ่มหรือแก่ กับเปลือยก้นยังความอัปยศมาสู่อียิปต์ 5บรรดาคนที่พึ่งคูชและโอ้อวดเรื่องอียิปต์จะหวาดกลัวและอับอาย 6ในวันนั้นประชาชนที่อาศัยตามชายฝั่งทะเลจะกล่าวว่า ‘ดูสิ ขนาดผู้ที่เราพึ่งพาและหนีมาขอความช่วยเหลือให้พ้นมือจากกษัตริย์อัสซีเรียยังเป็นไปถึงเพียงนี้ แล้วเราจะหนีรอดไปได้อย่างไร?’”

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 20:1-6

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Misraim Ne Kus

1Afe a Asiriahene Sargon somaa ne ɔman no sahene kɔɔ Asdod kɔto hyɛɛ no so na ɔdii ne so nkonim no, 2saa ɛberɛ no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasaa sɛ, “Yi ayitoma no firi wo ho ne mpaboa no firi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagya a ne nan nso sisi fam dii akɔneaba.

3Na Awurade kaa sɛ, “Sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Yesaia de adagya anante mfeɛ mmiɛnsa a ne nan nso sisi fam yi de ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtia Misraim ne Kus no, 4saa ara na Asiriahene bɛdi Misraim nneduafoɔ ne Kus nnommumfoɔ a wɔdeda adagya na wɔn nan sisi fam, mmabunu ne mpanin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase. 5Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no bɛsuro na wɔn ani awu. 6Saa ɛda no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka sɛ, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yɛdwane kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wɔbɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam no! Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadwane?’ ”