ปัญญาจารย์ 6 – TNCV & ASCB

Thai New Contemporary Bible

ปัญญาจารย์ 6:1-12

1ข้าพเจ้าเห็นความเลวร้ายอีกอย่างหนึ่งภายใต้ดวงอาทิตย์ ซึ่งหนักหนาสาหัสสำหรับมนุษย์ 2คือพระเจ้าประทานความมั่งคั่ง ทรัพย์สมบัติ และเกียรติแก่บางคน จนเขามีทุกสิ่งที่ใจปรารถนา แต่พระเจ้าไม่ได้ให้เขาชื่นชมสิ่งเหล่านั้น กลับมีคนแปลกหน้ามาชื่นชมแทน นี่ก็อนิจจัง เป็นความเลวร้ายที่น่าสลดใจ

3บางคนอาจมีลูกหลานนับร้อยและมีอายุยืน แต่ไม่ว่าจะอายุยืนแค่ไหน ถ้าไม่สามารถชื่นชมความรุ่งเรืองของตน และไม่ได้รับการจัดงานศพอย่างสมเกียรติแล้ว ข้าพเจ้าขอบอกว่าทารกที่ตายตั้งแต่เกิดยังดีกว่าเขาเสียอีก 4ทารกนั้นเกิดมาอย่างไร้ความหมาย จากไปในความมืด และชื่อนั้นถูกคลุมไว้ในความมืด 5แม้ไม่เคยเห็นแสงตะวัน ไม่รับรู้สิ่งใด ก็ยังได้พักสงบมากกว่าเขา 6ต่อให้เขามีอายุยืนพันปีทวีเท่า แต่ไม่ได้ชื่นชมกับความเจริญรุ่งเรืองของตน ทุกคนล้วนไปยังที่เดียวกันไม่ใช่หรือ?

7ทุกคนลงทุนลงแรงก็เพื่อปากท้อง

กระนั้นความอยากของเขาก็ไม่เคยอิ่ม

8คนฉลาดได้เปรียบอะไรกว่าคนโง่?

คนยากจนแม้รู้ว่าควรประพฤติปฏิบัติอย่างไรต่อหน้าคนอื่นๆ

ก็จะได้ประโยชน์อะไรเล่า?

9มีเท่าที่ตาเห็นก็ดีกว่าเที่ยวอยากได้ไปเรื่อย

นี่ก็อนิจจัง วิ่งไล่ตามลม

10สิ่งใดๆ ที่มีอยู่ล้วนถูกระบุชื่อไว้ก่อนแล้ว

และมนุษย์เป็นอะไรก็รู้กันอยู่แล้ว

ไม่มีใครสามารถขัดขืนต่อสู้

กับผู้ที่แข็งแรงกว่าตน

11ยิ่งพูดหลายคำ

ยิ่งลดทอนความหมาย

แล้วนั่นจะเป็นประโยชน์กับใคร?

12เพราะใครเล่าจะรู้ว่าอะไรดีสำหรับมนุษย์ในช่วงชีวิตอันสั้นและคืนวันอันอนิจจังซึ่งผ่านพ้นไปเหมือนเงา? ใครจะบอกเขาได้ว่าหลังจากเขาจากไปแล้วจะมีอะไรเกิดขึ้นบ้างภายใต้ดวงอาทิตย์?

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 6:1-12

1Mahunu bɔne foforɔ bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yie: 2Onyankopɔn ma onipa ahonyadeɛ, adenya ne animuonyam sɛdeɛ biribiara a nʼakoma pɛ no ɛmmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔhoɔ mmom na ɔde gye nʼani. Yei yɛ ahuhudeɛ, ɔhaw a ɛyɛ yea.

3Onipa bɛtumi anya mma ɔha na wanyini akyɛre; nanso ne mfeɛ dodoɔ yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye, na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba ho wɔ mfasoɔ sene no. 4Ne ba no yɛ adehunu, esum mu na ɔkorɔ, na esum akata ne din so. 5Ɛwom sɛ wanhunu owia na ɔnnim hwee deɛ, nanso ɔbɛnya ahomegyeɛ bebree sene deɛ saa ɔbarima no bɛnya. 6Mpo sɛ ɔtena ase mfeɛ apem mmɔho na wammfa nʼahonyadeɛ annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako anaa?

7Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia,

nanso nʼakɔnnɔdeɛ mmee no da.

8Na ɛdeɛn na onyansafoɔ wɔ de sene ɔkwasea?

Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yie wɔ afoforɔ anim a

mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

9Deɛ aniwa hunu no

yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ.

Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

Ɛte sɛ wotaa mframa.

10Deɛ ɛwɔ hɔ biara, wɔato edin dada,

na sɛdeɛ onipa teɛ nso, wɔnim dada;

onipa biara rentumi ne deɛ ɔwɔ ahoɔden

sene noɔ nnye yei ho akyinnyeɛ.

11Nsɛm dɔɔso a,

emu aba yɛ kakraa bi,

na ɛho wɔ mfasoɔ ma onipa anaa?

12Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa wɔ ne nkwanna kakra bi a ɛyɛ ahuhudeɛ na ɔfa mu kɔ sɛ sunsumma no? Hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi wɔ owia yi ase akyerɛ no ɛberɛ a ɔkorɔ no.