กันดารวิถี 17 – TNCV & ASCB

Thai New Contemporary Bible

กันดารวิถี 17:1-13

ไม้เท้าของอาโรนแตกหน่อ

1องค์พระผู้เป็นเจ้าตรัสกับโมเสสว่า 2“จงสั่งชนอิสราเอล และให้หัวหน้าเผ่าทั้งสิบสองเผ่าเอาไม้เท้าสลักชื่อของตนมาให้เจ้า 3ไม้เท้าประจำเผ่าเลวีจะสลักชื่ออาโรน เพราะต้องมีไม้เท้าหนึ่งอันสำหรับหัวหน้าเผ่าแต่ละคน 4จงวางไม้เท้าเหล่านี้หน้าหีบพันธสัญญาในเต็นท์นัดพบที่ซึ่งเรามาพบเจ้า 5ไม้เท้าของผู้ที่เราเลือกสรรจะแตกหน่อ เราจะได้ไม่ต้องทนฟังเสียงชนอิสราเอลพร่ำบ่นเจ้าตลอดเวลาอีก”

6ดังนั้นโมเสสจึงแจ้งชนอิสราเอล แล้วหัวหน้าเผ่าต่างๆ รวมทั้งอาโรนก็นำไม้เท้ามามอบให้โมเสส รวมทั้งหมดสิบสองอัน 7โมเสสวางไม้เท้าเหล่านี้ต่อหน้าองค์พระผู้เป็นเจ้าในเต็นท์แห่งพันธสัญญา

8วันรุ่งขึ้นเมื่อโมเสสเข้าไปในเต็นท์แห่งพันธสัญญา ก็พบว่าไม้เท้าของอาโรนตัวแทนเผ่าเลวีไม่เพียงแตกหน่อเท่านั้น แต่ยังผลิดอกออกผลอัลมอนด์ด้วย 9โมเสสจึงนำไม้เท้าจากเบื้องหน้าองค์พระผู้เป็นเจ้ามายังปวงชนอิสราเอล พวกเขาพากันมองดู และแต่ละคนรับไม้เท้าของตนคืนไป

10องค์พระผู้เป็นเจ้าตรัสสั่งโมเสสว่า “จงนำไม้เท้าของอาโรนกลับไปวางหน้าหีบพันธสัญญา ให้เก็บรักษาไว้เป็นสิ่งเตือนใจพวกที่ชอบกบฏ ให้เลิกบ่นว่าเราเพื่อพวกเขาจะไม่ต้องตาย” 11โมเสสก็ปฏิบัติตามที่องค์พระผู้เป็นเจ้าทรงบัญชาทุกประการ

12ชนอิสราเอลกล่าวกับโมเสสว่า “เราตายแน่! เราพินาศแน่! เราย่อยยับกันหมดแน่! 13ใครเฉียดใกล้พลับพลาขององค์พระผู้เป็นเจ้าก็จะตาย เราจะต้องตายกันหมดหรืออย่างไร?”

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 17:1-13

Aaron Poma Fefɛ

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, abusua biara ɔdaanoni no ntwa poma na ɔntwerɛ ne din wɔ ho. 3Aaron din na wɔbɛtwerɛ agu Lewi abusuakuo poma no ho. 4Momfa mpoma yi ngu Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyiaeɛm wɔ baabi a mehyia mo wɔ adaka no anim hɔ no. 5Menam mpoma yi so bɛkyerɛ onipa a mɛyi no no, na ne poma no ho bɛfefɛ! Ɛno akyi, anwiinwii a wɔnwiinwii tia wo no nyinaa to bɛtwa.”

6Enti, Mose hyɛɛ saa mmara yi maa nnipa no maa ahemfo dumienu no a Aaron ka wɔn ho de wɔn mpoma brɛɛ no. 7Ɔde guu Awurade anim wɔ Adanseɛ Ntomadan no mu hɔ.

8Adeɛ kyeeɛ a ɔkɔɔ mu no, ɔhunuu sɛ Aaron poma a ɛwɔ hɔ ma Lewi abusuakuo no afefɛ ayɛ frɔmm, aso aba a ɛsensɛn so. 9Ɛberɛ a Mose de firii Awurade hɔ baeɛ sɛ ɔde rebɛkyerɛ nkurɔfoɔ no, wɔhunuiɛ no, wɔn ho dwirii wɔn. Afei, obiara gyee ne poma, gye Aaron nko.

10Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa Aaron poma no nto adaka no ho pɛɛ na ɔmfa nkae saa adɔnyɛ no. Na ɛsɛ sɛ ɔde ba bɛkyerɛ nnipa no bio na sɛ anwiinwii bi wɔ hɔ a ɛtia Aaron tumi a, ɛbɛsi amanehunu foforɔ a anka ɛbɛba nnipa no so no ano. 11Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

12Nanso Israelfoɔ no kɔɔ so nwiinwiiɛ sɛ, “Yɛyɛ teaseawuo. 13Obiara a ɔbɛbɛn Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ho no wu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ase hye anaa?”