Słowo Życia

List św. Pawła do Galacjan 1

Pozdrowienie

1Ja, Paweł, nie zostałem powołany na apostoła przez ludzi, lecz przez samego Jezusa Chrystusa i Boga Ojca, który wskrzesił Go z martwych. Dlatego razem z wierzącymi, którzy są ze mną, piszę do kościołów w Galicji. Niech Bóg, nasz Ojciec, i Pan, Jezus Chrystus, obdarzają was swoją łaską i pokojem!

Jezus ofiarował siebie za nasze grzechy, aby wyrwać nas z tego złego świata. A dokonał tego zgodnie z planem Boga, naszego Ojca, któremu należy się wieczna chwała. Amen!

Nie ma innej dobrej nowiny

Jestem zdumiony tym, że tak szybko odchodzicie od Boga, który w swojej łasce powołał was do życia w Chrystusie, i że szukacie innej dobrej nowiny. Ale innej dobrej nowiny nie ma! Są tylko ludzie, którzy oszukują was i chcą zmienić treść nowiny o Chrystusie.

Gdyby jednak ktoś—nawet jakiś wierzący z naszego grona albo anioł z nieba!—przedstawił wam dobrą nowinę inną od tej, którą od nas usłyszeliście, niech będzie przeklęty! Jeszcze raz to powtórzę: Jeśli ktokolwiek głosiłby wam dobrą nowinę inną od tej, którą już przyjęliście, niech będzie przeklęty!

10 Jak myślicie? Czy mówiąc to chcę zdobyć przychylność ludzi, czy Boga? Czy chcę w ten sposób zadowolić jakiegoś człowieka? Jeśli taki byłby mój cel, nie byłbym dobrym sługą Chrystusa.

Paweł powołany przez Boga

11 Przyjaciele, zapewniam was, że głoszona przeze mnie dobra nowina nie została wymyślona przez ludzi. 12 Nie przekazał mi jej żaden człowiek ani od nikogo się jej nie nauczyłem. Objawił mi ją osobiście sam Jezus Chrystus!

13 Wiecie zapewne, że kiedyś, jako wyznawca judaizmu, bezlitośnie prześladowałem kościół Boży i próbowałem go zniszczyć. 14 Byłem chyba najgorliwszy ze wszystkich ludzi w kraju—stałem się wręcz fanatykiem tradycji naszych przodków. 15 Bóg jednak wybrał mnie jeszcze przed moim urodzeniem i przyciągnął mnie do siebie swoją łaską. 16 Uczynił to, aby przeze mnie objawić światu swojego Syna i abym przekazał poganom dobrą nowinę o Jezusie.

Gdy poznałem Jezusa, nikogo nie pytałem, co mam robić. 17 Nie poszedłem nawet do Jerozolimy—do tych, którzy zostali apostołami wcześniej ode mnie. Skierowałem się wówczas do Arabii, a potem wróciłem do Damaszku. 18 Dopiero po trzech latach udałem się do Jerozolimy, aby odwiedzić Piotra. Spędziłem z nim jednak tylko piętnaście dni. 19 Spośród innych apostołów nie spotkałem wówczas nikogo oprócz Jakuba, brata naszego Pana. 20 A Bóg mi świadkiem, że mówiąc to, nie kłamię. 21 Zaraz po tym skierowałem się w okolice Syrii i Cylicji, 22 tak że wierzący z kościołów Chrystusa w Judei nie wiedzieli nawet, jak wyglądam. 23 Słyszeli jedynie wieści o tym, że ich dawny prześladowca głosi teraz wiarę, którą przedtem zwalczał. 24 I z mojego powodu wielbili Boga.

Nkwa Asem

Galatifo 1

Nkyia

1Saa krataa yi fi me Paulo a ɔfrɛ a wɔfrɛɛ me sɛ memmɛyɛ ɔsomafo no mfi onipa na mmom efi Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔma ɔsɔre fii awufo mu no nkyɛn. Me ne anuanom a wɔwɔ ha nyinaa bom kyia Galati asafo ahorow no nyinaa.

Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Yɛn bɔne nti, Kristo yɛɛ osetie maa yɛn Agya Nyankopɔn nam so de ne ho bɔɔ afɔre de gyee yɛn fii bɔne a yɛwɔ mu nnɛ yi mu. Anuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.

Mo ho yɛ me nwonwa! Ɛnkyɛɛ koraa, morepa nea ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforo ho. Nokwarem, asɛmpa foforo biara nni baabi, nanso meka efisɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔredan mo adwene pɛ sɛ wɔsesa Kristo Asɛmpa no.

Na sɛ yɛn anaa ɔbɔfo fi soro bɛka asɛmpa a nsonoe da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛka afobu a enni awiei mu. Yɛaka dedaw na mereti mu bio se: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no bɔ abira no bɛkɔ afobu a enni awiei mu.

10 Nea nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ nea Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ nea ɛsɔ nnipa ani? Sɛ migu so reyɛ nea ɛsɔ nnipa ani a, ɛnne merenyɛ Kristo somfo.

Onyankopɔn frɛ Paulo

11 Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ, Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfi onipa. 12 Me nsa anka amfi onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.

13 Moate sɛ na mesɛe m’adagyew nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei moate nso sɛ na mede atirimɔden taa Onyankopɔn akyidifo na mefaa ɔkwan biara a metumi so pɛe sɛ metɔre wɔn ase. 14 M’afɛfo Yudafo no de, na m’adwene mu abue wɔ Yudasom ho sen wɔn nyinaa. Na mikita yɛn nenanom amanne nso mu denneenen.

15 Nanso Onyankopɔn nam n’adom so frɛɛ me ansa na ɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na bere a osii n’adwene pi 16 sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me sɛnea ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ Amanamanmufo no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; 17 saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankohu asomafo a na wodi m’anim kan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ ɛnna mesan m’akyi baa Damasko. 18 Mfirihyia abiɛsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kodii nkɔmmɔ. Midii ne nkyɛn nnawɔtwe abien. 19 Manhu ɔsomafo biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho.

20 Nsɛm a merekyerɛw yi yɛ nokware. Merentwa nkontompo enti Onyankopɔn mmoa me.

21 Ɛno akyi mebaa Siria ne Kilikia. 22 Saa bere no na Kristo asafo horow a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. 23 Nsɛm a na wɔaka afa me ho se, “Afei de ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidi a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.” 24 Na me nti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.