Slovo na cestu

Matouš 25:1-46

Ježíš vypráví podobenství o deseti družičkách

1„Můj druhý příchod se bude v určitém smyslu podobat svatbě. Ti, kteří mne budou očekávat, jsou jako deset družiček, které vyhlížely ženicha, aby ho přivítaly světlem svých lamp. 2-4Jenom pět z nich bylo prozíravých a vzalo si s sebou nádobky s olejem na doplnění svítilen. Ostatní dívky na to lehkomyslně zapomněly. 5Ženich dlouho nešel, a tak všechny družičky zmohla únava a usnuly. 6O půlnoci je vytrhl ze spánku křik: ‚Ženich jde! Pojďte ho přivítat!‘

7-8Dívky vyskočily a rychle si upravovaly svítilny. Ty lehkomyslné, které si nevzaly dost oleje, žadonily na ostatních: ‚Dejte nám trochu svého oleje, světlo nám již zhasíná!‘ 9Ale ty rozumné jim odpověděly: ‚Když se rozdělíme, nevystačí olej nám ani vám. Zkuste to raději u kupce!‘

10Sotva však odběhly pro olej, přišel ženich a ty dívky, které byly připraveny, šly s ním na svatební hostinu. 11Dalších pět družiček přišlo už k zavřeným dveřím. Volaly: ‚Pane, otevři nám!‘ 12Ale on odpověděl: ‚Je pozdě, už vás nemohu přijmout.‘

13A tak buďte vždycky připraveni, protože nevíte, ve které chvíli přijdu.

Ježíš vypráví podobenství o svěřených penězích

14-15Dám vám jiný příklad. Jeden člověk si před odjezdem na dalekou cestu zavolal své zaměstnance a svěřil jim svůj majetek. Každému podle jeho schopností: jednomu pět tisíc, druhému dva a dalšímu jeden. Potom odcestoval. 16Zaměstnanec, který dostal pět tisíc, začal obchodovat a vydělal dalších pět tisíc. 17Ten, který dostal dva tisíce, také sumu zdvojnásobil. 18Ale ten, kterému byl svěřen jeden tisíc, vykopal v zemi jámu a do ní peníze ukryl. 19Po delší době se zaměstnavatel vrátil a chtěl, aby mu podřízení předložili účty. 20První přinesl peníze a řekl: ‚Pane, svěřil jsi mi pět tisíc a tady máš zisk dalších pět tisíc.‘ 21Pán ho pochválil za dobrou práci a řekl mu: ‚Osvědčil ses v malém úkolu, proto ti mohu svěřit mnohem víc. A nyní tě zvu na oslavu svého návratu.‘

22Přišel druhý a řekl: ‚Pane, svěřil jsi mi dva tisíce a odevzdávám ti čtyři.‘ – 23‚Velmi dobře!‘ řekl pán, ‚jsi pilný a spolehlivý. Splnil jsi malý úkol, svěřím ti větší. I tebe zvu na hostinu.‘

24Pak skládal účty ten poslední: ‚Pane, vím, že jsi přísný a záleží ti na zisku, 25ale já jsem měl strach, abych neprodělal, a proto jsem raději peníze zakopal a tady ti je v pořádku vracím.‘ – 26Pán zvolal: ‚Ty lenochu! Ty ničemo! Věděl jsi, oč mi jde. 27Měl jsi svěřené peníze uložit a vynesly by mně aspoň úrok! 28Vezměte od něho ty peníze a dejte je prvnímu. 29Protože tomu, kdo dobře využívá, co mu bylo svěřeno, bude ještě přidáno. Kdo se ani trochu nesnaží, přijde o všechno. 30Toho lenocha vyžeňte ven do tmy. Zbyde mu jen pláč a pozdní lítost.‘

Ježíš mluví o konečném soudu

31Až přijdu v královském majestátu, v doprovodu všech andělů, zasednu k soudu, 32-33kam se dostaví všichni lidé. To bude chvíle konečného rozdělení lidstva. Jako pastýř vybírá ze stáda ty, které si ponechá a které vyřadí, 34tak i já řeknu svým věrným po pravici: ‚Pojďte, sám Otec vás zve do království, které je pro vás připraveno od počátku světa. 35Měl jsem hlad, a dali jste mi najíst, žíznil jsem, a dali jste mi pít, neměl jsem střechu nad hlavou, a vy jste mne přijali, 36neměl jsem co na sebe, a vy jste mne oblékli, v nemoci jste o mne pečovali, a když jsem byl ve vězení, přišli jste za mnou.‘ 37-39Ti věrní namítnou: ‚Nevzpomínáme si, že bychom měli někdy příležitost se takto o tebe postarat.‘

40Tehdy jim odpovím: ‚Co dobrého jste udělali pro jednoho z mých nepatrných bratrů, to jste udělali pro mne.‘

41Těm shromážděným po levici řeknu: ‚Pryč ode mne, propadli jste ohni zatracení, který je připraven pro satana a pro jeho pomocníky! 42-43Vždyť když jsem měl hlad, nedali jste mně najíst, žíznil jsem, a nedali jste mi pít, neměl jsem střechu nad hlavou, a zavřeli jste přede mnou, neměl jsem co na sebe, a neoblékli jste mne, v nemoci jste o mne nepečovali, a když jsem byl ve vězení, nepřišli jste za mnou.‘

44Budou se obhajovat: ‚Pane, jak jsme ti mohli pomoci, když jsme tě nikdy neviděli?‘

45Řeknu jim: ‚Teď už na tom nic nezměníte. Co jste zůstali dlužni tomu nejposlednějšímu, upřeli jste mně.‘

46Ti postavení na levici budou odsouzeni na věky, ale ti na pravici budou žít věčně.“

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 25:1-46

Mmabaawa Edu No Ho Ɛbɛ

1“Ɔsoro Ahennie te sɛ mmabaawa edu bi a wɔfaa wɔn nkanea sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu. 2Na mmabaawa no mu baanum yɛ anyansafoɔ ɛnna baanum nso yɛ nkwaseafoɔ. 3Wɔn mu nkwaseafoɔ no rekɔ no, wɔfaa wɔn nkanea nanso wɔamfa ngo anka ho. 4Nanso, wɔn mu anyansafoɔ no deɛ, wɔrekorɔ no, wɔfaa ngo kaa wɔn nkanea ho de kɔeɛ. 5Ayeforɔkunu no amma ntɛm, enti wɔhyɛɛ aseɛ totɔɔ nko dedaeɛ.

6“Ɔdasuom na wɔtee nteateamu sɛ, ‘Ayeforɔkunu no reba! Momfiri adi nkɔhyia no!’

7“Mmabaawa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn nkanea no. 8Nkwaseafoɔ no srɛɛ anyansafoɔ no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn nkanea no mu na ɛredum.’

9“Anyansafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’

10“Wɔrekɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforɔkunu no baeɛ. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforɔkunu no kɔɔ nʼapontoɔ no ase, na wɔtoo ɛpono no mu.

11“Akyire yi a baanum no sane baeɛ no, wɔgyinaa ɛpono no akyi frɛɛ sɛ, ‘Owura, hini yɛn!’

12“Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfiri hɔ nkɔ. Mennim mo!’

13“Enti, monwɛn na monnim da anaa dɔn ko a mɛsane aba.

Apaafoɔ Baasa Bi Ho Ɛbɛ

14“Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔretu ɛkwan akɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ nʼapaafoɔ baasa, maa wɔn mu biara sika a ɛfata sɛ wɔmfa nyɛ adwuma. 15Ɔmaa ɔbaako dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Ɔmaa deɛ ɔdi hɔ no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe ɛnna ɔmaa deɛ ɔtwa toɔ no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan. 16Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de sika no kɔdii dwa, nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho. 17Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso de sika no kɔyɛɛ adwuma nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe kaa ne sika no ho. 18Nanso, ɔpaani a ne wura maa no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no deɛ, ɔkɔtuu fam de sika no siee hɔ.

19“Mmerɛ bi akyi, wɔn wura no firi akwantuo mu baeɛ. Ɔfrɛɛ apaafoɔ baasa yi sɛ wɔmmɛbu nkonta nkyerɛ no. 20Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho baeɛ. Ɔkaa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Hwɛ, manya dwetɛ kilogram ɔha aduɔson aka ho.’

21“Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’

22“Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Worekɔ no, womaa me dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Mede yɛɛ adwuma, na manya dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe aka ho.’

23“Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra wo wura anigyeɛ mu!’

24“Ɔpaani a ɔnyaa dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ onipa a wʼasɛm yɛ den. Wotumi twa wɔ deɛ wonnuaeɛ, ɛnna wotumi boaboa ano wɔ deɛ wompeteeɛ; 25enti mesuroeɛ, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼadeɛ nie!’

26“Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne ne onihafoɔ! Wonim sɛ metumi twa wɔ deɛ mennuaeɛ, na metumi boaboa ano wɔ deɛ mempeteeɛ a, 27anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me.

28“ ‘Monnye ne nsam sika no, na momfa nkɔma deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ahasa aduanan no. 29Obiara a ɔde deɛ wɔde ama no no bɛyɛ ade pa no, wɔde bi bɛka no ho. Na obiara a wamfa deɛ wɔde ama no no anyɛ ade pa no, deɛ ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. 30Monto akoa a ne ho nni mfasoɔ yi ntwene esum kabii mu: ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.’

Atemmuo Da No

31“Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa ɛberɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so. 32Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu; 33na ɔde nnwan no bɛgyina ne nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so.

34“Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔgyina ne nifa so no sɛ, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi ewiase ahyɛaseɛ no nni! 35Ɛkɔm dee me, na momaa me aduane diiɛ. Sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mode me kɔɔ mo fie. 36Medaa adagya na mofiraa me ntoma. Meyareeɛ, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’

37“Saa ɛberɛ no mu na ateneneefoɔ bɛbisa sɛ, ‘Owura, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de wo a, yɛmaa wo aduane, na sukɔm de wo a yɛmaa wo nsuo nomeeɛ? 38Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ a, yɛde wo kɔɔ yɛn fie, anaasɛ wodaa adagya a, yɛfiraa wo ntoma? 39Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyare a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’

40“Na Ɔhene no, bɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’

41“Afei, mɛdane mʼani akyerɛ wɔn a wɔgyina me benkum so no aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, wɔmfa mo nkɔgu ogyatannaa a ɛnnum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼahokafoɔ no mu. 42Na ɛkɔm dee me, moamma me aduane anni, sukɔm dee me, moamma me nsuo annom. 43Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, moamfa me ankɔ mo fie. Medaa adagya, moamfira me ntoma. Meyareeɛ, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’

44“Wɔn nso bɛbua no sɛ, ‘Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm dee wo, anaasɛ sukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ wodaa adagya, anaasɛ woyareeɛ, anaasɛ wodaa afiase, na yɛanyɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ amma wo?’

45“Na mɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako enti, moanyɛ amma me.’

46“Na wɔbɛkɔ ahoyera a ɛtoɔ ntwa da mu, na ateneneefoɔ akɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu.”