Slovo na cestu

Matouš 19:1-30

Ježíš učí o manželství a rozvodu

1Po tomto hovoru Ježíš odešel do Judska za Jordánem.

2Mnoho lidí šlo za ním a on uzdravoval nemocné. 3Přišli za ním i farizejové a chtěli ho vyprovokovat k nějakému výroku, který by mohli použít proti němu. „Může se člověk rozvést z jakéhokoliv důvodu?“ zeptali se.

4-6On odpověděl: „Nečetli jste v Písmu, že když na počátku Bůh stvořil muže a ženu, ustanovil: Muž opustí své rodiče, připojí se ke své ženě a stanou se jednou bytostí? Nikdo nemá právo rozdělit to, co Bůh spojil.“

7Oni však namítali: „Proč tedy Mojžíš řekl, že muž může propustit manželku jednoduše tím, že jí dá rozlukový lístek?“

8Ježíš odpověděl: „Toto ustanovení Mojžíšova zákona je ústupkem vaší tvrdosti a nesnášenlivosti. Původní Boží úmysl to však nikdy nebyl. 9Já vám říkám, že kdo se rozvádí z jiného důvodu, než je cizoložství jeho partnera, a uzavírá nový sňatek, dopouští se sám cizoložství.“

10Učedníci mu řekli: „Když mohou nastat takové těžkosti mezi mužem a ženou, pak je lepší se neženit.“ 11On odpověděl: „Tak jednoduché to není. Je zde nutné porozumět Boží vůli. 12Jsou tři důvody proto, aby člověk zůstal svobodný: když je k manželství od narození nezpůsobilý, když mu v uzavření sňatku zabránili lidé, nebo když se manželství zřekne dobrovolně pro plnou službu Boží věci. Rozumíte tomu?“

Ježíš žehná malým dětem

13Potom k Ježíšovi nosili malé děti, aby jim žehnal a modlil se za ně. Učedníci však domlouvali těm, kteří děti přivedli, aby Ježíše neobtěžovali. 14On jim ale řekl: „Nechte je, ať jdou ke mně, a nebraňte jim. Jejich místo je u mne.“ 15Kladl na ně ruce a žehnal jim. Pak odtud odešel.

Ježíš mluví s bohatým mužem

16Za Ježíšem přišel jeden mladý člověk a ptal se ho: „Mistře, jakými dobrými skutky mohu získat věčný život?“

17Ježíš mu na to řekl: „Snažíš se být dobrý? To se chceš vyrovnat Bohu, který jediný je skutečně dobrý! Plň jeho přikázání a budeš věčně živ.“

18„Která to jsou?“ zeptal se mladý muž.

Ježíš odpověděl: „Nezabiješ, nezcizoložíš, nebudeš krást, lhát, 19budeš ctít svoje rodiče, své bližní budeš milovat jako sebe!“

20Mladík na to řekl: „To všechno jsem vždycky dodržoval. Co mi ještě chybí?“

21Ježíš odpověděl: „Chceš-li být dokonalý, jdi a prodej celý svůj majetek a peníze rozdej chudým, a tak budeš mít poklad v nebi. Pak se vrať a staň se mým učedníkem.“

22Mladík zesmutněl a zklamaně odešel. Měl totiž velký majetek. 23Ježíš pak řekl svým učedníkům: „Pro zámožného člověka je velmi nesnadné postavit se na Boží stranu. 24Kdybych to měl k něčemu přirovnat, pak snáze projde velbloud uchem jehly, nežli bohatý branou Božího království.“ 25Učedníky to překvapilo a ptali se: „Kdo tedy vůbec může být spasen?“

26Ježíš se na ně zadíval a řekl: „V lidských silách to není, ale Bůh dokáže všechno.“

27Petr se ozval a řekl: „My jsme se vzdali všeho a jdeme za tebou. Co nás čeká?“

28Ježíš odpověděl: „Ujišťuji vás, že až přijdu, abych stvořil nový svět, nad kterým budu panovat v plné slávě, pak vás dvanáct, kteří mne následujete, posadím po svém boku jako soudce celého Izraele. 29A každému, kdo se vzdá domova, bratrů, sester, otce, matky, manželky, dětí nebo majetku proto, aby šel za mnou, všechno mu mnohokrát vynahradím a bude mít podíl na věčném životě. 30Mnozí první budou poslední a poslední budou první.

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 19:1-30

Awaregyaeɛ

1Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ɔfiri Galilea no, ɔtwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea. 2Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yadeɛ.

3Farisifoɔ bi ba bɛbisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wɔbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?”

4Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ, ‘Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa! 5Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’ 6Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu.”

7Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, “Adɛn enti na Mose kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?”

8Yesu buaa wɔn sɛ, “Esiane sɛ na mo akoma apirim no enti na Mose maa awaregyaeɛ ho kwan, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn hyehyɛeɛ. 9Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ.”

10Yesu asuafoɔ no kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.”

11Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi agye asɛm yi atom, agye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. 12Nnipa bi wɔ hɔ a wɔnni mmarimayɛ mu ahoɔden firi awoɔ mu, ebinom nso nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahennie no enti, wɔpo awadeɛ. Obiara a ɔbɛtumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”

Yesu Hyira Mmɔfra Nkumaa

13Wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn. Nanso, asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no anim.

14Yesu kaa sɛ, “Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Ɔsoro Ahennie yɛ wɔn dea.” 15Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefiri hɔ akɔ.

Aberanteɛ Sikani No

16Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”

17Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu deɛ a, di mmaransɛm no so.”

18Aberanteɛ no nso bisaa no sɛ, “Mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he?”

Yesu buaa no sɛ, “Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni atorɔ. 19Di wʼagya ne wo maame ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”

20Aberanteɛ no nso kaa sɛ, “Medi yeinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, menyɛ ɛdeɛn?”

21Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wobɛnya afiri mu no ma ahiafoɔ. Ɛno ansa na wobɛnya ademudeɛ wɔ ɔsoro. Afei bɛdi mʼakyi.”

22Esiane sɛ na saa aberanteɛ yi wɔ ahonyadeɛ bebree enti, ɔtee saa nsɛm yi no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ.

23Afei, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahennie no mu. 24Meka meti mu bio sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu!”

25Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wɔbisaa sɛ, “Na ɛnneɛ hwan na ewiase ha wɔbɛgye no nkwa?”

26Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, “Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ.”

Ahopakyire

27Petro nso kaa sɛ, “Yɛagya biribiara hɔ abɛdi wʼakyiri; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyiridie no mu?”

28Yesu buaa sɛ, “Me, Agyenkwa no, metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn. 29Na obiara a ɔbɛgya ne efie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, nʼagya, ne maame, ne yere, ne mma anaa nʼagyapadeɛ abɛdi mʼakyi no, ɔbɛnya no ɛho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ nso. 30Na wɔn a wɔdi ɛkan no mu pii bɛdi akyire, na wɔn a wɔdi akyire no nso mu bi abɛdi ɛkan.”