Jan 4 – SNC & ASCB

Slovo na cestu

Jan 4:1-54

Ježíš hovoří s učedníky

1-2Stále více lidí se připojovalo k Ježíšovi a jeho učedníci je křtili. 3Aby zabránil případnému střetnutí s náboženskými vůdci, opustil Ježíš Judsko a vrátil se do Galileje. 4Šel skrze Samařsko. 5-6Kolem poledne přišel k Jákobově studni u městečka Sychar. 7-8Jeho učedníci odešli do města nakoupit něco k jídlu. Ježíš si chtěl u studny odpočinout. Sotva usedl, jedna z místních žen přišla pro vodu. „Prosím tě, dej mi napít,“ obrátil se na ni Ježíš. 9„Jak to, že žádáš službu od Samařanky, když jsi Žid?“ (Mezi Židy a Samařany vládlo totiž napětí.)

10Ježíš jí odpověděl: „Kdybys věděla, kdo jsem a co ti nabízím, prosila bys ty mne, abych ti dal napít té životodárné vody.“

11„Vždyť nemáš žádnou nádobu! Jak chceš nabrat vodu z tak hluboké studny?“ namítla žena. 12„Jsi snad mocnější, než byl náš praotec Jákob, který ji vyhloubil? Čerpal z ní vodu pro sebe, svou rodinu i svůj dobytek.“

13-14Nato jí Ježíš odpověděl: „Voda, kterou nabízím já, uhašuje žízeň navždy a naplňuje touhu po věčnosti.“

15„Pane, tu vodu mi dej ať už sem nemusím chodit,“ prosila ho žena.

16„Jdi a přiveď svého muže,“ přikázal jí Ježíš.

17„Nemám muže,“ odpověděla žena.

„To máš pravdu,“ řekl jí Ježíš. 18„Vystřídala jsi jich pět a ani ten, se kterým žiješ nyní, není tvůj muž.“

19„Pane, vidím, že jsi prorok,“ vyhrkla s údivem. 20„To bys mi mohl odpovědět, proč vy Židé považujete jen Jeruzalém za místo vhodné k uctívání Boha. Naši předkové se od nepaměti modlili na této hoře.“

21Ježíš jí odpověděl: „Věř mi, blíží se doba, kdy lidé nebudou uctívat Boha ani v Jeruzalémě, ani na této hoře. 22My známe smysl naší bohoslužby, ale vy ho neznáte, protože Mesiáš vyjde ze Židů. 23Nastává však doba, kdy nebude záležet na tom, kde se kdo modlí, ale jak se modlí. Skuteční vyznavači budou ctít Otce upřímně a neformálně. O takové vyznavače Otci jde. 24Bůh je duchovní bytost a ti, kdo ho vzývají, mají tak činit opravdově a pod vedením Ducha svatého.“

25„Vím, že přijde Mesiáš,“ pravila žena, „ten nám všechno vysvětlí.“

26„Ten Mesiáš jsem já,“ řekl jí nato Ježíš.

Ježíš hovoří o duchovní žízni

27V té chvíli se učedníci vrátili z města a byli překvapeni, když Ježíše zastihli v rozhovoru se ženou. Neodvážili se však zeptat, proč s ní mluví.

28Žena nechala své vědro ležet u studny a spěchala do města, kde řekla lidem: 29„Pojďte se podívat na člověka, s nímž jsem se dosud nesetkala, a přesto o mně všechno ví. Není to snad Mesiáš?“ 30Lidé z města se tedy vydali za Ježíšem.

31Učedníci ho zatím pobízeli, aby se najedl. 32On však odmítl: „Nebudu jíst. Mám jiný pokrm, který neznáte.“

33„Kdo mu přinesl jídlo?“ říkali si.

34Ježíš je hned vyvedl z nejistoty: „Sytím se tím, že konám Boží vůli. Dokončit jeho dílo – to je můj pokrm. 35Obilí bude zralé za čtyři měsíce, ale lidé jsou již zralí ke žni. 36Ten, kdo bude sklízet a shromažďovat tuto úrodu pro věčnost, dostane za svou práci odměnu. A ten, kdo rozséval, bude se radovat spolu s ním. 37Neříká se nadarmo, že jeden zasévá a druhý žne. 38Já vás posílám sklízet pole, které jste neosévali. Jiní se před vámi lopotili a vy sbíráte výsledky jejich práce.“

Mnoho Samařanů uvěřilo v Ježíše

39Na základě svědectví té ženy uvěřilo v Ježíše mnoho Samařanů ze Sychar. 40-41Prosili ho, aby u nich zůstal. Zdržel se tam dva dny, mluvil k nim a jejich víra rostla. 42Ženě řekli: „Teď už věříme ne pro to, co jsi o něm pověděla, ale slyšeli jsme ho a víme, že je opravdu Spasitel světa.“

Ježíš káže v Galileji

43Po dvou dnech pokračoval Ježíš v cestě do Galileje. 44-45I když doma nebývá nikdo ve vážnosti, přijali ho Galilejští velmi srdečně. I oni byli totiž o Velikonocích v Jeruzalémě a stali se tam svědky některých jeho zázraků.

Ježíš uzdravuje syna královského úředníka

46Když Ježíš procházel Galileou, zastavil se také v Káni, kde před nedávnem při svatbě proměnil vodu ve víno. Nedaleko odtud leželo město Kafarnaum. Zde žil jeden královský úředník, jehož syn těžce onemocněl. 47Jakmile se dověděl o Ježíšově návratu, hned ho vyhledal a prosil o pomoc. Žádal ho, aby s ním šel domů a vrátil zdraví umírajícímu synovi. 48Ježíš mu odpověděl: „Cožpak mi neuvěříte, pokud neuvidíte zázraky?“ 49Královský úředník úpěnlivě prosil: „Pane, pojď hned se mnou, vždyť mi doma umírá syn.“

50Ježíš mu však jen krátce řekl: „Vrať se domů. Tvůj syn je zdráv.“ Úředník jeho slovům uvěřil a rychle spěchal domů. 51Již cestou potkal své sluhy, kteří mu běželi naproti se zprávou o synově uzdravení. 52Ten se jich dychtivě zeptal, v kterou dobu se jeho syn uzdravil. „Včera v jednu hodinu odpoledne mu přestala horečka,“ odpověděli. 53Radostí naplněný otec si uvědomil, že právě v tu chvíli mu Ježíš řekl: „Tvůj syn je zdráv.“

Po této události královský úředník uvěřil, že Ježíš je pravý Mesiáš. A uvěřila tomu i jeho rodina a všechno služebnictvo. 54Tak Ježíš učinil druhý zázrak v Galileji po svém návratu z Judska.

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 4:1-54

Ɔbaa A Na Ɔwɔ Kununom Baanum

1Farisifoɔ no tee sɛ nnipa pii rekɔ Yesu nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sene sɛdeɛ nnipa kɔ Yohane nkyɛn. 2Nso na Yesu ankasa deɛ, ɔmmɔ asu, na mmom, nʼasuafoɔ no na wɔbɔ asu. 3Yesu tee saa asɛm yi no, ɔfirii Yudea sane kɔɔ Galilea.

4Ɔrekɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. 5Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, na Yesu abɛn Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. 6Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu.

7Ankyɛre, Samariani baa bi baa hɔ bɛtoo nsuo, na Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsuo no bi nnom.” 8Saa ɛberɛ no, na Yesu asuafoɔ no kɔ kuro no mu kɔtɔ aduane.

9Samariani baa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsuo afiri me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɛ.

10Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsuo yi a, anka wobɛsrɛ no, na wama wo nkwa nsuo.”

11Ɔbaa no bisaa sɛ, “Owura, wonni ahoma, nni bokiti, abura yi mu nso dɔ yie, na ɛhe na wobɛnya saa nkwa nsuo no afiri? 12Woyɛ ɔkɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔtuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nnwan ne nʼanantwie nom mu nsuo bi no anaa?”

13Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, osukɔm de no bio, 14nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asutire a ɛrenwe da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”

15Ɔbaa no srɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nkwa nsuo yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛto nsuo.”

16Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”

17Ɔbaa no buaa no sɛ, “Me wura, menni kunu.”

Yesu nso kaa sɛ, “Asɛm a woaka no yɛ nokorɛ sɛ wonni kunu no. 18Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no mpo, ɔnyɛ wo kunu.”

19Ɔbaa no kaa sɛ, “Owura, mehunu sɛ woyɛ odiyifoɔ. 20Yɛn agyanom Samariafoɔ somm Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so, nanso mo Yudafoɔ deɛ, moka sɛ Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn.”

21Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem. 22Mo Samariafoɔ nnim deɛ mosom no. Nanso, yɛn Yudafoɔ deɛ, yɛnim deɛ yɛsom no, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ so na nkwagyeɛ nam ba. 23Nna bi reba, na mpo aba dada sɛ, nokorɛ asomfoɔ bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokorɛ mu. Yeinom ne asomfoɔ a Agya no hwehwɛ. 24Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no Honhom ne nokorɛ mu.”

25Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesia no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”

26Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.”

27Yesu ano siiɛ pɛ na nʼasuafoɔ no sane baeɛ. Ɛyɛɛ asuafoɔ no nwanwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbaa bi redi nkɔmmɔ. Nanso, wɔn mu biara ammisa ɔbaa no deɛ ɔrehwehwɛ ne Yesu nso deɛ enti a ɔne saa ɔbaa no redi nkɔmmɔ no.

28Afei, ɔbaa yi gyaa nʼasuhina no hɔ sane kɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfoɔ sɛ, 29“Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kɔkoam nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?” 30Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.

31Afei, asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, didi.”

32Yesu buaa wɔn sɛ, “Mewɔ aduane a medi a monnim ho hwee.”

33Ɛmaa asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obi abrɛ no aduane bi anaa?”

34Yesu buaa sɛ, “Mʼaduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mewie dwuma a ɔde maa me sɛ memmɛdi no. 35Moka sɛ, ‘Abosome anan mu, otwaberɛ bɛduru.’ Mommue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na mobɛhunu sɛ aburoo ahoa a ɛkyerɛ sɛ, otwaberɛ aduru! 36Otwafoɔ nya nʼakatua a ɛsɛ no na ɔboaboa deɛ watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Yei ma deɛ ɔdua ne deɛ ɔtwa no nyinaa ani gye. 37Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’ 38Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ monkɔtwa deɛ ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Nnipa foforɔ na wɔduaeɛ na mo deɛ, moanya mfasoɔ afiri adwuma a wɔyɛ no mu.”

Samariafoɔ Pii Gye Yesu Di

39Esiane adanseɛ a Samariani baa no dii wɔ Yesu ho sɛ, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no enti, kuro no mu hɔfoɔ pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no. 40Enti, ɛberɛ a Samariafoɔ no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnanu wɔ wɔn nkyɛn. 41Ne nsɛm no enti nnipa bebree gyee no diiɛ.

42Nnipa a wɔgyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɛnyɛ adanseɛ a wobɛdiiɛ no enti na yɛgye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no enti na yɛagye no adi. Na yɛnim sɛ ɔno ne ewiase Agyenkwa no.”

Galileafoɔ Gye Yesu

43Nnanu akyi no, Yesu firii kuro no mu kɔɔ Galilea. 44Ɛwom sɛ na Yesu aka sɛ, odiyifoɔ biara nni animuonyam wɔ ne ɔman mu deɛ, nanso 45ɛsiane deɛ Galileafoɔ a wɔwɔ Yerusalem Twam Afahyɛ berɛ no mu no hunuu deɛ Yesu yɛeɛ no enti, ɔduruu Galilea no, wɔgyee no.

Yesu Sa Abɔfra Bi Yadeɛ

46Ɔsane kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsuo danee nsã hɔ no bio. Ɔwɔ hɔ no, ɔhene ɔsomfoɔ panin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no 47tee Yesu nka sɛ ɔfiri Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kɔhunuu Yesu, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yadeɛ mma no.

48Yesu kaa sɛ, “Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?”

49Ɔsomfoɔ panin no de ahoyera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bɛwu.”

50Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie, wo ba no ho ayɛ no den!”

Ɔsomfoɔ panin no gyee asɛm a Yesu kaeɛ no dii na ɔsiim sɛ ɔrekɔ efie. 51Ɔnam ɛkwan so no, nʼasomfoɔ bi bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba no ho ayɛ no den. 52Ɔbarima no bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ne ho yɛɛ no den?” Asomfoɔ no buaa no sɛ, “Nnora awia bɛyɛ dɔnko berɛ mu na huraeɛnini a na abɔ no no gyaeeɛ.”

53Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaee sɛ ɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na wo ba no ho ayɛ no den no.” Yei maa ɔbarima no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Yesu diiɛ.

54Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firii Yudea baa Galilea no ɔyɛeɛ.