Lucas 19 – OL & AKCB

O Livro

Lucas 19:1-48

Zaqueu, o cobrador de impostos

1Quando Jesus ia a atravessar Jericó, 2um homem muito rico, chamado Zaqueu, que era chefe dos que cobravam impostos, procurou ver Jesus. 3Mas como era de estatura baixa e não conseguia espreitar por cima da multidão, 4correu à frente e trepou a uma árvore junto à estrada para dali o ver.

5Quando Jesus ia a passar, olhou para cima e, vendo Zaqueu, chamou-o pelo nome: “Zaqueu, desce depressa, porque convém-me visitar-te hoje!”

6Ele saltou para o chão e, satisfeito, levou Jesus para a sua casa. 7Mas a multidão ficou descontente. “Afinal, vai ser hóspede de um conhecido pecador”, murmuravam.

8Entretanto, Zaqueu levantou-se e disse-lhe: “Senhor, darei metade da minha fortuna aos pobres. E se tenho cobrado a mais nos impostos, restituirei quatro vezes esse valor!”

9Jesus disse: “A salvação entrou hoje neste lar! Este homem é como um filho fiel de Abraão! 10O Filho do Homem veio buscar e salvar pessoas perdidas como este homem!”

A parábola das dez moedas

(Mt 25.14-30)

11A multidão ouvia tudo o que Jesus lhes dizia. Como se aproximava de Jerusalém, Jesus contou-lhes uma parábola para desfazer a ideia de que o reino de Deus ia começar imediatamente. 12“Um certo homem nobre foi chamado a uma terra distante para aí ser coroado rei e depois regressar. 13Antes de partir, chamou dez servos, deu-lhes dez minas para investirem e porem a render e disse-lhes: ‘Façam negócio com este dinheiro durante a minha ausência.’ 14Porém, alguns dos seus compatriotas odiavam-no e, passado algum tempo, mandaram-lhe uma declaração de independência, dizendo que se tinham revoltado e que já não o aceitavam como rei.

15Ao regressar investido da autoridade de rei, tornou a chamar os servos a quem dera o dinheiro, para saber o que tinham feito com ele e que lucros tinham colhido. 16O primeiro homem apareceu com um bom lucro, dizendo: ‘Senhor, ganhei dez vezes a tua mina.’ 17‘Ótimo, servo bom!’ exclamou. ‘Fizeste bem. Foste fiel com o pouco que te confiei, em recompensa serás governador de dez cidades.’

18O segundo também apareceu com lucros, e disse: ‘Senhor, a tua mina rendeu outras cinco.’ 19‘Muito bem! Serás governador de cinco cidades!’, disse-lhe o rei.

20Mas o terceiro trouxe apenas o dinheiro que lhe fora entregue: ‘Senhor, guardei-o embrulhado num pano 21porque tive medo, pois és um homem rigoroso nos negócios, tirando proveito do que não investiste e ceifando o que não semeaste!’

22‘Foste um servo mau! Sabias que sou um homem rigoroso que tira proventos do que não investiu e ceifa o que não semeou? 23Então porque não depositaste o meu dinheiro no banco para que eu o recebesse acrescido de juros?’ 24E voltando-se para os outros que ali estavam, ordenou: ‘Tirem o dinheiro a este homem e deem-no ao das dez minas!’

25E disseram-lhe: ‘Mas Senhor, ele já tem dez minas!’

26Digo-vos que todo aquele que tiver receberá; mas a quem não tem até o que tiver lhe será tirado. 27E quanto a esses meus inimigos que se revoltaram, tragam-nos e matem-nos na minha presença.”

Entrada de Jesus em Jerusalém

(Mt 21.1-11; Mc 11.1-11; Jo 12.12-19)

28Depois disto, Jesus prosseguiu para Jerusalém, caminhando à frente dos discípulos. 29Quando se aproximavam das vilas de Betfagé e Betânia, perto do monte das Oliveiras, enviou dois dos discípulos à frente. 30Disse-lhes: “Vão até àquela aldeia além e, logo à entrada, encontrarão uma cria de jumento amarrada, que ninguém montou ainda. Soltem-na e tragam-na. 31Se alguém vos perguntar ‘Porque estão a soltá-la?’, respondam: ‘O Senhor precisa dela.’ ”

32Encontraram o jumento, como Jesus lhes tinha dito. 33Quando estavam a soltá-lo, os donos pediram uma explicação: “Porque estão a soltar o jumentinho?”

34Os discípulos responderam: “O Senhor precisa dele.” 35Assim, levaram o jumento a Jesus. Puseram os mantos sobre o lombo do animal e ele montou-o.

36Enquanto ele avançava, as gentes estendiam os seus mantos no caminho. 37Ao chegarem à descida para o monte das Oliveiras, todo o cortejo de discípulos louvava Deus com alegria por todos os milagres que viam, e exclamavam:

38“Bendito seja o Rei que vem em nome do Senhor! Paz no céu! Glória nas alturas!”19.38 Sl 118.26.

39Mas alguns dos fariseus que seguiam entre a multidão disseram: “Mestre, avisa os teus discípulos que não digam essas coisas!”

40Jesus respondeu: “Se eles se calassem, até as pedras ao longo da estrada começariam a aclamar-me!”

41Já mais perto de Jerusalém, quando viu a cidade à sua frente, Jesus começou a chorar e disse: 42“Se tu compreendesses, ao menos neste dia, o que poderia trazer-te a paz! Mas agora não consegues entender. 43Os teus inimigos farão um plano para te conquistar, cercando-te e atacando-te. 44Serás esmagada até ao chão juntamente com os teus filhos dentro de ti. Os teus inimigos não deixarão pedra sobre pedra, pois rejeitaste a oportunidade que Deus te ofereceu.”

Jesus no templo

(Mt 21.12-17; Mc 11.15-19; Jo 2.13-22)

45Depois, ao entrar no templo, Jesus começou a expulsar os negociantes. 46Disse-lhes: “As Escrituras afirmam: ‘O meu templo será chamado casa de oração’19.46 Is 56.7., mas vocês transformaram-no num covil de ladrões!”19.46 Jr 7.11.

47A partir dali, ensinava diariamente no templo, mas já os principais sacerdotes, os especialistas na Lei e os anciãos procuravam arranjar maneira de acabarem com ele. 48E não achavam forma de o fazer, pois Jesus atraía muito povo que bebia as suas palavras.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 19:1-48

Ɔtowgyeni Sakeo

1Da bi a na Yesu retwa mu wɔ Yeriko no, 2ohuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtowgyeni panyin san yɛ osikani nso. 3Bere a Yesu retwa mu no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ohu no, nanso esiane sɛ na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no. 4Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na esisi hɔ no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.

5Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so huu no ka kyerɛɛ no se, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam na wo fi na nnɛ mɛtena.” 6Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so.

7Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Ɔdebɔneyɛni yi na wakɔ akɔsoɛ no.”

8Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, “Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.”

9Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ oyi nso yɛ Abraham ba. 10Na mebae sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa.”

Adwumayɛ Ho Akontaabu

11Bere a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsan buu wɔn bɛ foforo de kyerɛɛ wɔn se, Onyankopɔn ahenni no abɛn. 12Ɔkae se, “Ɔdehye bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so san kɔɔ ne kurom se ɔrekɔ na wɔakosi no ɔhene. 13Ansa na ɔrebefi nʼakwantu no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo mu du maa wɔn mu biara mina19.13 mina yɛ ɔpaani asram abiɛsa akatua. du ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma nkosi sɛ mɛba.’

14“Kurom hɔfo no tee nʼahenni no ho asɛm no, wotuu nnipa kohuu mpanyimfo no se wɔmpɛ no.

15“Nanso wosii no hene ma ɔsan kɔɔ faako a na ɔyɛ adwuma no. Odui no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo du no se, wommebu sika a ɔde maa wɔn no ho akontaa nkyerɛ no.

16“Odwumayɛni a odii kan ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho du.’

17“Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa, esiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokware nti, mede nkurow du bɛhyɛ wʼase na woadi so.’

18“Odwumayɛni a ɔto so abien no ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho anum.’

19“Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mede nkurow anum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’

20“Ɔfoforo nso bɛkae se, ‘Me wura wo sika mina du a wode maa me no, mede siei, ɛno ni. 21Na misuro wo, efisɛ wo ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ wo dea no, wugye na nea wunnuae nso no, wutwa.’

22“Ne wura no buaa no se, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na migyina abu wo atɛn. Wunim sɛ me ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ me dea no migye; nea minnuae no, mitwa. 23Adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebae yi menya ho nsiho.’

24“Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a na wogyina hɔ no se, ‘Munnye sika no mfi ne nsam mfa mma nea ɔde ne de yɛɛ adwuma nyaa mmɔho du no.’

25“Asomfo no kae se, ‘Yɛn wura, sɛ oyi de ɔwɔ sika bebree!’

26“Owura no kae se, ‘Merema mo ate ase sɛ, nea ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na nea ɔwɔ kakraa bi no, nea ɔwɔ mpo no, wobegye afi ne nsam. 27Na afei, momfa mʼatamfo a anka wɔmpɛ sɛ midi ade no mmra mʼanim ha na munkum wɔn!’ ”

Yesu Hyɛn Yerusalem Sɛ Ɔhene

28Yesu kaa nsɛm yi wiee no, odii nʼasuafo no kan kɔɔ Yerusalem. 29Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔw so no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn se, 30“Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsan no mfa no mmrɛ me. 31Sɛ obi bisa se ‘Adɛn nti na moresan no’ a, monka nkyerɛ no se, ‘Ne ho hia Awurade.’ ”

32Asuafo baanu a wɔkɔe no kohuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛnea Yesu kae no. 33Bere a wɔresan afurum ba no, ne wuranom bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan aboa no?”

34Wobuaa wɔn se, “Ne ho hia Awurade.”

35Asuafo no de afurum ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntama sesɛw ne so ma ɔtenaa ne so. 36Yesu te afurum ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so ma ɔfaa so.

37Oduu Ngo Bepɔw no so baabi a wɔrebesian akɔ Yerusalem no, nʼakyidifo no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwonwade ahorow a wayɛ no ho se,

38“Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!”

“Asomdwoe ne anuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohɔ!”

39Farisifo no bi a na wɔfra nnipakuw no mu no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ wʼakyidifo no na wommua wɔn ano!”

40Yesu buaa wɔn se, “Sɛ womua wɔn ano koraa a, abo mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.”

Yesu Su Ma Yerusalem

41Yesu rebɛn Yerusalem a ohuu kurow no, osu maa mu nnipa no se, 42“Mo a anka asomdwoe yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan, nanso mo nsa renka da! 43Nna bi bɛba a mo atamfo bɛba abɛtoa mo aka mo ahyɛ, 44atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kurow yi pasaa, efisɛ moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”

Yesu Pam Aguadifo Fi Asɔredan Mu

45Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpam nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae se, 46“Wɔakyerɛw se, ‘Me fi bɛyɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ adwowtwafo atenae!’ ”

47Saa bere no nyinaa na asɔfo mpanyimfo, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyimfo rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya no akyere no akum no. 48Nanso na wonhu ɔkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, efisɛ bere nyinaa na nnipa akyere no so retie no.