2 Samuel 12 – OL & ASCB

O Livro

2 Samuel 12:1-31

Natã repreende David

1-2O Senhor mandou o profeta Natã contar esta história a David: “Havia dois homens numa cidade. Um deles era bastante rico, possuindo rebanhos de cordeiros e manadas de vacas. 3O outro, muito pobre, tinha apenas uma pequena ovelha que conseguira comprar e que criara em casa. Crescera com os seus próprios filhos; muitas vezes tirara alimento do seu prato para lhe dar; dera-lhe a beber do seu copo; dormira no seu regaço como uma filha.

4Certo dia, chegou a casa do rico um hóspede. Em vez de matar um cordeiro do seu rebanho para o jantar do viajante, foi buscar a ovelha do pobre, assou-a e serviu-a ao convidado.”

5David ficou furioso ao ouvir aquilo: “Tão certo como vive o Senhor, que quem quer que tenha feito uma coisa dessas deve morrer. 6Deverá pagar quatro ovelhas pela que roubou e por não ter tido misericórdia.”

7“Tu és esse homem!”, disse-lhe Natã. “O Senhor Deus de Israel manda dizer: ‘Consagrei-te rei de Israel e salvei-te do poder de Saul. 8Dei-te a família e as mulheres do teu senhor, e os reinos de Israel e de Judá. Se isso não bastasse, dar-te-ia muito mais. 9Porque é que então desprezaste a palavra do Senhor, e praticaste uma ação tão má? Enviaste Urias para ser morto em batalha, por intermédio da espada dos amonitas, e roubaste-lhe a mulher. 10Por isso, o assassínio será uma constante ameaça no seio da tua família daqui em diante, pois insultaste-me, tomando para ti a mulher de Urias.

11Garanto-te que, em razão daquilo que fizeste, a tua própria casa se revoltará contra ti. Darei as tuas mulheres a outro homem, que dormirá com elas à luz do dia. 12Enquanto tu o fizeste secretamente, eu tomarei providências para que tal se passe abertamente, para que sirva de sinal a todo o Israel.’ ”

13“Pequei contra o Senhor”, confessou David a Natã. Este respondeu: “Sim, mas o Senhor perdoou-te. Não morrerás por causa deste pecado. 14No entanto, deste uma grande oportunidade aos inimigos do Senhor para que o desprezem e blasfemem dele. Por isso, a criança que nasceu morrerá.”

15Natã retirou-se. O Senhor permitiu que o menino de Bate-Seba ficasse muito doente. 16David implorou a Deus que poupasse o filho; deixou de comer e ficou prostrado no chão, a noite inteira. 17Os responsáveis pela sua casa imploravam-lhe que se levantasse e fosse comer com eles, mas sempre recusou.

18Então, ao fim de sete dias, o bebé morreu. Os criados tinham receio de lho ir dizer: “Se estava daquela maneira quando a criança se encontrava doente, o que não será quando lhe comunicarmos que já faleceu?”

19David, no entanto, reparando naqueles sussurros, percebeu o que acontecera. “A criança morreu?”, perguntou. “Sim, já faleceu.”

20Então levantou-se, foi-se lavar, arranjou o cabelo, mudou de roupa, dirigiu-se ao tabernáculo e adorou o Senhor. Regressou ao palácio e comeu.

21Os criados estavam atónitos: “Não percebemos nada”, disseram. “Enquanto a criança estava com vida, choraste e recusaste comer; agora que está morta, acabaste com o choro e tornaste a comer.”

22“Se jejuei e chorei, enquanto a criança vivia, é porque pensava assim: Pode ser que o Senhor me conceda a graça de permitir que o bebé sobreviva. 23Por que razão haveria de continuar a jejuar depois de ele morrer? Poderia fazê-lo ressuscitar? Eu sim, poderei ir ter com ele, mas o menino não vem mais ter comigo.”

24Depois foi consolar Bate-Seba. Tornando a dormir com ela, nasceu-lhe outro filho a quem chamou Salomão. O Senhor amou a criança. 25Mandou abençoá-la através do profeta Natã. O rei chamou ao menino Jedidias, que quer dizer “amado do Senhor”, devido ao interesse que o Senhor manifestou.

A conquista de Rabá

(1 Cr 20.1-3)

26Entretanto, Joabe e o exército de Israel estavam a terminar vitoriosamente o assalto a Rabá, capital dos amonitas. 27O general mandou mensageiros a David: “Rabá, com o seu depósito de água, é já nossa! 28Traz o resto do exército e finaliza o combate, para que recebas o crédito da vitória e não eu.”

29David conduziu o exército até Rabá e capturou-a. 30Deslocando-se ao local da batalha, tirou a coroa da cabeça do rei de Rabá, que se chamava Milcom, e colocou-a na sua própria cabeça. Era feita toda de ouro, com pedras preciosas incrustadas, e pesava 34 quilos. Levou também da cidade grande despojo. 31Obrigou ainda o povo da cidade a trabalhar com serras, machados e picaretas e como fabricantes de tijolos. Foi desta forma que capturou todas as cidades dos amonitas. David e todo o seu exército regressaram a Jerusalém.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 12:1-31

Natan Ka Dawid Anim

1Awurade somaa odiyifoɔ Natan sɛ ɔnkɔka abasɛm yi nkyerɛ Dawid: “Na mmarima baanu bi te kuro bi so. Na mmarima no mu baako yɛ osikani, na deɛ ɔka ho no nso yɛ ohiani. 2Na osikani no wɔ nnwan ne anantwie bebree, 3ohiani no deɛ, na ɔnni hwee ka odwanbereɛ ketewa bi a ɔtɔɔ no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyini boom. Na ɔne aboa no di nʼaduane, nom firi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ɔbabaa ma no.

4“Ɛda koro bi, ɔhɔhoɔ bi baa osikani no nkyɛn, nanso wankum ne nnwan anaa ne nantwie annoa aduane amfa ansom no hɔhoɔ. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no odwanbereɛ no, de yɛɛ aduane maa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ no no.”

5Dawid tee asɛm no, ne bo fuu saa ɔbarima no yie, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wuo. 6Ɛsɛ sɛ ɔtua odwanbereɛ no ka mmɔ ho ɛnan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔborɔ biara.”

7Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Onyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo firii Saulo tumi ase. 8Mede ne fie ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na sɛ na ɛnonom nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho. 9Adɛn enti na woabu Awurade asɛm animtia, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere. 10Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, akofena na ɛbɛyɛ ahunahunadeɛ ama wo fiefoɔ, ɛfiri sɛ, woabu me animtia, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.’

11“Esiane deɛ woayɛ yi enti, me Awurade, mɛma wʼankasa fidua mufoɔ asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforɔ, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahunu. 12Woyɛɛ yei wɔ kɔkoam, nanso mɛma deɛ ɛreba wo so no ada dwa, ama Israel nyinaa ahunu.”

Dawid Gye Ne Bɔne To Mu

13Na Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade.”

Natan buaa sɛ, “Awurade ayi wo bɔne no afiri wo so. Worenwu. 14Nanso, sɛ woama Awurade atamfoɔ ɛkwan sɛ wɔmmu no animtia, ngu ne din ho fi enti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bɛwu.”

15Natan kɔɔ ne fie ara pɛ, Awurade maa abɔfra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree dendeenden. 16Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abɔfra no nkye. Ɔkyenee ho kɔm, na ɔkɔɔ fie, na anadwo mu no nyinaa, ɔdaa fam tim. 17Mpanimfoɔ a wɔwɔ ne fie srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene. 18Ne nnanson so, abɔfra no wuiɛ. Na Dawid afotufoɔ no suro sɛ wɔbɛbɔ no amaneɛ sɛ abɔfra no awu, ɛfiri sɛ, na wɔn adwene ne sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no sɛ abɔfra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.”

19Na Dawid hunuu sɛ nʼafotufoɔ no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka sɛ abɔfra no awu. Ɔbisaa sɛ, “Abɔfra no awu anaa?”

Wɔbuaa sɛ, “Aane, wawu.”

20Na Dawid sɔre firii fam hɔ. Afei, ɔdware wieeɛ a ɔpetee ne ho aduhwam, na ɔsesaa ne ntadeɛ no, ɔkɔɔ Awurade efie kɔsomee. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa efie, na ɔno ankasa bisa ma wɔbrɛɛ no aduane, na ɔdidiiɛ.

21Nʼafotufoɔ no bisaa no sɛ, “Deɛ woreyɛ yi, aseɛ ne sɛn? Ɛberɛ a abɔfra no te ase no, wodii mmuada, twaa agyaadwoɔ. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidie!”

22Ɔbuaa sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no da so te ase no deɛ, medii abuada, twaa agyaadwoɔ. Medwenee sɛ, ‘Hwan na ɔnim? Ebia, Awurade bɛhunu me mmɔbɔ ama abɔfra no atena.’ 23Na afei a wawu yi, adɛn enti na ɛsɛ sɛ medi abuada? Mɛtumi asane de no aba nkwa mu bio anaa? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno deɛ, ɔrensane mma me nkyɛn ha da.”

24Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no daeɛ. Ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Salomo. Awurade pɛɛ abɔfra no asɛm, 25na ɔde asɛm faa odiyifoɔ Natan so sɛ, ɛsɛ sɛ abɔfra no din yɛ Yedidia, ɛfiri sɛ na Awurade dɔ no.

Dawid Ko Fa Raba

26Saa ɛberɛ no, na Yoab ne Israel akodɔm no reyɛ awie Amon ahenkuro Raba tua no nkonimdie so. 27Yoab somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mako atia Raba, afa deɛ wɔnya wɔn nsuo firie. 28Afei, fa akodɔm a wɔaka no bra na wɔnwie adwuma no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya nkonimdie animuonyam no sene sɛ ɛbɛyɛ me dea.”

29Enti, Dawid dii nʼakodɔm a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa hɔ. 30Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛ, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛ no a aboɔdemmoɔ bobɔ mu. Na emu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid foo asadeɛ bebree wɔ kuropɔn no mu. 31Ɔsane faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɛwan, pinkase ne nkuma yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkuro nyinaa so dii noɔ. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.