1 Crónicas 19 – OL & AKCB

O Livro

1 Crónicas 19:1-19

Guerra contra os amonitas e arameus

(2 Sm 10.1-19)

1Algum tempo depois, morreu Naás, rei dos amonitas, e seu filho ascendeu ao trono em seu lugar. 2David declarou: “Vou mostrar bondade para com Hanum, filho de Naás, por causa da amizade que o seu pai revelou para comigo.” David enviou embaixadores para expressarem as suas condolências a Hanum pelo falecimento do pai. Quando os embaixadores de David chegaram, 3os conselheiros de Hanum falaram desta forma ao rei amonita: “Esta gente não veio honrar a memória do teu pai. David mandou-os para espiarem a nação antes de a atacar!”

4Então Hanum mandou rapar a barba dos embaixadores e cortar-lhes a roupa que traziam, até à altura das ancas, o que representava um insulto. Depois mandou-os embora, no meio de grande vergonha. 5Quando David teve conhecimento do que acontecera, disse-lhes que ficassem em Jericó até lhes crescer novamente a barba, pois aqueles homens estavam envergonhados por causa do aspeto que tinham. 6Por seu lado, Hanum deu-se conta de como tinha suscitado seriamente a ira de David e mandou estipular, do tesouro do reino, uma soma de 34 toneladas de prata para comprar tropas mercenárias, cavalos de guerra e cavaleiros da Mesopotâmia, de Aram, de Maacá e de Zobá. 7Também alugou 32 000 carros de guerra, bem como o próprio apoio do rei de Maacá e de todo o seu exército. Todas estas tropas acamparam em Medeba, onde se juntaram os amonitas que também vieram para combater.

8Quando contaram isto a David, este enviou Joabe e todo o exército israelita para os atacar. 9O exército dos amonitas saiu-lhes ao encontro e começou o combate às portas da cidade de Medeba. Entretanto, as forças mercenárias aproximaram-se do campo de batalha.

10Joabe, vendo que tinha de lutar em duas frentes, pôs de parte os melhores combatentes das suas tropas e, sob o seu próprio comando, levou-os a confrontarem-se com os arameus na planície. 11Outro grupo, sob o comando do seu irmão Abisai, dirigiu-se contra os amonitas. 12“Se os arameus forem mais fortes do que eu, vem ajudar-me”, disse Joabe ao irmão. “Se os amonitas prevalecerem sobre ti, vou eu ajudar-te. 13Coragem e atuemos como homens que defendem o povo e as cidades do nosso Deus. Que o Senhor faça o que for melhor!”

14Seguidamente, quando Joabe e as suas tropas atacaram, os arameus começaram a fugir. 15Por sua vez, os amonitas ao verem o que estava a acontecer também se puseram a fugir para dentro da cidade. Joabe retirou-se para Jerusalém.

16Depois desta derrota, os arameus mandaram vir mais tropas do oriente do rio Eufrates, conduzidas por Sofaque, o chefe do exército do rei Hadadezer.

17Ao saber dos acontecimentos, David mobilizou todo o Israel, atravessou o rio Jordão e ordenou uma batalha contra as tropas inimigas. 18Os arameus fugiram novamente de David e este matou 7000 condutores de carros de combate e 40 000 soldados. Sofaque, o general das tropas arameias, também foi morto. 19Os aliados de Hadadezer, constatando que os arameus tinham sido derrotados, renderam-se ao rei David e tornaram-se seus servos.

A partir de então, nunca mais os arameus quiseram ajudar os amonitas.

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 19:1-19

Dawid Di Amorifo So Nkonim

1Eyinom akyi no, Amonhene Nahas wui, na ne babarima Hanun bedii ade. 2Dawid susuw ho se, “Mɛda ayamye adi akyerɛ Nahas ba Hanun, efisɛ nʼagya daa ayamye adi kyerɛɛ me.”

Ɛno nti, Dawid tuu abɔfo ma wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wu no ho. Bere a abɔfo no duu Amon asase so no, 3Hanun asahene bisaa no se, “Enti wugye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya anuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.” 4Enti Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii wɔn abogyesɛ, twitwaa wɔn ntade ano wɔ wɔn to ase, ma wɔsan kɔe.

5Bere a Dawid tee asɛm no, otuu abɔfo kɔɔ asomafo no nkyɛn kɔkae se, “Montena Yeriko mma mo abogyesɛ no mfuw ansa na moaba.” Efisɛ na wɔn ho ayɛ fɛre yiye.

6Afei, Amonfo huu abufuwtraso a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfo soma ma wɔde dwetɛ nkaribo ani tɔn aduasa awotwe kogyee nteaseɛnam ne asraafodɔm fii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba. 7Wɔsan pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa abien, na wonyaa akyigyina fii Maakahene ne nʼakofo nkyɛn. Saa asraafodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon asraafodɔm a Hanun nya fii nʼankasa nkurow so no kɔkaa wɔn ho.

8Bere a Dawid tee saa no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofo sɛ wɔne wɔn nkɔko. 9Amonfo asraafo no begyinagyinaa kuropɔn no pon ano, na ahemfo a wɔaka no nso gyinagyinaa sare no so.

10Bere a Yoab huu sɛ ɛsɛ sɛ ɔko ha ne ha no, ɔpaw nʼakofodɔm no mu akofo a wonim ako yiye no. Ɔde wɔn hyɛɛ nʼankasa ase, dii wɔn anim kɔko tiaa Aramfo no a wogyinagyina sare so no. 11Ogyaw asraafodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔtow nhyɛ Amonfo no so. 12Na Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no se, “Sɛ Aramfo no yɛ den ma me dodo a, bra na bɛboa me.” Yoab toaa so se, “Sɛ Amonfo no yɛ den dodo ma wo a, mɛba abɛboa wo. 13Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoduru nko nnye yɛn nkurɔfo ne yɛn Onyankopɔn nkurow. Awurade bɛyɛ nea eye wɔ nʼani so.”

14Bere a Yoab ne nʼakofo no tow hyɛɛ Aramfo no so no, wofii ase guanee. 15Na Amonfo huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab san kɔɔ Yerusalem.

16Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo no nti, wɔfrɛɛ Aram asraafodɔm foforo fii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa asraafodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser asraafodɔm nyinaa so sahene ase no bae.

17Bere a Dawid tee asɛm a asi no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, de nʼakofo no gyinagyinaa wɔn mpasua so. Afei, ɔne atamfo no de ɔko hyehyɛɛ so, ma wɔko tiaa no. 18Ɛha nso, Aramfo no guan fii Israelfo no anim, na Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo mpem ason ne anammɔnmufo asraafo mpem aduanan a Sofak a ɔyɛ wɔn so sahene no ka ho.

19Hadadeser asomfo huu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, maa Dawid faa wɔn sɛ ne nkoa. Ɛno akyi no, Aramfo ampɛ sɛ wɔbɛboa Amonfo bio.