Jeremías 15 – NVI & ASCB

Nueva Versión Internacional

Jeremías 15:1-21

1El Señor me dijo: «Aunque Moisés y Samuel se presentaran ante mí, no tendría compasión de este pueblo. ¡Échalos de mi presencia! ¡Que se vayan! 2Y si te preguntan: “¿A dónde iremos?”, entonces responderás que así dice el Señor:

»“Los destinados a la muerte, a la muerte;

los destinados a la espada, a la espada;

los destinados al hambre, al hambre;

los destinados al cautiverio, al cautiverio”.

3»Enviaré contra ellos cuatro clases de calamidades —afirma el Señor—, la espada para matar, los perros para destrozar, las aves del cielo para devorar y las bestias de la tierra para destruir. 4Los haré motivo de terror para todos los reinos de la tierra, por causa de lo que Manasés, hijo de Ezequías y rey de Judá, hizo en Jerusalén.

5»¿Quién tendrá compasión de ti, Jerusalén?

¿Quién llorará por ti?

¿Quién se detendrá a preguntar por tu bienestar?

6Tú me has rechazado,

te has vuelto atrás»,

afirma el Señor.

«Extenderé mi mano contra ti y te destruiré;

estoy cansado de tenerte compasión.

7Te arrojaré al viento con el rastrillo

en las puertas de la ciudad.

A ti te dejaré sin hijos y a mi pueblo lo destruiré,

porque no cambió su conducta.

8Haré que sus viudas sean más numerosas

que la arena de los mares;

en pleno día enviaré destrucción

contra las madres de los jóvenes.

De repente haré que caigan sobre ellas

la angustia y el pavor.

9Se desmaya la que tuvo siete hijos;

se queda sin aliento.

Su sol se pone en pleno día;

¡se queda avergonzada y humillada!

A sus sobrevivientes los entregaré a la espada

delante de sus enemigos»,

afirma el Señor.

10¡Ay de mí, madre mía, que me diste a luz

como hombre de contiendas y disputas contra toda la nación!

No he prestado ni me han prestado,

pero todos me maldicen.

11El Señor dijo:

«Ciertamente te libraré para bien;

haré que el enemigo te suplique

en tiempos de calamidad y de angustia.

12»¿Puede el hombre romper el hierro,

el hierro del norte o el bronce?

13»Por causa de todos tus pecados

entregaré como botín, sin costo alguno,

tu riqueza y tus tesoros,

por todo tu territorio.

14Haré que sirvas15:14 Haré que sirvas (mss. hebreos, LXX y Siríaca); Haré pasar (TM). a tus enemigos

en una tierra que no conoces,

porque mi ira encenderá un fuego

que arderá contra ustedes».

15Tú comprendes, Señor;

¡acuérdate de mí y cuídame!

¡Toma venganza de los que me persiguen!

Tú eres lento para la ira,

no permitas que sea yo arrebatado;

sabes que por ti sufro injurias.

16Al encontrarme con tus palabras,

yo las devoraba;

ellas eran mi gozo

y la alegría de mi corazón,

porque yo llevo tu nombre,

Señor Dios de los Ejércitos.

17No me he sentado en compañía de libertinos

ni me he divertido con ellos;

he vivido solo, porque tu mano estaba sobre mí

y me has llenado de indignación.

18¿Por qué no cesa mi dolor?

¿Por qué es incurable mi herida?

¿Por qué se resiste a sanar?

¿Serás para mí un arroyo engañoso,

de aguas no confiables?

19Por eso, así dice el Señor:

«Si te arrepientes, yo te restauraré

y podrás servirme.

Si evitas hablar en vano,

y dices palabras valiosas,

tú serás mi portavoz.

Que ellos se vuelvan hacia ti,

pero tú no te vuelvas hacia ellos.

20Haré que seas para este pueblo

como invencible muro de bronce;

pelearán contra ti,

pero no te podrán vencer,

porque yo estoy contigo

para salvarte y librarte»,

afirma el Señor.

21«Te libraré del poder de los malvados;

te rescataré de las garras de los violentos».

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 15:1-21

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel15.1 Mose ne Samuel. Wɔgyee din ɛfiri sɛ wɔdii ntam maa Israel nnebɔneyɛfoɔ no wɔ Awurade anim. (2 Mose 32.11-14,30-34; 4 Mose 14.13-23; 5 Mose 9.18-20,25-29; 1 Sam 7.5-9; 12.19-25; Nnw 99.6-8). bɛgyinaa mʼanim a, mʼakoma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma wɔmfiri mʼani so! Ma wɔnkɔ! 2Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:

“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom;

wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano;

wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn;

wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’

3“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn. 4Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti.

5“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem?

Hwan na ɔbɛgyam wo?

Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ?

6Woapo me,” Awurade na ɔseɛ.

“Wogu akyirisane so ara.

Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo.

Me yam renhyehye me mma wo bio.

7Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn so

wɔ asase no kuropɔn apono ano.

Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so,

ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan.

8Mɛma wɔn akunafoɔ adɔɔso

asene mpoano anwea.

Mede ɔsɛefoɔ bɛba owigyinaeɛ

abɛtia wɔn mmeranteɛ maamenom;

mpofirim mede

ɔyea ne ehu bɛba wɔn so.

9Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha,

na wagyae mu.

Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ;

wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase.

Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofena

wɔ wɔn atamfoɔ anim,”

Awurade na ɔseɛ.

10Ao, me maame a wowoo me,

anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ.

Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ!

Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea,

nanso obiara dome me.

11Awurade kaa sɛ,

“Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi;

ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛw

wɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu.

12“Onipa bɛtumi abu dadeɛ mu

dadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere?

13“Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ

bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka,

ɛsiane mo nnebɔne nyinaa

wɔ mo ɔman no mu enti.

14Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ

wɔ ɔman a monnim soɔ so,

mʼabufuo bɛma ogya adɛre

na ɛbɛhye mo.”

15Wote aseɛ, Ao Awurade;

kae me na hwɛ me so.

Tɔ wɔn a wɔtaa me so awere.

Wowɔ abodwokyerɛ, mma me nwu;

hwɛ sɛdeɛ wo enti wɔbɔ me ahohora.

16Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ;

ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ,

na wo din da me so,

Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn.

17Mantena wɔn a wɔgye wɔn ani fekuo mu.

Me ne wɔn annye wɔn ani;

metee me ho tenaeɛ, ɛfiri sɛ wo nsa daa me so

na wʼabofuo hyɛɛ me ma.

18Adɛn enti na me yea to ntwa da

na mʼapirakuro ayɛ nkudaa a ano yɛ den?

Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me,

sɛ asutire a ɛweɛ anaa?

19Enti sei na Awurade seɛ,

“Sɛ wosakyera wʼadwene a, mɛgye wo ato mu bio

na wasom me;

sɛ nsɛm a ɛdi mu firi wʼanomu, na ɛnyɛ nsɛm huhuo a,

wobɛyɛ me kasamafoɔ.

Ma saa nnipa yi nnane mmra wo nkyɛn,

na wo deɛ ɛnsɛ sɛ wodane kɔ wɔn nkyɛn.

20Mede wo bɛyɛ ɔfasuo ama saa nnipa yi,

banbɔ ɔfasuo a wɔde kɔbere ato;

wɔ ne wo bɛdi asie

nanso wɔrenni wɔ so nkonim,

ɛfiri sɛ me ne wo wɔ hɔ

sɛ mɛyi wo na magye wo nkwa,”

Awurade, na ɔseɛ.

21“Mɛgye wo nkwa afiri amumuyɛfoɔ nsam

na mayi wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.”