Bildade
1Então Bildade, de Suá, respondeu:
2“Quando você vai parar de falar?
Proceda com sensatez, e depois poderemos conversar.
3Por que somos considerados como animais
e somos ignorantes aos seus olhos?
4Ah, você, que se dilacera de ira!
Deve-se abandonar a terra por sua causa?
Ou devem as rochas mudar de lugar?
5“A lâmpada do ímpio se apaga,
e a chama do seu fogo se extingue.
6Na sua tenda a luz se escurece;
a lâmpada de sua vida se apaga.
7O vigor dos seus passos se enfraquece,
e os seus próprios planos o lançam por terra.
8Por seus próprios pés você se prende na rede,
e se perde na sua malha.
9A armadilha o pega pelo calcanhar;
o laço o prende firme.
10O nó corredio está escondido na terra para pegá-lo,
há uma armadilha em seu caminho.
11Terrores de todos os lados o assustam
e o perseguem em todos os seus passos.
12A calamidade tem fome de alcançá-lo;
a desgraça está à espera de sua queda
13e consome partes da sua pele;
o primogênito da morte devora os membros do seu corpo.
14Ele é arrancado da segurança de sua tenda,
e o levam à força ao rei dos terrores.
15O fogo mora na tenda dele;18.15 Ou Nada do que ele possuía permanece;
espalham enxofre ardente sobre a sua habitação.
16Suas raízes secam-se embaixo,
e seus ramos murcham em cima.
17Sua lembrança desaparece da terra,
e nome não tem, em parte alguma.
18É lançado da luz para as trevas;
é banido do mundo.
19Não tem filhos nem descendentes entre o seu povo,
nem lhe restou sobrevivente algum
nos lugares onde antes vivia.
20Os homens do ocidente assustam-se com a sua ruína,
e os do oriente enchem-se de pavor.
21É assim a habitação do perverso;
essa é a situação de quem não conhece a Deus”.
Bildad Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu
1Na Suhini Bildad buaa sɛ,
2“Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi?
Dwene ho yie, na afei yɛbɛtumi akasa.
3Adɛn enti na wofa yɛn sɛ anantwie
na wosusu sɛ yɛnnim nyansa yi?
4Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete,
wo enti, ɛsɛ sɛ yɛfiri asase yi so
anaasɛ wo enti, wɔnnwiri mmotan mfiri wɔn siberɛ anaa?
5“Omumuyɛfoɔ kanea adum;
na ne ogya nnɛre bio.
6Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum;
kanea a ɛsi ne ho no dum.
7Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;
nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase.
8Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu,
na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu.
9Afidie sɔ ne nantin
na ɛsɔ ne mu denden.
10Wɔasum no afidie ahinta wɔ fam;
afidie wɔ ne kwan mu.
11Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa
na ɛha no wɔ nʼanammɔntuo biara mu.
12Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no;
na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.
13Ɛwewe ne honam ani baabi;
na owuo di ɛkan sɛe nʼakwaa.
14Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ mu
na wɔde no brɛ ahunahunahene.
15Ogya te ne ntomadan mu;
na wɔabɔ sɔfe a ɛrederɛ apete nʼatenaeɛ.
16Ne nhini wuwu wɔ aseɛ
na ne mman nso wu wɔ ɔsoro.
17Wɔrenkae no asase so bio;
na ɔrennya edin wɔ asase so.
18Wɔka no firi hann mu kɔ sum mu
na wɔpam no firi ewiase.
19Ɔnni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfoɔ mu,
na nʼase ni biara renka wɔ baabi a ɔtenaeɛ.
20Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn wɔ deɛ ato noɔ no ho;
na wɔn a wɔwɔ apueeɛ fam abɔ huboa.
21Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ;
sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ.”