Hebreus 5 – NVI-PT & ASCB

Nova Versão Internacional

Hebreus 5:1-14

1Todo sumo sacerdote é escolhido dentre os homens e designado para representá-los em questões relacionadas com Deus e apresentar ofertas e sacrifícios pelos pecados. 2Ele é capaz de se compadecer dos que não têm conhecimento e se desviam, visto que ele próprio está sujeito à fraqueza. 3Por isso ele precisa oferecer sacrifícios por seus próprios pecados, bem como pelos pecados do povo.

4Ninguém toma essa honra para si mesmo, mas deve ser chamado por Deus, como de fato o foi Arão. 5Da mesma forma, Cristo não tomou para si a glória de se tornar sumo sacerdote, mas Deus lhe disse:

“Tu és meu Filho;

eu hoje te gerei”5.5 Sl 2.7.

6E diz noutro lugar:

“Tu és sacerdote para sempre,

segundo a ordem de Melquisedeque”5.6 Sl 110.4.

7Durante os seus dias de vida na terra, Jesus ofereceu orações e súplicas, em alta voz e com lágrimas, àquele que o podia salvar da morte, sendo ouvido por causa da sua reverente submissão. 8Embora sendo Filho, ele aprendeu a obedecer por meio daquilo que sofreu; 9e, uma vez aperfeiçoado, tornou-se a fonte da salvação eterna para todos os que lhe obedecem, 10sendo designado por Deus sumo sacerdote, segundo a ordem de Melquisedeque.

Advertência contra a Apostasia

11Quanto a isso, temos muito que dizer, coisas difíceis de explicar, porque vocês se tornaram lentos para aprender. 12Embora a esta altura já devessem ser mestres, precisam de alguém que ensine a vocês novamente os princípios elementares da palavra de Deus. Estão precisando de leite, e não de alimento sólido! 13Quem se alimenta de leite ainda é criança e não tem experiência no ensino da justiça. 14Mas o alimento sólido é para os adultos, os quais, pelo exercício constante, tornaram-se aptos para discernir tanto o bem quanto o mal.

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 5:1-14

1Wɔyi Ɔsɔfopanin biara firi nnipa bi mu na wasi wɔn ananmu de wɔn akyɛdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ asom Onyankopɔn. 2Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛ akwan ahodoɔ pii so no enti, ɔtumi to ne bo ase ma wɔn a wɔnnim na wɔyɛ mfomsoɔ no. 3Ne mmerɛyɛ enti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforɔ nso. 4Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho animuonyam5.4 Kristo berɛ so no, na ɔsɔfopanin dibea no da abusuakuo bi mu. sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ wɔfrɛɛ Aaron no.

5Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin amfa anhyɛ ne ho animuonyam. Na mmom, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ,

“Woyɛ me Ba:

ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”

6Ɔsane kaa wɔ baabi foforɔ sɛ,

“Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa

sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.”

7Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpaeɛ nam nkotosrɛ so de nʼabisadeɛ too Onyankopɔn a ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim. Esiane sɛ ɔdwo na ɔde ne ho nyinaa som no no enti, Onyankopɔn tiee no. 8Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba deɛ, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛaseɛ. 9Na ɔwiee pɛyɛ no, wɔn a wɔtie no no nam ne so nya nkwagyeɛ a ɛnni awieeɛ, 10na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.

11Yɛwɔ yei ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, ɛfiri sɛ, mo nteaseɛ yɛ den. 12Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛre, nanso ɛsɛ sɛ monya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm firi ne ahyɛaseɛ. Anka ɛsɛ sɛ saa ɛberɛ yi modi aduane a ɛyɛ den, nanso nufosuo na ɛyɛ ma mo. 13Obiara a nufosuo yɛ ma no da so yɛ abadomaa a ɔnnim deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ. 14Aduane a ɛyɛ den yɛ ma mpanimfoɔ a wɔatete wɔn na wɔahunu nsonsonoeɛ a ɛda papa ne bɔne ntam.