1 Coríntios 5 – NVI-PT & ASCB

Nova Versão Internacional

1 Coríntios 5:1-13

Imoralidade na Igreja!

1Por toda parte se ouve que há imoralidade entre vocês, imoralidade que não ocorre nem entre os pagãos, a ponto de um de vocês possuir a mulher de seu pai. 2E vocês estão orgulhosos! Não deviam, porém, estar cheios de tristeza e expulsar da comunhão aquele que fez isso? 3Apesar de eu não estar presente fisicamente, estou com vocês em espírito. E já condenei aquele que fez isso, como se estivesse presente. 4Quando vocês estiverem reunidos em nome de nosso Senhor Jesus, estando eu com vocês em espírito, estando presente também o poder de nosso Senhor Jesus Cristo, 5entreguem esse homem a Satanás, para que o corpo5.5 Grego: a carne. seja destruído, e seu espírito seja salvo no dia do Senhor.

6O orgulho de vocês não é bom. Vocês não sabem que um pouco de fermento faz toda a massa ficar fermentada? 7Livrem-se do fermento velho, para que sejam massa nova e sem fermento, como realmente são. Pois Cristo, nosso Cordeiro pascal, foi sacrificado. 8Por isso, celebremos a festa, não com o fermento velho nem com o fermento da maldade e da perversidade, mas com os pães sem fermento, os pães da sinceridade e da verdade.

9Já disse por carta que vocês não devem associar-se com pessoas imorais. 10Com isso não me refiro aos imorais deste mundo nem aos avarentos, aos ladrões ou aos idólatras. Se assim fosse, vocês precisariam sair deste mundo. 11Mas agora estou escrevendo que não devem associar-se com qualquer que, dizendo-se irmão, seja imoral, avarento, idólatra, caluniador, alcoólatra ou ladrão. Com tais pessoas vocês nem devem comer.

12Pois como haveria eu de julgar os de fora da igreja? Não devem vocês julgar os que estão dentro? 13Deus julgará os de fora. “Expulsem esse perverso do meio de vocês.”

Asante Twi Contemporary Bible

1 Korintofoɔ 5:1-13

Adwamammɔ

1Nnansa yi, wɔkeka sɛ adwaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfoɔ mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere. 2Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ ho wɔ ho na mompam saa onipa no mfiri mo mu. 3Ɛwom sɛ me deɛ, me ne mo ntam ɛkwan ware, nanso, mewɔ mo nkyɛn honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afideɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ mo nkyɛn ara pɛ. 4Mohyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no enti, 5ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne onipadua no na Awurade da no duru a, wagye ne honhom nkwa.

6Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Monim sɛ, “Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no tu.” 7Ɛsɛ sɛ moyi saa bɔne mmɔreka dada yi firi mo mu na moayɛ kronn. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforɔ a mmɔreka nni mu sɛdeɛ menim mo sɛ mote dada no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Afahyɛ Odwan no abɔ afɔdeɛ no, yɛn Twam Afahyɛ no aduru so. 8Yei enti, mommma yɛmmfa mmɔreka dada a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom, yɛmfa burodo a mmɔreka nni mu na ɛyɛ kronn no nni afahyɛ no.

9Krataa a metwerɛɛ mo no, mekaa wɔ mu sɛ mommfa mo ho mmɔ adwamanfoɔ ho. 10Menkyerɛ ewiase yi adwamanfoɔ anaa aniberefoɔ anaa akorɔmfoɔ anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne yeinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wofiri ewiase koraa. 11Deɛ mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho sɛ onua nanso ɔbɔ adwaman anaa ɔyɛ oniberefoɔ anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfoɔ. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi.

12Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mebu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mobu wɔn atɛn? 13Onyankopɔn na ɔbɛbu wɔn a wɔnni asafo no mu atɛn, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Monyi onipa ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.”