Псалтирь 10 – NRT & AKCB

New Russian Translation

Псалтирь 10:1-7

Псалом 10

1Дирижеру хора. Псалом Давида.

В Господе я нахожу приют.

Как вы можете говорить мне:

«Улетай на гору, как птица!»10:1 Так в некоторых древних переводах; букв.: «Улетай на ваши горы, о птица!»

2Вот, нечестивые уже натянули лук,

положили стрелу на тетиву,

чтобы во тьме стрелять в правых сердцем.

3Когда устои распались,

что может сделать праведный?

4Господь в святом храме Своем,

Господь на небесном троне Своем.

Он наблюдает за всем,

глаза Его испытывают смертных.

5Господь испытывает праведных,

а нечестивых и тех10:5 Или: «Господь испытывает и праведных и злодеев, а тех … », кто любит насилие,

ненавидит Его душа.

6Он на нечестивых прольет дождем

раскаленные угли с горящей серой;

палящий ветер – их участь.

7Господь справедлив и любит праведный суд;

праведники увидят Его лицо.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 10:1-18

Dwom 10

1Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa?

Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi?

2Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo,

wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no.

3Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho;

ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi.

4Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade;

ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee.

5Nʼakwan nyinaa mu odi yiye;

ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho;

na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw.

6Ɔka kyerɛ ne ho se: “Hwee remma minhinhim;

mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”

7Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;

Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.

8Ɔtɛw bɛn nkuraa no;

ofi ahintawee kum nea onnim hwee,

ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no.

9Ɔte sɛ gyata a wahintaw;

ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;

ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu.

10Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw;

na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.

11Ɔka kyerɛ ne ho se, “Onyankopɔn werɛ afi;

wayi nʼani afi so na onhu.”

12Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Onyankopɔn.

Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo.

13Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi?

Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se,

“Ɔremfrɛ me akontaabu so?”

14Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw;

na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.

Mmɔborɔni de ne ho ma wo;

wo na woyɛ ayisaa boafo.

15Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw;

frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa,

nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no.

16Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa;

amanaman no bɛyera nʼasase so.

17Awurade, wutie mmɔborɔfo adesrɛ;

wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ,

18na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so,

sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase mu

renhunahuna bio.