Zion’s New Name
1For Zion’s sake I will not keep silent,
for Jerusalem’s sake I will not remain quiet,
till her vindication shines out like the dawn,
her salvation like a blazing torch.
2The nations will see your vindication,
and all kings your glory;
you will be called by a new name
that the mouth of the Lord will bestow.
3You will be a crown of splendor in the Lord’s hand,
a royal diadem in the hand of your God.
4No longer will they call you Deserted,
or name your land Desolate.
But you will be called Hephzibah,62:4 Hephzibah means my delight is in her.
and your land Beulah62:4 Beulah means married.;
for the Lord will take delight in you,
and your land will be married.
5As a young man marries a young woman,
so will your Builder marry you;
as a bridegroom rejoices over his bride,
so will your God rejoice over you.
6I have posted watchmen on your walls, Jerusalem;
they will never be silent day or night.
You who call on the Lord,
give yourselves no rest,
7and give him no rest till he establishes Jerusalem
and makes her the praise of the earth.
8The Lord has sworn by his right hand
and by his mighty arm:
“Never again will I give your grain
as food for your enemies,
and never again will foreigners drink the new wine
for which you have toiled;
9but those who harvest it will eat it
and praise the Lord,
and those who gather the grapes will drink it
in the courts of my sanctuary.”
10Pass through, pass through the gates!
Prepare the way for the people.
Build up, build up the highway!
Remove the stones.
Raise a banner for the nations.
11The Lord has made proclamation
to the ends of the earth:
“Say to Daughter Zion,
‘See, your Savior comes!
See, his reward is with him,
and his recompense accompanies him.’ ”
12They will be called the Holy People,
the Redeemed of the Lord;
and you will be called Sought After,
the City No Longer Deserted.
Sion Edin Foforɔ
1Sion enti, merenyɛ komm,
Yerusalem enti, merenyɛ dinn,
kɔsi sɛ ne tenenee bɛhyerɛn sɛ adekyeɛ,
na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ ogyatɛn.
2Amanaman no bɛhunu wo tenenee,
na ahemfo nyinaa ahunu wo animuonyam;
wɔbɛfrɛ wo din foforɔ
a Awurade de bɛto wo.
3Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ wɔ Awurade nsam,
ne adehyeɛ abɔtiten wɔ wo Onyankopɔn nsam.
4Wɔremfrɛ wo atugya bio,
anaa wʼasase sɛ amanfo.
Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn
ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefoɔ
ɛfiri sɛ Awurade ani bɛgye wo ho,
na ɔbɛware wʼasase.
5Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no,
saa ara na wo mmammarima bɛware wo;
sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no,
saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho.
6Mede awɛmfoɔ agyinagyina wʼafasuo so Ao, Yerusalem;
wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo.
Mo a musu frɛ Awurade no,
monnhome koraa,
7na mommma ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛma Yerusalem atim
na wayɛ no deɛ asase nyinaa bɛkamfo.
8Awurade de ne basa nifa aka ntam,
ne basa a ɛyɛ den no sɛ,
“Meremfa mo ayuo
mma mo atamfoɔ sɛ wɔn aduane bio,
na ananafoɔ rennom nsã foforɔ
a moabrɛ ho no bio;
9wɔn a wɔtwa no na wɔbɛdi
na wɔakamfo Awurade,
na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom
wɔ me kronkronbea adihɔ.”
10Momfa mu, momfa kuropɔn apono no mu!
Monsiesie kwan no mma nkurɔfoɔ no.
Mompae, mompae kwantempɔn no!
Monyiyi so aboɔ no.
Monsi frankaa mma amanaman no.
11Awurade abɔ no dawuro
akɔsi nsase ano sɛ,
“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ,
‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba!
Hwɛ nʼakatua ka ne ho,
na nʼanamuhyɛdeɛ nso ka ne ho.’ ”
12Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron,
wɔn a Awurade Agye Wɔn;
na wɔbɛfrɛ wo Deɛ Wɔrehwehwɛ Nʼakyiri Ɛkwan,
Kuropɔn a Ɛrenyɛ Afo Bio.