Deuteronomy 34 – NIV & AKCB

New International Version

Deuteronomy 34:1-12

The Death of Moses

1Then Moses climbed Mount Nebo from the plains of Moab to the top of Pisgah, across from Jericho. There the Lord showed him the whole land—from Gilead to Dan, 2all of Naphtali, the territory of Ephraim and Manasseh, all the land of Judah as far as the Mediterranean Sea, 3the Negev and the whole region from the Valley of Jericho, the City of Palms, as far as Zoar. 4Then the Lord said to him, “This is the land I promised on oath to Abraham, Isaac and Jacob when I said, ‘I will give it to your descendants.’ I have let you see it with your eyes, but you will not cross over into it.”

5And Moses the servant of the Lord died there in Moab, as the Lord had said. 6He buried him34:6 Or He was buried in Moab, in the valley opposite Beth Peor, but to this day no one knows where his grave is. 7Moses was a hundred and twenty years old when he died, yet his eyes were not weak nor his strength gone. 8The Israelites grieved for Moses in the plains of Moab thirty days, until the time of weeping and mourning was over.

9Now Joshua son of Nun was filled with the spirit34:9 Or Spirit of wisdom because Moses had laid his hands on him. So the Israelites listened to him and did what the Lord had commanded Moses.

10Since then, no prophet has risen in Israel like Moses, whom the Lord knew face to face, 11who did all those signs and wonders the Lord sent him to do in Egypt—to Pharaoh and to all his officials and to his whole land. 12For no one has ever shown the mighty power or performed the awesome deeds that Moses did in the sight of all Israel.

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 34:1-12

Mose Wu

1Na Mose fi Moab asase tataw so foro kɔɔ Nebo Bepɔw so, san foroo Pisga a etwa Yeriko. Ɛhɔ na Awurade kyerɛɛ no asase no nyinaa, efi Gilead kosi Dan; 2Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kosi Ntam Po no ho; 3Negeb; ne nsase a efi Yeriko Bon, ne Mmɛ Kuropɔn no de kosi Soar tɔnn. 4Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Eyi ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob se mede bɛma wɔn asefo no. Afei, mama wo de wʼani ahu, nanso worentwa nkɔ so.”

5Na Mose, Awurade somfo no wuu wɔ Moab asase so sɛnea Awurade kae no. 6Wosiee no wɔ obon bi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanim, nanso ebesi nnɛ, obiara nnim faako a ne da wɔ. 7Mose dii mfirihyia ɔha ne aduonu na owui, nanso na nʼani hu ade yiye na ne ho nso yɛ den. 8Israelfo suu no nnafua aduasa wɔ Moab tataw so ara kosii sɛ nʼayiyɛ kɔɔ awiei.

9Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom, efisɛ Mose de ne nsa guu ne so. Enti Israelfo yɛɛ osetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no ara pɛ.

10Mose akyi no, odiyifo biara mmaa Israel a Awurade nim no anim ne anim 11a Awurade somaa no ma ɔkɔyɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao ne ne mpanyimfo nyinaa wɔ asase no so nyinaa. 12Na obiara nnaa tumi kɛse anaa ahodwiriw nneyɛe adi te sɛnea Mose yɛɛ wɔ Israel nyinaa ani so no.