Zekaria 12 – NEN & ASCB

Kiswahili Contemporary Version (Neno: Bibilia Takatifu)

Zekaria 12:1-14

Maadui Wa Yerusalemu Kuangamizwa

112:1 Mwa 1:8; Za 102:25; 104:2; Yer 51:15; Ebr 1:10; Isa 57:16; Ebr 12:9Hili ni neno la Bwana kuhusu Israeli. Bwana, yeye azitandaye mbingu, awekaye misingi ya dunia na aiumbaye roho ya mwanadamu ndani yake, asema: 212:2 Za 78:5; 60:3; Isa 51:23; Zek 14:14“Nitakwenda kufanya Yerusalemu kuwa kikombe cha kuyumbisha mataifa yote yanayoizunguka. Yuda utazingirwa kwa vita na Yerusalemu pia. 312:3 Isa 28:16; 29:8; 66:18; Zek 14:2; Dan 2:34-35; Mt 21:44Katika siku hiyo, wakati mataifa yote ya dunia yatakapokusanyika dhidi yake, nitaufanya Yerusalemu kuwa jabali lisilosogezwa kwa mataifa yote. Wote watakaojaribu kulisogeza watajiumiza wenyewe. 412:4 Za 76:6; Zek 10:5Katika siku hiyo nitampiga kila farasi kwa hofu ya ghafula, naye ampandaye nitampiga kwa uwazimu,” asema Bwana. “Nitalielekeza jicho langu la ulinzi juu ya nyumba ya Yuda, nami nitawapofusha farasi wote wa mataifa. 512:5 Eze 30:24Kisha viongozi wa Yuda watasema mioyoni mwao, ‘Watu wa Yerusalemu wana nguvu kwa sababu Bwana Mwenye Nguvu Zote ni Mungu wao.’

612:6 Isa 10:17-18; Zek 11:1; 14:10; Oba 1:18“Katika siku hiyo nitawafanya viongozi wa Yuda kuwa kama kigae cha moto ndani ya lundo la kuni, kama mwenge uwakao kati ya miganda. Watateketeza kulia na kushoto mataifa yote yanayowazunguka, lakini Yerusalemu utabaki salama mahali pake.

712:7 Yer 30:18; Amo 9:11Bwana atayaokoa makao ya Yuda kwanza, ili heshima ya nyumba ya Daudi na wakazi wa Yerusalemu isiwe kubwa zaidi kuliko ile ya Yuda. 812:8 Za 91:4; 82:6; Yoe 3:10, 16; Zek 9:15; Mik 7:8Katika siku hiyo, Bwana atawakinga wale waishio Yerusalemu, ili kwamba aliye dhaifu kupita wote miongoni mwao awe kama Daudi, nayo nyumba ya Daudi itakuwa kama Mungu, kama Malaika wa Bwana akiwatangulia. 912:9 Isa 29:7; Zek 1:21; 14:2-3; 1Kor 1:27-31Katika siku hiyo nitatoka kuangamiza mataifa yote yatakayoshambulia Yerusalemu.

Kumwombolezea Yule Aliyechomwa Mkuki

1012:10 Eze 37:9; 39:29; Isa 44:3; Yoe 2:28-29; Za 22:16; Yn 19:34-37; Amu 11:34; Mwa 21:16; Yer 31:19; Yoe 2:28; Lk 2:35; Ufu 1:7“Nami nitamiminia nyumba ya Daudi na wakazi wa Yerusalemu roho ya neema12:10 Au: Roho wa neema. na maombi. Watanitazama mimi, yule waliyemchoma. Nao watamwombolezea kama mtu anayemwombolezea mwanawe wa pekee na kusikitika kwa uchungu kama anayemsikitikia mzaliwa wake wa kwanza wa kiume. 1112:11 Yer 50:4; 2Fal 23:29; Mdo 2:37; 2Nya 35:24Katika siku hiyo kilio kitakuwa kikubwa Yerusalemu, kama kilio cha Hadad-Rimoni katika tambarare ya Megido. 1212:12 Mt 24:30; Ufu 1:7Nchi itaomboleza, kila ukoo peke yake, nao wake zao peke yao. Ukoo wa nyumba ya Daudi na wake zao, ukoo wa nyumba ya Nathani na wake zao, 13ukoo wa nyumba ya Lawi na wake zao, ukoo wa Shimei na wake zao, 1412:14 Zek 7:3na koo zote zilizobaki na wake zao.

Asante Twi Contemporary Bible

Sakaria 12:1-14

Wɔbɛsɛe Yerusalem Atamfoɔ

1Nkɔmhyɛ: Yei ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho.

Awurade a ɔtrɛ ɔsoro mu, deɛ ɔto asase fapem, deɛ ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm nie: 2“Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛto ahyɛ Yuda ne Yerusalem so. 3Saa ɛda no a ewiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopire no no nyinaa bɛpirapira wɔn ho. 4Saa ɛda no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefoɔ nso abɔ dam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mɛbue mʼani ahwɛ Yuda fie, na mɛfirafira aman ahodoɔ no apɔnkɔ ani. 5Na Yuda ntuanofoɔ bɛka wɔ wɔn akoma mu sɛ, ‘Yerusalemfoɔ yɛ ahoɔdenfoɔ, ɛfiri sɛ Asafo Awurade yɛ wɔn Onyankopɔn.’

6“Saa ɛda no, mɛyɛ Yuda ntuanofoɔ sɛ ogya ayowaa a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ wɔ wira a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhye nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ baabi a ɔwɔ hɔ.

7Awurade bɛbɔ Yuda atenaeɛ ho ban kane, sɛdeɛ Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem animuonyam renkyɛne Yudafoɔ animuonyam. 8Saa ɛda no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, deɛ ɔyɛ mmerɛ koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefoɔ bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim. 9Saa ɛda no, mɛhyɛ aseɛ asɛe aman a wɔko tia Yerusalem nyinaa.

Wotwa Adwo Ma Deɛ Wɔhwiree No No

10“Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem so. Wɔbɛhwɛ me a wɔahwire me, na wɔatwa adwo ama no te sɛ obi a ɔretwa adwo wɔ ɔba korɔ ho, na wɔasu yaaya te sɛ obi a ɔresu ne ba barima piesie. 11Saa ɛda no agyaadwo twerɛ a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwo twerɛ wɔ Megido asase tam so. 12Asase no sofoɔ nyinaa bɛdi awerɛhoɔ, abusua biara ne wɔn yerenom; Dawid fie abusua ne wɔn yerenom, Natan fie abusua ne wɔn yerenom, 13Lewifie abusua ne wɔn yerenom, Simei abusua ne wɔn yerenom, 14ne mmusua a aka no nyinaa ne wɔn yerenom.