Yohana 10 – NEN & ASCB

Kiswahili Contemporary Version (Neno: Bibilia Takatifu)

Yohana 10:1-42

Mchungaji Mwema

110:1 Yn 10:8, 10“Amin, amin nawaambia, yeye asiyeingia katika zizi la kondoo kwa kupitia kwenye lango, lakini akwea kuingia ndani kwa njia nyingine, ni mwizi na mnyangʼanyi. 210:2 Mk 6:34; Yn 10:11, 14Yeye anayeingia kwa kupitia kwenye lango ndiye mchungaji wa kondoo. 310:3 Yn 10:4, 5, 14Mlinzi humfungulia lango na kondoo huisikia sauti yake. Huwaita kondoo wake kwa majina yao na kuwatoa nje ya zizi. 410:4 Yn 10:3Akiisha kuwatoa wote nje, hutangulia mbele yao na kondoo humfuata kwa kuwa wanaijua sauti yake. 510:5 Yn 10:27Lakini kondoo hawatamfuata mgeni bali watamkimbia, kwa sababu hawaijui sauti ya mgeni.” 610:6 Yn 16:25; 16:25Yesu alitumia mfano huu, lakini wao hawakuelewa hayo aliyokuwa akiwaambia.

710:7 Za 118:20; Yn 14:6; Mt 7:13; 14Kwa hiyo Yesu akasema nao tena akawaambia, “Amin, amin nawaambia, mimi ndimi lango la kondoo. 810:8 Yer 23:1-2; Eze 34:2Wote walionitangulia ni wevi na wanyangʼanyi, lakini kondoo hawakuwasikia. 910:9 Za 118:20; Yn 14:6; 1Kor 3:15Mimi ndimi lango, yeyote anayeingia zizini kwa kupitia kwangu ataokoka, ataingia na kutoka, naye atapata malisho. 1010:10 Yn 1:4; 3:15, 16; 5:40; 20:31; Za 65:11; Rum 5:17Mwizi huja ili aibe, kuua na kuangamiza. Mimi nimekuja ili wapate uzima kisha wawe nao tele.

1110:11 Za 23:1; Mt 2:6; Yn 15:13; 1Yn 3:16“Mimi ndimi mchungaji mwema. Mchungaji mwema huutoa uhai wake kwa ajili ya kondoo. 1210:12 Zek 11:16-17Mtu wa kuajiriwa sio mchungaji mwenye kondoo. Amwonapo mbwa mwitu akija, yeye hukimbia na kuwaacha kondoo. Naye mbwa mwitu hulishambulia kundi na kulitawanya. 13Yeye hukimbia kwa sababu ameajiriwa wala hawajali kondoo.

1410:14 Kut 33:12; 2Tim 2:19“Mimi ndimi mchungaji mwema. Ninawajua kondoo wangu nao kondoo wangu wananijua. 1510:15 Mt 11:27; Yn 15:16Kama vile Baba anavyonijua mimi, nami ninavyomjua Baba, nami nautoa uhai wangu kwa ajili ya kondoo. 1610:16 Isa 56:8; Mdo 10:34-35; Yn 17:20-21; Efe 2:11-19; Eze 34:23; 1Pet 2:25Ninao kondoo wengine ambao si wa zizi hili, inanipasa kuwaleta, nao wataisikia sauti yangu, hivyo patakuwa na kundi moja na mchungaji mmoja. 1710:17 Isa 53:7, 8, 12; Ebr 2:9Baba yangu ananipenda kwa kuwa ninautoa uhai wangu ili niupate tena. 1810:18 Mt 26:53; Flp 2:8; Ebr 5:8Hakuna mtu aniondoleaye uhai wangu, bali ninautoa kwa hiari yangu mwenyewe. Ninao uwezo wa kuutoa uhai wangu na pia ninao uwezo wa kuutwaa tena. Amri hii nimepewa na Baba yangu.”

1910:19 Yn 6:52Kwa maneno haya Wayahudi waligawanyika. 2010:20 Mk 3:22; Yn 7:20; 2Fal 9:11Wengi wao wakasema, “Huyu amepagawa na pepo mchafu, naye amechanganyikiwa.”

2110:21 Mt 4:24; Kut 4:11; Yn 9:32-33Wengine wakasema, “Haya si maneno ya mtu aliyepagawa na pepo mchafu. Je, pepo mchafu aweza kufungua macho ya kipofu?”

Yesu Akataliwa Na Wayahudi

22Wakati huo ilikuwa Sikukuu ya Kuwekwa wakfu kwa Hekalu10:22 Sikukuu ya Kuwekwa wakfu kwa Hekalu ni Hanukkah kwa Kiebrania. huko Yerusalemu, nao ulikuwa wakati wa majira ya baridi. 2310:23 Mdo 3:11; 5:12Naye Yesu alikuwa akitembea ndani ya Hekalu katika ukumbi wa Solomoni. 2410:24 Yn 1:19; Lk 22:67Wayahudi wakamkusanyikia wakamuuliza, “Utatuweka katika hali ya mashaka mpaka lini? Kama wewe ndiye Kristo10:24 Kristo maana yake ni Masiya, yaani Aliyetiwa mafuta. tuambie waziwazi.”

2510:25 Yn 4:26; 4:11Yesu akawajibu, “Nimewaambia, lakini hamwamini. Mambo ninayoyatenda kwa jina la Baba yangu yananishuhudia. 2610:26 Yn 8:47Lakini hamwamini, kwa sababu ninyi si wa kundi la kondoo wangu. 2710:27 Yn 10:4, 14Kondoo wangu huisikia sauti yangu nami nawajua, nao hunifuata, 2810:28 Yn 6:39nami ninawapa uzima wa milele, hawataangamia kamwe wala hakuna mtu atakayewapokonya kutoka mikono yangu. 2910:29 Yn 17:2, 6, 24; 14:28Baba yangu aliyenipa hawa ni mkuu kuliko wote na hakuna awezaye kuwapokonya kutoka mikononi mwake. 3010:30 Kum 6:4; Yn 17:21-24Mimi na Baba yangu tu umoja.”

3110:31 Yn 8:59Kwa mara nyingine Wayahudi wakainua mawe ili wampige nayo, 32lakini Yesu akawaambia, “Nimewaonyesha miujiza mingi mikubwa kutoka kwa Baba yangu. Ni ipi katika hiyo mnataka kunipiga mawe?”

3310:33 Law 24:16; Mt 26:63-66Wayahudi wakamjibu, “Hatukupigi mawe kwa sababu ya mambo mema uliyotenda, bali ni kwa kuwa umekufuru. Wewe ingawa ni mwanadamu unajifanya kuwa Mungu.”

3410:34 Rum 3:19; 1Kor 14:21; Za 82:6Yesu akawajibu, “Je, haikuandikwa katika Sheria ya kwamba, ‘Nimesema kuwa, ninyi ni miungu?’ 3510:35 Rum 13:1; Mt 5:17, 18Kama aliwaita ‘miungu,’ wale ambao neno la Mungu liliwafikia, nayo Maandiko hayawezi kutanguka, 3610:36 Yer 1:5; Yn 6:69; 3:17je, mwawezaje kusema kwamba yule ambaye Baba amemweka wakfu na kumtuma ulimwenguni anakufuru, kwa sababu nilisema, ‘Mimi ni Mwana wa Mungu?’ 3710:37 Yn 15:24Ikiwa sifanyi kazi za Baba yangu, basi msiniamini, 3810:38 Yn 14:10-11; 20:17-21lakini ikiwa nazifanya kazi za Mungu, hata kama hamniamini mimi ziaminini hizo kazi, ili mpate kujua na kuelewa kwamba Baba yu ndani yangu, nami ndani yake.” 3910:39 Yn 7:30; Lk 4:30; Yn 8:59Ndipo wakajaribu kumkamata kwa mara nyingine, lakini akaponyoka kutoka mikononi mwao.

4010:40 Yn 1:28Akaenda tena ngʼambo ya Mto Yordani mpaka mahali pale ambapo Yohana alikuwa akibatiza hapo awali, naye akakaa huko. 4110:41 Yn 2:1; 1:26-34Watu wengi wakamjia, nao wakawa wakisema, “Yohana hakufanya muujiza wowote, lakini kila jambo alilosema kumhusu huyu mtu ni kweli.” 4210:42 Yn 7:31Nao wengi wakamwamini Yesu huko.

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 10:1-42

Odwanhwɛfoɔ Pa No

1“Mereka nokorɛ akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nnwammuo ɛkwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifoɔ. 2Onipa a ɔfa ɛkwan ano kɔ mu no ne odwanhwɛfoɔ no. 3Ɛpono no anohwɛfoɔ no bue ɛpono no ma no, na sɛ ɔfrɛ nnwan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn firi adi. 4Sɛ ɔde wɔn firi adi a, ɔdi nnwan no anim na nnwan no nso di nʼakyi, ɛfiri sɛ, wɔte ne nne. 5Wɔrenni onipa foforɔ biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a, wɔremma, ɛfiri sɛ, wɔnte ne nne.” 6Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.

7Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mene nnwammuo no ano ɛpono no. 8Wɔn a wɔdii mʼanim kane no yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ, ɛno enti, nnwan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi. 9Mene ɛpono no. Obiara a ɔnam me so bɛwura mu no bɛnya nkwa; wɔbɛwura mu asane afiri adi na wɔbɛnya adidibea. 10Owifoɔ ba a, ɔbɛwia anaasɛ ɔbɛdi awu anaasɛ ɔbɛsɛe adeɛ. Me deɛ, maba, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya nkwa a ɛho nni asɛm biara.

11“Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to hɔ ma ne nnwan. 12Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nnwan so no nyɛ nnwan no wura ɛno enti, sɛ ɔhunu sɛ pataku reba a, ɔdwane gya nnwan no hɔ, na pataku no to hyɛ nnwan no so ma wɔbɔ pete. 13Ɔpaani no dwane ɛfiri sɛ, wɔabɔ no paa, na nnwan no yiedie mfa ne ho.

14“Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Menim me nnwan na me nnwan nso nim me, 15sɛdeɛ Agya no nim me na me nso menim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mɛwu ama nnwan no. 16Nnwan afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔyɛ me dea nanso wɔnnya mmɛkaa saa nnwankuo yi ho. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nnwankuo yi ho. Wɔbɛtie me nne na wɔbɛyɛ nnwankuo baako a odwanhwɛfoɔ baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so. 17Agya no dɔ me ɛfiri sɛ, masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. 18Obiara rentumi nnye me nkwa mfiri me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesane gye bio. Yei ne deɛ mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”

19Asɛm a Yesu kaeɛ no enti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafoɔ no mu. 20Wɔn mu pii kaa sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn enti na motie no?”

21Afoforɔ nso kaa sɛ, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sei! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne bɛtumi ama onifirani ahunu adeɛ?”

Yudafoɔ Nnye Yesu Nni

22Awɔberɛ bi mu a Asɔredandwira duruu wɔ Yerusalem no, 23Yesu kɔpasee asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. 24Yudafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ kaa sɛ, “Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”

25Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada, nanso monnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi mu yɛ no di me ho adanseɛ, 26nanso monnnye nni, ɛfiri sɛ, monnyɛ me nnwan. 27Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi. 28Mema wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. 29MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. 30Me ne Agya no yɛ baako.”

31Yudafoɔ no sane tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no. 32Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahunu, na emu deɛ ɛwɔ he ho enti na mopɛ sɛ mosi me aboɔ yi?”

33Yudafoɔ no buaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no enti na yɛpɛ sɛ yɛsi wo aboɔ, na mmom, wʼabususɛm a wokaeɛ no enti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”

34Yesu buaa wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ mo ara ankasa mo mmara mu sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Moyɛ anyame.’ 35Ɛno enti, sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokorɛ so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no sɛ ‘anyame’ a, 36ɛyɛ dɛn na sɛ deɛ Agya no somaa no baa ewiase no ka sɛ, mene Onyankopɔn Ba no a mose waka abususɛm? 37Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no deɛ a, ɛnneɛ monnnye me nni. 38Nanso, sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ monnye me nni mpo a, monnye nnwuma no nni sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.” 39Nkurɔfoɔ no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.

40Yesu sane tware kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ. 41Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodoɔ no ara kaa sɛ, “Yohane anyɛ anwanwadeɛ, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokorɛ.” 42Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no diiɛ.