Kumbukumbu 16 – NEN & AKCB

Kiswahili Contemporary Version (Neno: Bibilia Takatifu)

Kumbukumbu 16:1-22

Pasaka

(Kutoka 12:1-20)

116:1 Kut 12:2; 12:11; 2Fal 23:21; Mt 26:17-29; Kut 13:4; Law 23:5; Hes 9:2-5; Yn 18:28; 1Kor 5:7, 8; Ebr 11:28; 1Kor 5:7, 8; Ebr 11:28Shikeni mwezi wa Abibu, na kuiadhimisha Pasaka ya Bwana Mungu wenu, kwa sababu katika mwezi wa Abibu, Mungu aliwatoa Misri usiku. 216:2 Kum 12:5, 26Mtatoa dhabihu ya Pasaka ya mnyama kwa Bwana Mungu wenu kutoka kundi lenu la mbuzi na kondoo au la ngʼombe, mahali pale ambapo Bwana atapachagua kama makao kwa ajili ya Jina lake. 316:3 Kut 12:15-20, 39; 34:18; 1Kor 5:8; Kut 12:11; Kum 4:9; Kut 13:3, 6-7; Hes 28:19; 2Nya 35:7; Mt 26:2Msile nyama hiyo pamoja na mikate iliyotiwa chachu, lakini kwa siku saba mtakula mikate isiyotiwa chachu, mikate ya kujitesa, kwa sababu mliondoka Misri kwa haraka, ili kwamba siku zote za maisha yenu mpate kukumbuka wakati wenu wa kuondoka Misri. 416:4 Kut 12:6; 12:8; Mk 14:12; Kut 12:10Chachu isionekane katika mali zenu katika nchi yenu yote kwa siku saba. Nyama yoyote ya dhabihu mtakayotoa jioni ya siku ya kwanza isibakizwe mpaka asubuhi.

5Kamwe msitoe dhabihu ya Pasaka katika mji wowote ambao Bwana Mungu wenu amewapa, 616:6 Kut 12:42; Kum 12:5; Mt 27:46isipokuwa mahali atakapopachagua kama makao kwa ajili ya Jina lake. Hapo ndipo lazima mtoe dhabihu ya Pasaka jioni, jua litakapotua, iwe kumbukumbu yenu ya kutoka Misri. 716:7 Kut 12:8; 2Nya 35:13; 2Fal 23:23; Yn 2:13; 11:55Okeni na mle mahali pale ambapo Bwana Mungu wenu atakapopachagua, kisha asubuhi mrudi kwenye mahema yenu. 816:8 Law 23:8; Mt 26:17; Lk 2:41; 22:7; Yn 2:13; Kut 12:16Kwa siku sita mtakula mikate isiyotiwa chachu na siku ya saba fanyeni kusanyiko kwa ajili ya Bwana Mungu wenu na msifanye kazi.

Sikukuu Ya Mavuno

(Kutoka 34:22; Walawi 23:15-21)

916:9 Mdo 2:1; Kut 23:16; 34:22; Hes 28:26; Law 23:15Mhesabu majuma saba tangu wakati mnapoanza kuchukua mundu kuvuna nafaka. 1016:10 Mt 10:22; Yoe 2:14; 1Kor 16:2Kisha msherehekee Sikukuu ya Majuma kwa Bwana Mungu wenu kwa kutoa sadaka ya hiari kwa kadiri ya baraka ambayo Bwana Mungu wenu amewapa. 1116:11 Kum 12:7; Kut 20:24; 2Sam 7:13; Kum 12:12; 14:29; Neh 8:10; Lk 14:12Shangilieni mbele za Bwana Mungu wenu mahali atakapopachagua kama makao ya Jina lake, ninyi, wana wenu na binti zenu, watumishi wenu wa kiume na wa kike, Walawi walio katika miji yenu, na wageni, yatima na wajane waishio miongoni mwenu. 1216:12 Kum 15:15Kumbukeni kwamba mlikuwa watumwa kule Misri na mfuate amri hizi kwa uangalifu.

Sikukuu Ya Vibanda

(Walawi 23:33-43)

1316:13 Law 2:14; Mwa 2:14; 27:37; Kut 23:16; Law 23:34; Mwa 15:13; Kut 1:11, 14; Za 105:23, 2516:13 Kut 23:16; Law 23:34; Hes 29:12Adhimisheni sikukuu ya vibanda kwa siku saba baada ya kukusanya mazao yenu ya nafaka na kukamua zabibu. 1416:14 Kum 26:11; Neh 8:9; Mhu 9:7; 1Sam 12:1-6; 25:6-8Mfurahie sikukuu yenu, ninyi, wana wenu, binti zenu, watumishi wenu wa kiume na wa kike, Walawi, wageni, yatima na wajane ambao wanaishi katika miji yenu. 1516:15 Ay 38:7; Za 4:7; 28:7; 30:11; Law 23:39Kwa siku saba mtaiadhimisha sikukuu ya Bwana Mungu wenu katika mahali atakapopachagua Bwana. Kwa kuwa Bwana Mungu wenu atawabariki katika mavuno yenu na katika kazi zote za mikono yenu na furaha yenu itakamilika.

1616:16 Kum 31:11; Za 84:7; Kut 12:17; 23:14, 16; Ezr 3:4; Kut 34:20Wanaume wenu wote lazima wajitokeze mara tatu kwa mwaka mbele za Bwana Mungu wenu mahali atakapopachagua: kwa ajili ya Sikukuu ya Mikate Isiyotiwa Chachu, Sikukuu ya Majuma, na Sikukuu ya Vibanda. Hakuna mtu atakayejitokeza mbele za Bwana mikono mitupu: 1716:17 2Kor 8:12Kila mmoja wenu ni lazima alete zawadi kulingana na jinsi ambavyo Bwana Mungu wenu alivyowabariki.

Waamuzi

1816:18 Kut 18:21, 26; Mwa 31:37; Kum 1:16Wateue waamuzi na maafisa kwa kila kabila lenu katika kila mji ambao Bwana Mungu wenu anawapa, nao watawaamua watu kwa usawa. 1916:19 Kut 23:2, 8; Law 19:15; Kut 18:21; 1Sam 8:3; Kum 1:17; Mhu 7:7; Ay 31:21, 22; Mit 17:23; 24:23; Isa 1:17, 23; Mdo 10:34Msipotoshe haki wala msifanye upendeleo. Msikubali rushwa kwa sababu rushwa hupofusha macho ya wenye busara na kugeuza maneno ya wenye haki. 2016:20 Kum 4:1Mfuate haki na haki peke yake, ili mweze kuishi na kuimiliki nchi ambayo Bwana Mungu wenu anawapa.

Kuabudu Miungu Mingine

2116:21 Kum 7:5; Kut 34:13; 1Fal 14:15; 2Fal 17:16; 21:3; 2Nya 33:3; Kut 34:13; Amu 3:7Msisimamishe nguzo yoyote ya Ashera kando ya madhabahu mliyomjengea Bwana Mungu wenu, 2216:22 Kut 23:24; Law 26:1wala msisimamishe jiwe la kuabudu, kwa maana Bwana Mungu wenu anavichukia vitu hivi.

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 16:1-22

Twam Afahyɛ

1Daa munni Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram Abib16.1 Hebrifo ɔsram Abib no taa si wɔ Ɔbɛnem ne Oforisuo ntam. no mu mma Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu da bi anadwo na Onyankopɔn yii mo fii Misraim. 2Munkum anantwi anaa nguan sɛ Twam afɔrebɔde mma Awurade, mo Nyankopɔn no, wɔ faako a Awurade beyi sɛ atenae wɔ ne din mu no. 3Munnni mmɔkaw brodo nka ho; na mmom, nnanson so na munni apiti amanehunu brodo, efisɛ mufii Misraim ɔhare so, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nkwanna nyinaa mu no mobɛkae bere a mutu fii Misraim no. 4Mommma wonhu sɛ mowɔ mmɔkaw wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma nam a mode bɔɔ afɔre da a edi kan no anwummere no nka gya so nkosi anɔpa.

5Mommɔ Twam Afahyɛ afɔre no wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu biara so, 6gye faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no. Ɛhɔ na mommɔ Twam afɔre no anwummere mfa nni mo Misraimfi bere no afahyɛ. 7Montoto na monwe no wɔ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no. Na ade kye a, monsan nkɔ mo ntamadan mu. 8Nnansia na momfa nni apiti, na ne nnanson so no, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Na saa da no, obiara nyɛ adwuma.

Otwabere Afahyɛ

9Mumfi bere a mubefi ase atwa atoko no nkan nnaawɔtwe ason. 10Na monhwɛ sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, asi ahyira mo no so mfi mo pɛ mu mmɔ afɔre, nnyina so nni Asese Afahyɛ no mma Awurade, mo Nyankopɔn no. 11Na munnye mo ani wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ atenae ma ne din no. Mo ne mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifo a wɔwɔ mo nkurow mu ne ahɔho, nyisaa ne akunafo a wɔne mo te nyinaa. 12Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yiye na munni saa mmara yi nyinaa so.

Asese Afahyɛ

13Sɛ moboaboa mo awiporowbea ne mo nsakyi amoa mu ade ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. 14Munnye mo ani wɔ mo afahyɛ yi se; mo ne mo abusuafo, mo asomfo ne Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo a wofi mo nkurow mu. 15Momfa nnanson nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, anuonyam wɔ faako a ɔbɛpaw, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɔma mo nnɔbae bɔ pii na ohyira mo nnwuma nyinaa so; na mo anigye bewie pɛyɛ.

16Afe biara mu no, ɛsɛ sɛ mo mmarima no nyinaa hyia wɔ mo Awurade, mo Nyankopɔn no, anim faako a ɔbɛpaw no mprɛnsa de ama Apiti Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba Awurade anim nsapan. 17Ɛsɛ sɛ obiara de akyɛde a ɛne nhyira a Awurade, mo Nyankopɔn no, nhyira no no sɛ ba.

Atemmufo

18Munsisi atemmufo ne mpanyimfo mfi mo mmusuakuw biara mu wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu, na wobebu nnipa no atɛntrenee. 19Mummmu ntɛnkyew anaa monnhwɛ nnipa anim mmu atɛn. Monnnye adanmude, efisɛ adanmude fura onyansafo ani ma ɔdan nea odi bem no asɛm ani. 20Mummu atɛntrenee nkutoo, na ama moatumi atena asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so.

Ahonisom

21Mummfi afɔremuka a mubesi ama Awurade, mo Nyankopɔn no, akyi nsi abosonnua foforo biara, 22na munnsi ɔbo kronkron, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, kyi eyinom.