Danieli 8 – NEN & ASCB

Kiswahili Contemporary Version (Neno: Bibilia Takatifu)

Danieli 8:1-27

Maono Ya Danieli Ya Kondoo Dume Na Beberu

18:1 Dan 5:1Katika mwaka wa tatu wa utawala wa Mfalme Belshaza, mimi Danieli, nilipata maono, baada ya maono ambayo yalikuwa yamenitokea mbeleni. 28:2 Mwa 10:22; Es 2:8; Ezr 4:9Katika maono yangu, nilijiona nikiwa ndani ya ngome ya Shushani katika jimbo la Elamu. Katika maono nilikuwa kando ya Mto Ulai.8:2 Mto Ulai ni mfereji uliokuwa kati ya Shushani na Elymaisi; sasa unaitwa Mto Karuni. 38:3 Dan 10:5; Ufu 13:11Nikatazama juu, na hapo mbele yangu kulikuwa na kondoo dume mwenye pembe mbili, akiwa amesimama kando ya mto, nazo pembe zake zilikuwa ndefu. Pembe moja ilikuwa ndefu kuliko hiyo nyingine, lakini iliendelea kukua baadaye. 48:4 Dan 11:3, 16; Isa 41:3Nikamtazama yule kondoo dume alivyokuwa akishambulia kuelekea magharibi, kaskazini na kusini. Hakuna mnyama yeyote aliyeweza kusimama dhidi yake, wala hakuna aliyeweza kuokoa kutoka nguvu zake. Alifanya kama atakavyo, naye akawa mkuu.

5Nilipokuwa ninatafakari hili, ghafula beberu mwenye pembe moja kubwa sana katikati ya macho yake alikuja kutoka magharibi, akiruka kasi juu ya dunia yote bila kugusa ardhi. 6Alikuja akimwelekea yule kondoo dume mwenye pembe mbili niliyemwona akisimama kando ya mto, akamshambulia kwa hasira nyingi. 78:7 Dan 7:7; 11:11Nikamwona akimshambulia yule kondoo dume kwa hasira nyingi, akimpiga yule kondoo dume na kuvunja pembe zake mbili. Yule kondoo dume hakuwa na nguvu za kumzuia yule beberu, hivyo akamwangusha yule kondoo dume chini na kumkanyaga, wala hakuna aliyeweza kumwokoa yule kondoo dume kutoka nguvu za huyo beberu. 88:8 2Nya 26:16-21; Dan 5:20; 7:2; Ufu 7:1Yule beberu akawa mkubwa sana, lakini katika kilele cha nguvu zake ile pembe yake ndefu ilivunjika, na mahali pake pakaota pembe nne kubwa kuelekea pande nne za dunia.

98:9 Eze 20:6; Dan 11:16; Za 48:2; Dan 7:8Kutoka mojawapo ya zile pembe nne palitokea pembe ndogo ukaongezeka nguvu kuelekea kusini, na kuelekea mashariki, na kuelekea Nchi ya Kupendeza. 108:10 Isa 14:13; Ufu 8:10; 12:4; Dan 7:7Pembe hiyo ikaendelea kukua hadi kufikia jeshi la mbinguni, nayo ikalitupa baadhi ya jeshi la vitu vya angani hapa chini duniani, na kulikanyaga. 118:11 Dan 11:36-37; Eze 46:13-14; Dan 12:11; 11:31Pembe hiyo ikajikweza ili iwe kama Mkuu wa hilo jeshi; ikamwondolea dhabihu ya kila siku, napo mahali pake patakatifu pakashushwa chini. 12Kwa sababu ya uasi, jeshi la watakatifu na dhabihu za kila siku vikatiwa mikononi mwake. Ikafanikiwa katika kila kitu ilichofanya, nayo kweli ikatupwa chini.

138:13 Kum 33:2; Dan 4:23; 12:6; Lk 21:24; Isa 28:18; Ufu 11:2Kisha nikamsikia mtakatifu mmoja akizungumza na mtakatifu mwingine, akamwambia, “Je, itachukua muda gani maono haya yatimie: maono kuhusu dhabihu ya kila siku, uasi unaosababisha ukiwa, kutwaliwa kwa mahali patakatifu, na jeshi litakalokanyagwa chini ya nyayo?”

148:14 Dan 12:11-12Akaniambia, “Itachukua siku 2,300. Ndipo mahali patakatifu patawekwa wakfu tena.”

Tafsiri Ya Maono

158:15 Eze 2:1; Dan 10:16-18Mimi Danieli nilipokuwa ninaangalia maono na kujaribu kuelewa, mbele yangu alisimama mmoja aliyefanana na mwanadamu. 168:16 Dan 9:21; Lk 1:19; Dan 7:16Kisha nikasikia sauti ya mwanadamu kutoka Mto Ulai ikiita, “Gabrieli, mwambie mtu huyu maana ya maono haya.”

178:17 Eze 44:4; Ufu 1:17; Hab 2:3; Eze 1:28; Dan 2:46Alipokuwa akikaribia pale nilipokuwa nimesimama, niliogopa, nikaanguka kifudifudi. Akaniambia, “Mwana wa mwanadamu, fahamu kuwa maono haya yanahusu siku za mwisho.”

188:18 Dan 10:9; Eze 2:2; Zek 4:1Alipokuwa akinena nami, nilikuwa katika usingizi mzito, huku nimelala kifudifudi. Ndipo aliponigusa na kunisimamisha wima.

198:19 Isa 10:25; Za 102:13Akaniambia, “Nitakuambia yale yatakayotokea baadaye wakati wa ghadhabu, kwa sababu maono haya yanahusu wakati wa mwisho ulioamriwa. 208:20 Eze 27:10Kondoo dume mwenye pembe mbili ambaye ulimwona anawakilisha wafalme wa Umedi na Uajemi. 218:21 Dan 10:20; 11:2Yule beberu mwenye nywele nyingi ni mfalme wa Uyunani, nayo ile pembe ndefu katikati ya macho yake ni mfalme wa kwanza. 22Zile pembe nne zilizoota badala ya ile pembe iliyovunjika zinawakilisha falme nne ambazo zitatokea kutoka taifa lake, lakini hakuna hata mmoja utakaokuwa na nguvu kama ule uliovunjika.

23“Katika sehemu ya mwisho ya utawala wao, wakati waasi watakapokuwa waovu kabisa, atainuka mfalme mwenye uso mkali, aliye stadi wa hila. 248:24 Dan 7:25; 2:34; 11:21; Ay 34:7Atakuwa na nguvu nyingi, lakini si kwa uwezo wake mwenyewe. Atasababisha uharibifu wa kutisha, na atafanikiwa kwa chochote anachofanya. Atawaangamiza watu maarufu na watu watakatifu. 258:25 Dan 11:36; 11:21; Ay 34:20Atasababisha udanganyifu ustawi, naye atajihesabu mwenyewe kuwa bora. Wakati wajisikiapo kuwa wako salama, atawaangamiza wengi, na kushindana na Mkuu wa wakuu. Lakini ataangamizwa, isipokuwa si kwa uwezo wa mwanadamu.

268:26 Isa 8:16; Ufu 10:4; Dan 10:14; Eze 12:27; Isa 29:11; Ufu 22:10“Maono kuhusu jioni na asubuhi ambayo umepewa ni kweli, lakini yatie muhuri maono haya, kwa maana yanahusu wakati mrefu ujao.”

278:27 Dan 2:47-48; Isa 21:3; Dan 7:28; 10:8; 4:19Mimi Danieli nilikuwa nimechoka sana, na nikalala nikiwa mgonjwa kwa siku kadhaa. Ndipo nikaamka, nikaenda kwenye shughuli za mfalme. Nilifadhaishwa na maono hayo, nami sikuweza kuyaelewa.

Asante Twi Contemporary Bible

Daniel 8:1-27

Odwenini Ne Ɔpapo Ho Anisoadehunu

1Ɔhene Belsasar adedie mfeɛ mmiɛnsa so, me, Daniel, menyaa anisoadehunu foforɔ bi a na ɛdi deɛ ada ne ho adi akyerɛ me dada no akyi. 2Mʼanisoadehunu mu no, mehunuu sɛ na mewɔ Susa abankɛsewa a ɛwɔ Elam mantam; na mʼanisoadehunu mu no, na mewɔ Nsuka Ulai ho. 3Memaa mʼani so no, mehunuu odwennini a ɔwɔ mmɛn atentene mmienu na ɔgyina nsuka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sene baako, nanso deɛ ɛware no na ɛnyinii akyire koraa. 4Mehwɛɛ odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agye obi foforɔ afiri ne nsa mu. Ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ, na ɔyɛɛ kɛseɛ.

5Ɛberɛ a megu so redwene yie ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛseɛ bi a ɛtua nʼani mmienu no ntam pue firii atɔeɛ fam, twaam faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam. 6Ɔde nʼani kyerɛɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no a mehunuu sɛ na ɔgyina nsuka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ no so. 7Ɔpapo no sii ntɔkwanan a emu yɛ den, na ɔpem odwennini bubuu ne mmɛn mmienu no. Odwenini no yɛɛ mmerɛ na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfiri ne nsa mu. 8Ɔpapo no bɛyɛɛ ɔniɛdenfoɔ kɛseɛ. Nanso, nʼaniɛden no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, nʼabɛn kɛseɛ no buiɛ, na nʼanan mu no, mmɛn akɛseɛ ɛnan fifiriiɛ a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa ɛnan no so.

9Abɛn foforɔ bi pueeɛ mmɛn akɛseɛ no mu baako ho. Ɛhyɛɛ aseɛ kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛseɛ kɔɔ anafoɔ ne apueeɛ fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so. 10Ɛnyiniiɛ ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotoo asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma bɛguguu fam, tiatiaa wɔn so. 11Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho kɛseɛ sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ɔgyee daa daa afɔdeɛ firii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ. 12Esiane atuateɛ no enti, wɔde ahotefoɔ asafo no ne wɔn daa daa afɔdeɛ maa no. Na wɔtoo nokorɛ tweneeɛ.

13Afei, metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforɔ bisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na anisoadehunu yi bɛba mu—deɛ ɛfa daa daa afɔdeɛ, atuateɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba, kronkron tenabea a wɔbɛgyaa mu ama, ne Awurade asafo a wɔbɛtiatia wɔn so no?”

14Ɔbuaa no sɛ, “Ɛbɛdi anwummerɛ ne anɔpa 2,300, ansa na wɔasane ate kronkron tenabea no ho.”

Anisoadehunu No Nkyerɛaseɛ

15Ɛberɛ a me Daniel, merehwɛ anisoadehunu na mepɛɛ sɛ mete aseɛ no, obi a ɔte sɛ ɔbarima bɛgyinaa mʼanim. 16Na metee onipa nne a ɛrefrɛ firi Ulai mu sɛ, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehunu no ase.”

17Ɔrebɛn baabi a na megyina no, mesuroeɛ, na mede mʼanim butuu fam. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, te aseɛ sɛ anisoadehunu no fa awieɛberɛ no ho.”

18Ɛberɛ a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butu fam. Na ɔsɔɔ me mu de me gyinaa me nan so.

19Ɔkaa sɛ, “Merebɛka deɛ ɛbɛsi akyire no wɔ abufuberɛ mu akyerɛ wo, ɛfiri sɛ anisoadehunu no fa awieeɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no ho. 20Odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no. 21Ɔpapo niɛdenfoɔ no yɛ Helahene, na abɛn kɛseɛ a ɛtua nʼani ntam no yɛ ɔhene a ɔdi ɛkan no. 22Mmɛn ɛnan a ɛbɛsii abɛn a ɛbubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahennie ɛnan a ɛbɛsɔre afiri ne ɔman no mu, nanso wɔn tumidie renyɛ pɛ.

23“Wɔn adedie no rekɔ awieeɛ no, ɛberɛ a atuatefoɔ no ayɛ atirimuɔden mmorosoɔ no, ɔhene a ɔyɛ den, na ɔdi kontonkyisɛm bɛsɔre. 24Ɔbɛyɛ den yie a ɛmfiri nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe adeɛ ama nnipa ho adwiri wɔn, na ɔbɛdi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ. 25Ɔbɛma nnaadaa agye ntini, na ɔbɛyɛ ahomasoɔ. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkaeɛ, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a ɛmfiri onipa ahoɔden mu.

26“Anwummerɛ ne anɔpa anisoadehunu a wɔde ama wo no yɛ nokorɛ, nanso, sɔ ano, ɛfiri sɛ ɛfa daakye bi a ɛnnya mmaeɛ ho.”

27Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛ, na meyaree nna kakra. Akyire yi, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehunu no yɛɛ me ahodwirie; na ɛboro nteaseɛ so.