أخبار الأيام الثاني 27 – NAV & ASCB

Ketab El Hayat

أخبار الأيام الثاني 27:1-9

يوثام يملك على يهوذا

1كَانَ يُوثَامُ فِي الْخَامِسَةِ وَالْعِشْرِينَ مِنْ عُمْرِهِ حِينَ مَلَكَ، وَدَامَ حُكْمُهُ سِتَّ عَشْرَةَ سَنَةً فِي أُورُشَلِيمَ، وَاسْمُ أُمِّهِ يَرُوشَةُ بِنْتُ صَادُوقَ. 2وَصَنَعَ كُلَّ مَا هُوَ قَوِيمٌ فِي عَيْنَيِ الرَّبِّ عَلَى غِرَارِ مَا نَهَجَ عَلَيْهِ أَبُوهُ عُزِّيَّا، إِلّا أَنَّهُ لَمْ يُغِرْ عَلَى هَيْكَلِ الرَّبِّ، إلّا أَنَّ الشَّعْبَ ثَابَرَ عَلَى ارْتِكَابِ الآثَامِ.

3وَقَدْ قَامَ يُوثَامُ بِبِنَاءِ الْبَابِ الأَعْلَى لِهَيْكَلِ الرَّبِّ، وَأَضَافَ كَثِيراً إِلَى سُورِ الأَكَمَةِ. 4وَبَنَى مُدُناً فِي جَبَلِ يَهُوذَا وَشَيَّدَ أَبْرَاجاً وَقِلاعاً فِي الْغَابَاتِ.

5وَحَارَبَ مَلِكَ عَمُّونَ وَهَزَمَهُ، فَدَفَعُوا لَهُ الْجِزْيَةَ فِي تِلْكَ السَّنَةِ: مِئَةَ وَزْنَةٍ (نَحْوَ ثَلاثَةِ آلافٍ وَسِتِّ مِئَةِ كِيلُو جِرَامٍ) مِنَ الْفِضَّةِ وَعَشَرَةَ آلافِ كِيسِ قَمْحٍ وَعَشَرَةَ آلافٍ مِنَ الشَّعِيرِ. وَقَدْ أَدَّى لَهُ الْعَمُّونِيُّونَ نَفْسَ الْجِزْيَةِ فِي السَّنَةِ الثَّانِيَةِ وَالثَّالِثَةِ. 6وَعَظُمَ نُفُوذُ يُوثَامَ لأَنَّهُ سَلَكَ بِأَمَانَةٍ فِي طَاعَةِ الرَّبِّ إِلَهِهِ.

7أَمَّا بَقِيَّةُ أَخْبَارِ يُوثَامَ وَكُلُّ حُرُوبِهِ وَمُنْجَزَاتِهِ، أَلَيْسَتْ هِيَ مُدَوَّنَةً فِي كِتَابِ تَارِيخِ إِسْرَائِيلَ وَيَهُوذَا؟ 8كَانَ يُوثَامُ فِي الْخَامِسَةِ وَالْعِشْرِينَ مِنْ عُمْرِهِ حِينَ تَوَلَّى الْمُلْكَ، وَدَامَ حُكْمُهُ سِتَّ عَشْرَةَ سَنَةً فِي أُورُشَلِيمَ. 9ثُمَّ مَاتَ فَدَفَنُوهُ فِي مَدِينَةِ دَاوُدَ، وَخَلَفَهُ ابْنُهُ آحَازُ عَلَى الْمُلْكِ.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 27:1-9

Yotam Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Yotam dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa. 2Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no. Yotam deɛ, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no. Nanso, ɔmanfoɔ no toaa wɔn nnebɔneyɛ so. 3Yotam sane yɛɛ Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, ɛnna ɔsane yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasuo a ɛwɔ Ofel bepɔ so no. 4Ɔkyekyeree nkuro wɔ Yuda mmepɔ asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeammea a wɔadua nnua.

5Yotam tuu Amonfoɔ so sa, dii wɔn so nkonim. Mfeɛ mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no deɛ, ɔgyee wɔn apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno 3.4, ayuo susukora ɔpeduonum ne atokoɔ susukora ɔpeduonum.

6Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔde ahwɛyie yɛɛ ɔsetie maa Awurade, ne Onyankopɔn.

7Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ a nʼakodie ne ne nneyɛeɛ ahodoɔ ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo ne Yuda ahemfo nwoma mu. 8Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. 9Yotam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kurom na ne babarima Ahas, na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.