2 ጢሞቴዎስ 2 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

2 ጢሞቴዎስ 2:1-26

1እንግዲህ ልጄ ሆይ፤ አንተ በክርስቶስ ኢየሱስ ባለው ጸጋ በርታ። 2በብዙ ምስክር ፊት ከእኔ የሰማኸውን፣ ሌሎችን ለማስተማር ብቃት ላላቸው ለታመኑ ሰዎች ዐደራ ስጥ። 3እንደ ክርስቶስ ኢየሱስ በጎ ወታደር ከእኛ ጋር መከራን ተቀበል። 4በውትድርና የሚያገለግል ሰው አዛዡን ለማስደሰት ይጥራል እንጂ በሌላ ሥራ ራሱን አያጠላልፍም። 5እንደዚሁም በውድድር የሚሳተፍ ሰው፣ የውድድሩን ሕግ ጠብቆ ካልተወዳደረ የድሉን አክሊል አያገኝም። 6ትጉህ ገበሬም ከሰብሉ ለመጠቀም የመጀመሪያው ሊሆን ይገባዋል። 7እኔ የምለውን ልብ በል፤ ጌታ በሁሉም ነገር ማስተዋልን ይሰጥሃልና።

8ከሙታን የተነሣውን፣ ከዳዊት ዘርም የሆነውን ኢየሱስ ክርስቶስን ዐስብ፤ የእኔም ወንጌል ይኸው ነው፤ 9ለዚህም እንደ ወንጀለኛ እስከ መታሰር ድረስ መከራን እየተቀበልሁ ነው፤ የእግዚአብሔር ቃል ግን አይታሰርም። 10ስለዚህ በክርስቶስ ኢየሱስ ያለውን መዳን ከዘላለም ክብር ጋር እነርሱም ያገኙ ዘንድ፣ ለተመረጡት ስል ሁሉንም በመታገሥ እጸናለሁ።

11እንዲህ የሚለው ቃል የታመነ ነው፤

ከእርሱ ጋር ከሞትን፣

ከእርሱ ጋር ደግሞ በሕይወት እንኖራለን።

12ብንጸና፣

ከእርሱ ጋር ደግሞ እንነግሣለን።

ብንክደው፣

እርሱ ደግሞ ይክደናል፤

13ታማኞች ሆነን ባንገኝ፣

እርሱ ታማኝ እንደ ሆነ ይኖራል፤

ራሱን መካድ አይችልምና።

እግዚአብሔር የተቀበለው ሠራተኛ

14ስለ እነዚህ ነገሮች ማሳሰብህን አትተው፤ በቃላት እንዳይነታረኩ በእግዚአብሔር ፊት አስጠንቅቃቸው፤ ይህ ጥቅም የሌለው፣ የሚሰሙትንም የሚያፈርስ ነውና። 15እንደማያፍርና የእውነትን ቃል በትክክል እንደሚያስረዳ የተመሰከረለት ሠራተኛ፣ ራስህን በእግዚአብሔር ፊት ልታቀርብ ትጋ። 16እግዚአብሔርን ከማያስከብር ከንቱ ልፍለፋ ራቅ፤ በዚህ ነገር የተጠመዱ ሰዎች ከእግዚአብሔር እየራቁ ይሄዳሉና። 17ትምህርታቸው እንደማይሽር ቍስል ይሠራጫል፤ ከእነዚህም መካከል ሄሜኔዎስና ፊሊጦስ ይገኛሉ፤ 18እነዚህም ከእውነት ርቀው የሚባዝኑ ናቸው። እነርሱም ትንሣኤ ሙታን ከዚህ በፊት ሆኗል እያሉ የአንዳንዶቹን እምነት ይገለብጣሉ። 19ይሁን እንጂ፣ “ጌታ የእርሱ የሆኑትን ያውቃል” ደግሞም፣ “የጌታን ስም የሚጠራ ሁሉ ከክፋት ይራቅ” የሚል ማኅተም ያለበት የማይነቃነቅ የእግዚአብሔር መሠረት ቆሟል።

20በአንድ ትልቅ ቤት ውስጥ የወርቅና የብር ዕቃ ብቻ ሳይሆን፣ የዕንጨትና የሸክላ ዕቃም ይኖራል፤ ከእነዚህ አንዳንዶቹ ለከበረ፣ ሌሎቹም ላልከበረ አገልግሎት ይውላሉ። 21እንግዲህ ማንም ራሱን ከእነዚህ ከጠቀስኋቸው ነገሮች ቢያነጻ፣ ለክቡር አገልግሎት የሚውል፣ የተቀደሰ፣ ለጌታው የሚጠቅም፣ ለመልካም ሥራም ሁሉ የተሰናዳ ዕቃ ይሆናል።

22ከወጣትነት ክፉ ምኞት ሽሽ፤ በንጹሕ ልብ ጌታን ከሚጠሩት ጋርም ጽድቅን፣ እምነትን፣ ፍቅርንና ሰላምን ተከታተል። 23ከማይረባና ትርጕም የለሽ ከሆነ ክርክር ራቅ፤ ምክንያቱም እነዚህ ጠብን እንደሚያስከትሉ ታውቃለህ። 24የጌታም አገልጋይ ሊጣላ አይገባውም፤ ይልቁን ለሰው ሁሉ ገር፣ ለማስተማር ብቃት ያለው፣ ትዕግሥተኛም መሆን ይገባዋል፤ 25እውነትን ወደ ማወቅ ይደርሱ ዘንድ፣ እግዚአብሔር ንስሓን እንደሚሰጣቸው ተስፋ በማድረግ የሚቃወሙትን በየዋህነት የሚያቃና መሆን ይኖርበታል፤ 26ይኸውም ወደ አእምሯቸው ይመለሳሉ፤ ፈቃዱን ሊያስፈጽማቸው ምርኮኛ አድርጎ ከያዛቸው ከዲያብሎስ ወጥመድም ያመልጣሉ በማለት ነው።

Asante Twi Contemporary Bible

2 Timoteo 2:1-26

Ma Kristo Ahoɔden Nhyɛ Wo Den

1Na wo Timoteo, me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufoɔ, enti ma ɔnhyɛ wo den. 2Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansedifoɔ bebree no, na fa hyɛ nnipa a wogye wɔn di na wɔbɛtumi akyerɛ afoforɔ nso nsa. 3Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa. 4Ɔsraani mfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panin ani. 5Saa ara nso na obi a ɔfra akansie mu a ɔtu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ ɔdi akansie no mmara so. 6Okuafoɔ a wadɔ nʼafuo no, ɛsɛ sɛ ɔnya mu nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan no. 7Dwene nsɛm a mereka yi ho ɛfiri sɛ, Awurade bɛma woate biribiara ase.

8Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no. 9Esiane sɛ meka Asɛmpa no enti, mehunu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ. Nanso, Onyankopɔn asɛm no ngu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; 10na yei enti, biribiara a ɛbɛba me so no, ɛsiane Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn no enti, megyina ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ ne animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no.

11Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so nie:

“Sɛ yɛne no wuiɛ a,

yɛne no bɛtena ase.

12Sɛ yɛampa aba a,

yɛne no bɛdi ɔhene.

Sɛ yɛpa no a,

ɔno nso bɛpa yɛn.

13Sɛ yɛnnyɛ nokwafoɔ a,

ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ,

ɛfiri sɛ, ɔrensesa nʼasɛm.”

Nnye Akyinnyehunu

14Monkae mo nkurɔfoɔ wɔ yei ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim sɛ wɔnnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefoɔ no adwene. 15Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim. 16Twe wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nte ho ɛfiri sɛ, ɛno na ɛpam nnipa firi Onyankopɔn ho. 17Deɛ wɔkyerɛ no te sɛ akusikuro a ɛdidi fa honam no ani. Saa akyerɛkyerɛfoɔ yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto. 18Wɔamane afiri nokorɛ no ho na wɔka kyerɛ agyidifoɔ bi sɛ, yɛn wusɔreɛ no atwam dada, na wɔnam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene. 19Nanso, obi rentumi nhinhim fapem denden a Onyankopɔn ato no, ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ saa nsɛm yi wɔ so: “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ,” na “Obiara a ɔka sɛ ɔyɛ Awurade dea no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho.”

20Nkuku ne nkaka wɔ efi kɛseɛ mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforɔ nso wɔde dɔteɛ. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforɔ nso daa wɔde di dwuma. 21Sɛ obi te ne ho firi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko ɛfiri sɛ, watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ ɔdi no, ɔbɛdi.

22Dwane firi mmeranteberɛ mu akɔnnɔ, na ti nneɛma a ɛho teɛ te sɛ: tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma pa mu bom frɛ Awurade ma ɔboa no akyi. 23Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnyeɛ a ɛmfa hwee mma no mu, ɛfiri sɛ, ɛde akasakasa ba. 24Ɛnsɛ sɛ Awurade ɔsomfoɔ ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamyɛ ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa a ɔwɔ boasetɔ nso 25a sɛ wɔn a wɔne no di asie fom a, ɔto ne bo ase tene wɔn so, sɛ ebia, Onyankopɔn bɛsakyera wɔn adwene na wɔahunu nokorɛ no. 26Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔadwane afiri ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛdeɛ no afidie mu.