2 ዮሐንስ 1 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

2 ዮሐንስ 1:1-13

1ሽማግሌው፤

በእውነት ለምወድዳት፣ እኔ ብቻ ሳልሆን እውነትን የሚያውቁ ሁሉ ለሚወድዷት ለተመረጠችው እመቤትና ለልጆቿ፤ 2በውስጣችን ከሚኖርና ከእኛ ጋር ለዘላለም ከሚሆን እውነት የተነሣ፤

3ከእግዚአብሔር አብና የአብ ልጅ ከሆነው ከኢየሱስ ክርስቶስ ጸጋ፣ ምሕረትና ሰላም በእውነትና በፍቅር ከእኛ ጋር ይሆናል።

4ከልጆችሽ አንዳንዶቹ ከአብ በተሰጠን ትእዛዝ መሠረት በእውነት ጸንተው እየሄዱ በማግኘቴ እጅግ ደስ ብሎኛል። 5አሁንም እመቤት ሆይ፤ ከመጀመሪያ የነበረችውን እንጂ አዲስ ትእዛዝ አልጽፍልሽም፤ ይኸውም እርስ በርሳችን እንዋደድ ዘንድ ነው። 6ይህም ፍቅር፣ በትእዛዞቹ መሠረት እንመላለስ ዘንድ ነው። ትእዛዙም ከመጀመሪያ እንደ ሰማችሁት በፍቅር እንድትኖሩ ነው።

7ኢየሱስ ክርስቶስ በሥጋ እንደ መጣ የማያምኑ ብዙ አሳቾች ወደ ዓለም ወጥተዋል። እንዲህ ያለ ማንኛውም ሰው አታላይና የክርስቶስ ተቃዋሚ ነው። 8እናንተም የደከማችሁበትን ዋጋ እንዳታጡ፣ ነገር ግን ሙሉ ሽልማት እንድትቀበሉ ለራሳችሁ ተጠንቀቁ። 9በክርስቶስ ትምህርት የማይኖርና ከትምህርቱ የሚወጣ ሁሉ አምላክ የለውም፤ በክርስቶስ ትምህርት የሚኖር ግን አብም ወልድም አለው። 10ማንም ወደ እናንተ ቢመጣ፣ ይህንም ትምህርት ባያመጣ በቤታችሁ አትቀበሉት፤ ሰላምም አትበሉት፤ 11የሚቀበለው ሰው፣ የክፉ ሥራው ተባባሪ ይሆናልና።

12የምጽፍላችሁ ብዙ ነገር ነበረኝ፤ ይሁን እንጂ በወረቀትና በቀለም እንዲሆን አልፈልግም፤ ዳሩ ግን ደስታችን ፍጹም ይሆን ዘንድ ወደ እናንተ መጥቼ ፊት ለፊት ላነጋግራችሁ ተስፋ አደርጋለሁ።

13የተመረጠችው የእኅትሽ ልጆች ሰላምታ ያቀርቡልሻል።

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Yohane 1:1-13

1Me, Asɔre Panyin,

Mekyerɛw kɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokware no nti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wonim nokware no nyinaa dɔ mo, 2efisɛ nokware no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akosi daa:

3Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokware ne ɔdɔ mu.

4Mʼani gyee sɛ mihuu sɛ mo mma no bi te nokware mu sɛnea Agya no hyɛɛ yɛn no. 5Enti mereka akyerɛ wo, Awuraa se, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Eyi nyɛ mmara foforo a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn fi mfiase. 6Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ momma yɛntena ase na yɛnyɛ osetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote fii mfiase no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.

7Nnaadaafo a wonnye nto mu no se Yesu Kristo baa ɔhonam mu no abɔ apete wiase. Saa nnaadaafo yi yɛ atorofo ne Kristo atamfo. 8Monhwɛ mo ho so yiye na moanhwere nea moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no. 9Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no nni Onyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no. 10Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, munnnye no wɔ mo fi na munnnye nʼani nso. 11Efisɛ obiara a ogye saa nipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho.

Asɛnka A Etwa To

12Mewɔ nsɛm pii kyerɛw brɛ mo, nanso mempɛ sɛ mɛfa krataa ne kyerɛwduru so aka. Mmom, mɛba abɛsra mo na me ne mo abɛkasa na ama yɛn anigye awie pɛyɛ.

13Wo nuabea a Onyankopɔn apaw no no mma kyia wo.