1 ጢሞቴዎስ 5 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

1 ጢሞቴዎስ 5:1-25

ስለ መበለቶች፣ ስለ ሽማግሌዎችና ስለ ባሪያዎች የተሰጠ ምክር

1አረጋዊውን ሰው እንደ አባትህ ቈጥረህ ምከረው እንጂ በኀይለ ቃል አትናገረው። ወጣት ወንዶችን እንደ ወንድሞች ተቀበላቸው፤ 2እንዲሁም አሮጊቶችን እንደ እናቶች፣ ወጣት ሴቶችን ደግሞ እንደ እኅቶች በፍጹም ንጽሕና አስተናግዳቸው።

3በርግጥ ችግረኛ የሆኑትን መበለቶች ተንከባከባቸው። 4አንዲት መበለት ግን ልጆች ወይም የልጅ ልጆች ቢኖሯት፣ እነዚህ ልጆች የራሳቸውን ቤተ ሰብ በመርዳትና ለወላጆቻቸውም ብድራትን በመመለስ ከሁሉ በፊት እምነታቸውን በተግባር ለማሳየት መማር ይገባቸዋል፤ ይህ እግዚአብሔርን ደስ የሚያሰኝ ነውና። 5በርግጥ መበለት የሆነች፣ ብቻዋንም የምትኖር ተስፋዋን በእግዚአብሔር ላይ ታደርጋለች፤ ለጸሎትና የእግዚአብሔርን ርዳታ ለመለመን ሌሊትና ቀን ትተጋለች። 6ምድራዊ ደስታን የምትሻዋ መበለት ግን በሕይወት ብትኖርም የሞተች ናት። 7ማንም የሚነቀፍበት ነገር እንዳይኖር፣ ይህንም ትእዛዝ ለሕዝቡ ስጥ። 8አንድ ሰው ዘመዶቹን፣ በተለይም የቅርብ ቤተ ሰቡን የማይረዳ ከሆነ ሃይማኖቱን የካደ፣ ከማያምንም ሰው ይልቅ የባሰ ክፉ ነው።

9ዕድሜዋ ከስድሳ ዓመት ያነሰ መበለት በመዝገብ ላይ አትጻፍ፤ ደግሞም የአንድ ባል ሚስት የነበረች5፥9 ወይም ለባሏ ታማኝ የነበረች ልትሆን ይገባል፤ 10ልጆችን በማሳደግ፣ እንግዶችን በመቀበል፣ የቅዱሳንን እግር በማጠብ፣ የተቸገሩትን በመርዳትና ለበጎ ምግባር ሁሉ ራሷን በመስጠት በመልካም ሥራም የተመሰከረላት መሆን አለባት።

11ወጣት መበለቶችን ግን እንዲህ ባለው መዝገብ አትጻፋቸው፤ ምክንያቱም ሥጋዊ ፍላጎታቸው ለክርስቶስ በገቡት ቃል ላይ በሚያይልበት ጊዜ ለማግባት ይሻሉና። 12በዚህም ፍርድን በራሳቸው ላይ ያመጣሉ፤ በመጀመሪያ የገቡትን ቃል ኪዳን አፍርሰዋልና። 13በተጨማሪም ሥራ መፍታትንና ከቤት ቤት መዞርን ይለምዳሉ፤ ሥራ ፈት መሆን ብቻ ሳይሆን፣ የማይገባውን እየተናገሩ ሐሜተኞችና በሰው ጕዳይም ጣልቃ የሚገቡ ይሆናሉ። 14ስለዚህ ባል የሞተባቸው ወጣት ሴቶች እንዲያገቡ፣ ልጆች እንዲወልዱ፣ ቤታቸውን እንዲያስተዳድሩ፣ ጠላትም የሚነቅፍባቸውን ነገር እንዳያገኝ እመክራለሁ። 15በርግጥ ከዚህ በፊት አንዳንዶቹ ሰይጣንን ለመከተል ዘወር ብለዋል።

16አማኝ የሆነች ማንኛዋም ሴት በቤተ ሰቧ ውስጥ መበለቶች ቢኖሯት፣ ቤተ ክርስቲያን እውነተኛ መበለቶችን ብቻ መርዳት እንድትችል እርሷው ትርዳቸው እንጂ ለቤተ ክርስቲያን ሸክም እንዲሆኑ አትተዋቸው።

17ቤተ ክርስቲያንን በሚገባ የሚያስተዳድሩ፣ ይልቁንም በመስበክና በማስተማር የሚተጉ ሽማግሌዎች ዕጥፍ ክብር ይገባቸዋል፤ 18መጽሐፍም፣ “እያበራየ ያለውን በሬ አፉን አትሰር፤5፥18 ዘዳ 25፥4” ደግሞም፣ “ለሠራተኛ ደመወዙ ይገባዋል5፥18 ሉቃ 10፥7” ይላልና። 19በሁለት ወይም በሦስት ምስክሮች ካልተደገፈ በቀር በሽማግሌ ላይ የሚቀርብ ክስ አትቀበል። 20ሌሎች አይተው እንዲጠነቀቁ ኀጢአት የሚሠሩትን በጉባኤ ፊት ገሥጻቸው።

21በእግዚአብሔርና በክርስቶስ ኢየሱስ፣ በተመረጡትም መላእክት ፊት እነዚህን ትእዛዞች ያለ አድልዎ እንድትጠብቅና አንዳችም ነገር በማበላለጥ እንዳታደርግ ዐደራ እልሃለሁ።

22በማንም ላይ እጅ ለመጫን አትቸኵል፤ ከሌሎችም ጋር በኀጢአት አትተባበር፤ ራስህን በንጽሕና ጠብቅ።

23ለሆድህና ደጋግሞ ለሚነሣብህ ሕመም፣ ጥቂት የወይን ጠጅ ጠጣበት እንጂ ከእንግዲህ ውሃ ብቻ አትጠጣ።

24የአንዳንድ ሰዎች ኀጢአት ግልጽ ነው፤ ከእነርሱም ቀድሞ ፍርድ ቦታ ይደርሳል፤ ሌሎችን ግን ኀጢአታቸው ይከተላቸዋል። 25መልካም ሥራም እንደዚሁ ግልጽ ነው፤ ግልጽ ያልሆነ ቢኖርም እንኳ ተሰውሮ አይቀርም።

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 5:1-25

1Nka akwakoraa anim, na mmom hyɛ no nkuran sɛnea wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛnea wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa yɛ mmabun, 2yɛ mmea mpanyimfo sɛ wo nanom, na mmabaa nso, fa wɔn sɛ wo nuabeanom wɔ kronkronyɛ mu.

3Ma wʼani nku mmea akunafo a wonni ahwɛfo ho. 4Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa nananom a, nea edi kan no ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofo ne wɔn nenanom ka, efisɛ sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5Ɔbea a ɔyɛ okunafo ampa ara no a onni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidaso nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti ɔkɔ so bɔ mpae srɛ ne mmoa anadwo ne awia. 6Nanso sɛ okunafo bi de ne ho ma wiase a, na ɔyɛ teaseawu. 7Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomso. 8Na sɛ obi nhwɛ ne fifo, ne titiriw no, ɔno ara nʼabusuafo a, na wabu ne gyidi so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.

9Mfa okunafo biara a onni mmoroo mfe aduosia no din nka akunafo din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokware, 10na afei wagye din wɔ nneyɛe pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbea a watetew ne mma yiye na ogyee ahɔho wɔ ne fi na ɔhohoroo Awurade nkurɔfo anan ase na ɔboaa ahokyerefo na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahorow nyinaa.

11Mfa akunafo nkumaa no din nka wɔn ho. Efisɛ sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ware a, wɔtew wɔn ho fi Kristo ho 12na ɛma wodi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a edi kan no so. 13Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn bere kɔ afi mu na nea enye koraa ne sɛ wodi nseku yɛ pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka. 14Enti me pɛ ne sɛ, akunafo nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afi sɛnea ɛbɛyɛ a atamfo nnya wɔn ho kwan nka nsɛm ntia wɔn. 15Akunafo bi de wɔn ho ama ɔbonsam dedaw.

16Sɛ ɔbea gyidini bi wɔ akunafo wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafo a aka wɔn nko no.

Wɔnhwɛ Asɛmpaka Yiye

17Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, ɛsɛ sɛ wodwen wɔn ho na wɔde nidi mmɔho ma wɔn; ne titiriw no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsan kyerɛkyerɛ nso. 18Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Nkyekyere nantwi a osiw aburow no ano!” Bio, “Odwumayɛni akatua fata no!” 19Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanyin bi so no, gye sɛ nnansefo baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim. 20Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim wɔ bagua mu na abɔ afoforo hu. 21Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo kronkron anim ka se, di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanim biara nni mu.

22Ntutu mmirika mfa wo nsa ngu obi so wɔ Awurade dwumadi no mu. Twe wo ho fi bɔne a afoforo yɛ ho. Yɛ kronn.

23Nnom nsu nko ara, na mmom wo yafunu ne wo yare a wotaa yare nti, ɛyɛ a nom bobesa kakraa bi.

24Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmu mu, nanso afoforo bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyiri no. 25Saa ara nso na nneyɛe payɛ no da adi pefee. Na nea ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhintaw.