1 ቆሮንቶስ 6 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

1 ቆሮንቶስ 6:1-20

መካሰስ በክርስቲያኖች መካከል

1ከመካከላችሁ አንድ ሰው ከሌላው ጋር ሙግት ቢኖረው፣ ጕዳዩን በቅዱሳን ፊት በማቅረብ ፈንታ እንዴት ደፍሮ በማያምኑ ሰዎች ፊት ለመፋረድ ያቀርባል? 2ቅዱሳን በዓለም ላይ እንደሚፈርዱ አታውቁምን? በዓለም ላይ የምትፈርዱ ከሆነ፣ እንግዲያው፣ በትንሹ ነገር ላይ ለመፍረድ አትበቁምን? 3በምድራዊ ሕይወት ጕዳይ ቀርቶ፣ በመላእክት ላይ እንኳ እንደምንፈርድ አታውቁምን? 4እንግዲህ እንዲህ ያለ ጕዳይ ሲያጋጥማችሁ፣ በቤተ ክርስቲያን የተናቁትን ሰዎች ፈራጅ አድርጋችሁ ሹሟ6፥4 ወይም በቤተ ክርስቲያን የተናቁ ሰዎችን ፈራጅ አድርጋችሁ ትሾማላችሁ?! 5ይህንም የምለው ላሳፍራችሁ ብዬ ነው። ለመሆኑ ከመካከላችሁ ወንድሞችን ለማስታረቅ የሚበቃ አስተዋይ ሰው የለምን? 6ነገር ግን ወንድም ወንድሙን ለመክሰስ ፍርድ ቤት ይሄዳል፤ ያውም በማያምኑ ሰዎች ፊት!

7እንግዲህ በመካከላችሁ መካሰስ መኖሩ ራሱ ውድቀታችሁን ያሳያል። ብትበደሉ አይሻልምን? ብትታለሉስ አይሻልምን? 8እናንተ ግን ራሳችሁ ትበድላላችሁ፤ ታታልላላችሁም፤ ያውም እኮ ወንድሞቻችሁን።

9ዐመፀኞች የእግዚአብሔርን መንግሥት እንደማይወርሱ አታውቁምን? በዚህ ነገር አትታለሉ፤ ሴሰኞች፣ ጣዖት አምላኪዎች፣ አመንዝሮች፣ ወንደቃዎች፣ ግብረ ሰዶማውያን፣ 10ወይም ሌቦች፣ ስግብግቦች፣ ሰካራሞች፣ ተሳዳቢዎችና ቀማኞች የእግዚአብሔርን መንግሥት አይወርሱም። 11ከእናንተ አንዳንዶቻችሁ እንደዚህ ነበራችሁ፤ አሁን ግን በጌታ በኢየሱስ ክርስቶስ ስምና በአምላካችን መንፈስ ታጥባችኋል፤ ተቀድሳችኋል፤ ጸድቃችኋል።

የዝሙት ኀጢአት

12“ሁሉ ነገር ተፈቅዶልኛል፤” ይሁን እንጂ ሁሉም ነገር አይጠቅምም፤ “ሁሉ ነገር ተፈቅዶልኛል፤” ይሁን እንጂ ምንም ነገር በእኔ ላይ አይሠለጥንም። 13ደግሞም፣ “ምግብ ለሆድ ነው፤ ሆድም ለምግብ ነው፤” እግዚአብሔር ግን ሁለቱንም ያጠፋቸዋል። ሰውነት ለጌታ ነው እንጂ ለዝሙት አይደለም፤ ጌታም ለሰውነት ነው። 14እግዚአብሔር ጌታን ከሙታን እንዳስነሣው፣ እኛንም ደግሞ በኀይሉ ከሙታን ያስነሣናል። 15ሰውነታችሁ የክርስቶስ የአካሉ ብልቶች እንደ ሆነ አታውቁምን? ታዲያ፣ የክርስቶስን ብልቶች ወስጄ ከዝሙት ዐዳሪ ሴት ብልቶች ጋር አንድ ላድርገውን? ከቶ አይገባም! 16ወይስ ከዝሙት ዐዳሪ ጋር የሚተባበር ሰው ከእርሷ ጋር አንድ ሥጋ እንደሚሆን አታውቁምን? “ሁለቱ አንድ ሥጋ ይሆናሉ” ተብሏልና። 17ነገር ግን ከጌታ ጋር የሚተባበር ከእርሱ ጋር አንድ መንፈስ ይሆናል።

18ከዝሙት ሽሹ። ሰው የሚሠራው ኀጢአት ሁሉ ከአካሉ ውጭ ነው፤ ዝሙትን የሚፈጽም ግን በገዛ አካሉ ላይ ኀጢአት ይሠራል። 19ለመሆኑ፣ ሰውነታችሁ በውስጣችሁ የሚኖረው የመንፈስ ቅዱስ ቤተ መቅደስ እንደ ሆነ አታውቁምን? ይህም መንፈስ ከእግዚአብሔር የተቀበላችሁት ነው። እናንተም የራሳችሁ አይደላችሁም፤ 20በዋጋ ተገዝታችኋልና፤ ስለዚህ በሰውነታችሁ እግዚአብሔርን አክብሩ።

Asante Twi Contemporary Bible

1 Korintofoɔ 6:1-20

Nnsamane Wo Nua

1Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn enti na mokɔ abosonsomfoɔ atemmufoɔ anim ma wɔbu mo atɛn ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moma ateneneefoɔ siesie mo ntam? 2Monnim sɛ ateneneefoɔ na wɔbɛbu ewiase atɛn? Na sɛ, ɛsɛ sɛ mobu ewiase atɛn a, morentumi mmu nsɛm nketenkete atɛn? 3Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn? Mpɛn ahe na yɛmmu asetena mu nneɛma atɛn? 4Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wɔnni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie? 5Ɛyɛ animguaseɛ ma no! Menim yie sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafoɔ baako bi wɔ mo mu a ɔbɛtumi adi onua ne onua ntam asɛm. 6Ɛyɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so anaa, sɛ onua de onua bɛkɔ asɛnniiɛ ma wɔn a wɔnni gyidie bɛdi abua wɔn asɛm?

7Sɛ motumi de mo ho mo ho kɔ asɛnniiɛ no kyerɛ sɛ moadi nkoguo dada. Anka ɛyɛ sɛ obi bɛsisi mo anaa sɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom. 8Nanso, mo ara motwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo. 9Mo ara monim sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nyɛ, anaa mo a mosom ahoni, anaa adwamanfoɔ anaa mmarima a wɔne mmarima da, 10anaa adifudepɛfoɔ, anaa aniberefoɔ, anaa akɔwensafoɔ, anaa mo a mosɛe afoforɔ din, anaa akorɔmfoɔ no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. 11Na mo mu bi te saa. Nanso, wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu enti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.

12Obi se, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ mepɛ.” Ɛwom saa; nanso ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ma wo. Mɛtumi aka sɛ, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho ɛkwan ma ɛmfa me akoa. 13Obi foforɔ nso bɛka sɛ, “Aduane wɔ hɔ ma yafunu na yafunu nso wɔ hɔ ma aduane.” Ɛyɛ nokorɛ; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awieeɛ. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne onipadua ma adwamammɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, ɛfiri sɛ onipadua no yɛ Onyankopɔn dea. 14Onyankopɔn maa Awurade sɔre firii awufoɔ mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afiri awufoɔ mu. 15Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Kristo onipadua no fafa bi anaa? Memfa Kristo onipadua fa bi mmɔ obi a ɔbɔ adwaman onipadua ho anaa? Dabi. 16Anaa ebia na monnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ adwamanfoɔ ho nso yɛ odwamanfoɔ? Atwerɛsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ onipadua korɔ.” 17Nanso, onipa a wɔde no abata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu.

18Mommmɔ adwaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne onipadua no, nanso onipa a ɔbɔ adwaman no sɛe ɔno ankasa ne onipadua. 19Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; 20ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.