1 ሳሙኤል 7 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

1 ሳሙኤል 7:1-17

1የቂርያትይዓሪም ሰዎችም መጥተው የእግዚአብሔርን ታቦት ይዘው ወጡ፤ ከዚያም በኰረብታው ላይ ወዳለው ወደ አሚናዳብ ቤት ወሰዱት። የእግዚአብሔርን ታቦት እንዲጠብቅም ልጁን አልዓዛርን ቀደሱት።

የፍልስጥኤማውያን መሸነፍ

2ታቦቱ በቂርያትይዓሪም ከተቀመጠ ረዥም ጊዜ ሆነው፤ በአጠቃላይ ሃያ ዓመት ቈየ። የእስራኤል ሕዝብ ሁሉ አዘነ፤ እግዚአብሔርንም ፈለገ። 3ሳሙኤልም የእስራኤልን ቤት ሁሉ፣ “በፍጹም ልባችሁ ወደ እግዚአብሔር የምትመለሱ ከሆነ፣ ሌሎችን አማልክትና አስታሮትን ከመካከላችሁ አስወግዱ፤ ራሳችሁንም ለእግዚአብሔር አሳልፋችሁ ስጡ፤ እርሱንም ብቻ አምልኩ፤ እርሱም ከፍልስጥኤማውያን እጅ ይታደጋችኋል።” አላቸው። 4ስለዚህ እስራኤላውያን የበኣልንና የአስታሮትን አማልክት አስወግደው፣ እግዚአብሔርን ብቻ አመለኩ።

5ከዚያ በኋላ ሳሙኤል፣ “እስራኤልን ሁሉ በምጽጳ ሰብስቡ፤ እኔም ስለ እናንተ ወደ እግዚአብሔር እጸልያለሁ” አለ። 6እስራኤላውያን በምጽጳ በተሰበሰቡ ጊዜ፣ ውሃ ቀድተው በእግዚአብሔር ፊት አፈሰሱ፤ በዚያች ዕለት ጾሙ፤ በዚያም “እግዚአብሔርን በድለናል” ብለው ተናዘዙ። ሳሙኤልም በምጽጳ እስራኤልን ይፈርድ ነበር።

7እስራኤል በምጽጳ መሰብሰባቸውን ፍልስጥኤማውያን በሰሙ ጊዜ፣ የፍልስጥኤማውያን ገዦች ሊወጓቸው ወጡ፤ እስራኤላውያንም ይህን ሲሰሙ፣ ፍልስጥኤማውያንን ፈሩ፤ 8ሳሙኤልንም፣ “አምላካችን እግዚአብሔር ከፍልስጥኤማውያን እጅ ያድነን ዘንድ ስለ እኛ ወደ እርሱ መጸለይህን አታቋርጥ” አሉት። 9ሳሙኤልም አንድ የሚጠባ የበግ ግልገል ወስዶ ሙሉ ለሙሉ የሚቃጠል መሥዋዕት በማድረግ ለእግዚአብሔር አቀረበው፤ ስለ እስራኤልም ወደ እግዚአብሔር ጸለየ፤ እግዚአብሔርም መለሰለት።

10ሳሙኤል የሚቃጠለውን መሥዋዕት በሚያሳርግበት ጊዜ፣ ፍልስጥኤማውያን እስራኤልን ለመውጋት ቀረቡ። ይሁን እንጂ በዚያ ዕለት እግዚአብሔር በፍልስጥኤማውያን ላይ ከባድ የነጐድጓድ ድምፅ ስላንጐዳጐደባቸው እጅግ ተሸበሩ፤ ድልም ተመተው ከእስራኤላውያን ፊት ሸሹ። 11እስራኤላውያንም ከምጽጳ ወጥተው ፍልስጥኤማውያንን በየመንገዱ እየገደሉ ከቤትካር በታች እስካለው ስፍራ ድረስ አሳደዷቸው።

12ከዚህ በኋላ ሳሙኤል አንድ ድንጋይ ወስዶ በምጽጳና በሼን መካከል አቆመው፤ ስሙንም “እግዚአብሔር እስከ አሁን ድረስ ረድቶናል” ሲል “አቤንኤዘር7፥12 አቤኔዘር ማለት የርዳታ ድንጋይ ማለት ነው።” ብሎ ጠራው። 13በዚህ ሁኔታ ፍልስጥኤማውያን ድል ስለ ተመቱ፣ የእስራኤልን ምድር ዳግመኛ አልወረሩም።

ሳሙኤል በሕይወት በነበረበት ዘመን ሁሉ፣ የእግዚአብሔር እጅ በፍልስጥኤማውያን ላይ ከብዳ ነበር። 14ፍልስጥኤማውያን ከእስራኤል የወሰዷቸው ከአቃሮን እስከ ጌት የነበሩ ከተሞች ለእስራኤል ተመለሱላት፤ ግዛታቸውም ከፍልስጥኤማውያን እጅ ነፃ ወጣች፤ በእስራኤልና በአሞራውያንም መካከል ሰላም ነበረ።

15ሳሙኤል በሕይወት በነበረበት ዘመን ሁሉ፣ እስራኤልን ይዳኝ ነበር። 16በየዓመቱ በቤቴል፣ በጌልገላና በምጽጳ እየተዘዋወረ፣ በእነዚህ ቦታዎች ሁሉ በእስራኤል ላይ ይፈርድ ነበር። 17ከዚያም በአርማቴም ወዳለው ቤቱ ይመለስ ነበር፤ በዚያም ደግሞ በእስራኤል ላይ ይፈርድ ነበር። በዚያም ለእግዚአብሔር መሠዊያ ሠራ።

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 7:1-17

1Enti Kiriat-Yearimfo begyee Awurade Apam Adaka7.1 Adaka no sii hɔ ara kosii sɛ Dawid fa, san de kɔɔ Yerusalem (2 Sam 6.2-3). no. Wɔde kɔɔ Abinadab fi a ɛda bepɔw nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wodwiraa ne babarima Eleasar sɛ ɔnhwɛ so. 2Apam Adaka no kyɛe yiye wɔ Kiriat-Yearim. Edii mfirihyia aduonu wɔ hɔ. Saa bere no Israel nyinaa twaa agyaadwo, efisɛ na ayɛ sɛ Awurade agyaw wɔn.

Samuel Yɛ Israel So Temmufo

3Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa se, “Sɛ mode mo koma nyinaa resan akɔ Awurade nkyɛn de a, ɛno de, montwe mo ho mfi ananafo anyame ne Astoret ahoni ho. Munsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ osetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na obegye mo afi Filistifo nsam.” 4Enti Israelfo no too Baalim ne Astoret gui, som Awurade nko.

5Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpae mma mo.” 6Enti wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn anyankamade mu no, wɔsaw nsu fi abura bi mu, na wohwie guu Awurade anim. Wodii abuada da no, na wɔkaa nokware sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so temmufo.

7Bere a Filistifo sodifo no tee sɛ Israel nyinaa aboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, tu teɛe. Na Israelfo no tee sɛ Filistifo no rebɛn wɔn no, wɔn koma tuu yiye. 8Woguan toaa Samuel se, “Srɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, na onnye yɛn mfi Filistifo nsam.” 9Enti Samuel faa oguan ba a onnyinii de ne mua no bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfo, na Awurade tiei.

10Bere a Samuel gu so rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no baa sɛ wɔrebɛko. Nanso Onyankopɔn de aprannaa nne a emu yɛ duru yiye kasa fi soro, maa basabasayɛ sii Filistifo no mu, maa Israelfo no dii wɔn so nkonim. 11Israel mmarima pam wɔn fi Mispa, kosii Bet-Kar, kunkum wɔn guu ɔkwan so.

12Ɛnna Samuel faa ɔbo kɛse bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne “Ɔboa bo” na ɔkae se, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abesi!”

13Enti wodii Filistifo no so, na wɔantumi ammegye Israelfo nsase amfa wɔ bere tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifo. 14Na Israel nkurow a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifo no agyigye no. Wɔde asase a aka a Filistifo no agyigye no kaa ho. Ɛmaa asomdwoe baa Israel ne Amorifo7.14 Din “Amorifo” no, sɛ wɔbɔ so a, na wɔkyerɛ Kanaanfo nyinaa. ntam saa bere no.

15Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so temmufo ne nkwa nna a aka nyinaa. 16Afe biara, na otu kwan kyinkyin bu atɛn wɔ nʼasennii. Ofi ase wɔ Bet-El7.16 Bet-el, Gilgal ne Mispa yɛ nkurow abiɛsa a ɛwɔ Benyamin mantam mu a na wɔasisi Kronkrommea wɔ hɔ (hwɛ Yos 4.19). de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Obuu Israelfo atɛn wɔ saa nkurow yi biara so. 17Afei, na ɔsan ba ne kurom Rama bedi nsɛm wɔ hɔ nso. Na Samuel sii afɔremuka wɔ Rama de maa Awurade.