ዮሐንስ 21 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ዮሐንስ 21:1-25

ደቀ መዛሙርቱ ዓሣ በታምር መያዛቸው

1ከዚያም በኋላ ኢየሱስ በጥብርያዶስ ባሕር21፥1 የገሊላ ባሕር ማለት ነው። እንደ ገና ለደቀ መዛሙርቱ ታየ፤ በዚህም ሁኔታ ተገለጠ፤ 2ስምዖን ጴጥሮስ፣ ዲዲሞስ የተባለው ቶማስ፣ የቃና ዘገሊላው ናትናኤል፣ የዘብዴዎስ ልጆችና ከደቀ መዛሙርቱ ሌሎች ሁለት አንድ ላይ ነበሩ፤ 3ስምዖን ጴጥሮስም፣ “ዓሣ ላጠምድ መሄዴ ነው” አላቸው፤ እነርሱም፣ “እኛም ከአንተ ጋር እንሄዳለን” አሉት። ወጥተውም ወደ ጀልባዋ ገቡ፤ በዚያ ሌሊት ግን ምንም አላጠመዱም።

4ሲነጋም፣ ኢየሱስ በባሕሩ ዳርቻ ቆመ፤ ደቀ መዛሙርቱ ግን ኢየሱስ መሆኑን አላወቁም ነበር።

5እርሱም፣ “ልጆች፣ ዓሣ አላችሁ?” አላቸው።

እነርሱም፣ “የለንም” አሉት።

6እርሱም፣ “መረባችሁን ከጀልባው በስተ ቀኝ ጣሉ፤ ዓሣ ታገኛላችሁ” አላቸው። እነርሱም በጣሉ ጊዜ ከዓሣው ብዛት የተነሣ መረቡን መጐተት አቃታቸው።

7ኢየሱስ ይወድደው የነበረው ደቀ መዝሙርም፣ ጴጥሮስን፣ “ጌታ እኮ ነው!” አለው። ስምዖን ጴጥሮስም፣ “ጌታ እኮ ነው!” የሚለውን ቃል በሰማ ጊዜ፣ አውልቆት የነበረውን መደረቢያ ልብስ ታጠቀና ዘልሎ ወደ ባሕሩ ገባ። 8ሌሎች ደቀ መዛሙርት ግን ከባሕሩ ዳርቻ የራቁት ሁለት መቶ ክንድ ያህል21፥8 ዘጠና ሜትር ያህል ነው። ብቻ ስለ ነበር፣ ዓሣ የሞላበትን መረብ እየሳቡ በጀልባዋ መጡ። 9ወደ ምድርም በደረሱ ጊዜ፣ ዓሣ በላዩ የነበረበት የከሰል ፍምና እንጀራ አዩ።

10ኢየሱስም፣ “አሁን ካጠመዳችሁት ዓሣ እስቲ አምጡ” አላቸው።

11ስለዚህ ስምዖን ጴጥሮስ ወደ ጀልባዋ ወጥቶ መረቡን ወደ ምድር ጐተተው፤ መረቡንም መቶ አምሳ ሦስት ትልልቅ ዓሣ ሞልተውት ነበር፤ ይህን ያህል ቢይዝም መረቡ አልተቀደደም። 12ኢየሱስም “ኑ፤ ቍርስ ብሉ” አላቸው። ጌታ እንደ ሆነ ዐውቀው ስለ ነበር፣ ከደቀ መዛሙርቱ፣ “አንተ ማን ነህ?” ብሎ ለመጠየቅ የደፈረ አልነበረም። 13ኢየሱስም መጥቶ እንጀራውን አንሥቶ ሰጣቸው፤ እንዲሁም ዓሣውን። 14እንግዲህ ኢየሱስ ከሙታን ከተነሣ በኋላ ለደቀ መዛሙርቱ ሲታይ ይህ ለሦስተኛ ጊዜ ነው።

ኢየሱስ ጴጥሮስን ወደ ቀድሞ ቦታው መለሰው

15በልተው ካበቁ በኋላ፣ ኢየሱስ ስምዖን ጴጥሮስን፣ “የዮና ልጅ ስምዖን ሆይ፤ ከእነዚህ አብልጠህ ትወድደኛለህን?” አለው።

እርሱም፣ “አዎን፣ ጌታ ሆይ፤ እንደምወድድህ አንተ ታውቃለህ” አለው።

ኢየሱስም፣ “ጠቦቶቼን መግብ” አለው።

16ኢየሱስም ለሁለተኛ ጊዜ፣ “የዮና ልጅ፣ ስምዖን ሆይ፤ በእውነት ትወድደኛለህን?” አለው።

እርሱም፣ “አዎን፣ ጌታ ሆይ፤ እንደምወድድህ አንተ ታውቃለህ” አለው።

ኢየሱስም፣ “በጎቼን ጠብቅ” አለው።

17ሦስተኛም ጊዜ፣ “የዮና ልጅ፣ ስምዖን ሆይ፤ ትወድደኛለህን?” አለው።

ጴጥሮስም ሦስተኛ ጊዜ ኢየሱስ፣ “ትወድደኛለህን?” ብሎ ስለ ጠየቀው ዐዝኖ፣ “ጌታ ሆይ፤ አንተ ሁሉን ታውቃለህ፤ እንደምወድድህም ታውቃለህ” አለው።

ኢየሱስም እንዲህ አለው፤ “በጎቼን መግብ። 18እውነት እልሃለሁ፤ ወጣት ሳለህ ልብስህን ራስህ ለብሰህ ወደ ፈለግህበት ትሄድ ነበር፤ ስትሸመግል ግን እጅህን ትዘረጋለህ፤ ሌላም ሰው ልብስህን አስታጥቆህ ልትሄድ ወደማትፈልግበት ይወስድሃል።” 19ኢየሱስ ይህን ያለው ጴጥሮስ በምን ዐይነት ሞት እግዚአብሔርን እንደሚያከብረው ለማመልከት ነው። ከዚህ በኋላም፣ “ተከተለኝ” አለው።

20ጴጥሮስ ወደ ኋላው ዘወር ሲል፣ ኢየሱስ ይወድደው የነበረ ደቀ መዝሙር ሲከተላቸው አየ፤ ይህም ደቀ መዝሙር ያን ጊዜ እራት ሲበሉ ወደ ኢየሱስ ደረት ተጠግቶ፣ “ጌታ ሆይ፤ አሳልፎ የሚሰጥህ ማን ነው?” ያለው ነበር። 21ጴጥሮስም ባየው ጊዜ፣ “ጌታ ሆይ፤ እርሱስ?” ብሎ ጠየቀ።

22ኢየሱስም፣ “እስክመለስ ድረስ በሕይወት እንዲኖር ብፈልግ እንኳ አንተን ምን ቸገረህ? አንተ ራስህ ተከተለኝ” አለው። 23በዚህ ምክንያት ይህ ደቀ መዝሙር አይሞትም የሚል ወሬ በወንድሞች መካከል ተሠራጨ። ኢየሱስ ግን፣ “እስክመለስ ድረስ በሕይወት እንዲኖር ብፈልግ አንተን ምን ቸገረህ?” አለው እንጂ እንደማይሞት አልነገረውም።

24ስለ እነዚህ የሚመሰክረውና ይህን የጻፈው ይኸው ደቀ መዝሙር ነው፤ ምስክርነቱም እውነት እንደ ሆነ እናውቃለን።

25ኢየሱስ ያደረጋቸው ሌሎችም ብዙ ነገሮች አሉ፤ ሁሉም ነገር ቢጻፍ፣ ለተጻፉት መጻሕፍት ሁሉ ዓለም በቂ ቦታ የሚኖረው አይመስለኝም።

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 21:1-25

Yesu Yi Ne Ho Adi Bio

1Akyire no, Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafoɔ no mu bi. Ɛkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no nie: 2Saa ɛberɛ no, na Simon Petro, ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafoɔ no mu baanu na na wɔwɔ ɔtadeɛ no ho. 3Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no sɛ, “Merekɔyi nam.” Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne wo bɛkɔ.” Wɔn nyinaa kɔtenaa kodoɔ mu kɔɔ ɛpo, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara.

4Adeɛ kyee anɔpa a anim retete no, Yesu bɛgyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.

5Ɔfrɛɛ asuafoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, moayi nam bi anaa?”

Wɔbuaa sɛ, “Dabi.”

6Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu mo asau no wɔ nifa fam na mobɛyi nam.” Wɔguu asau no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Nam yɛɛ asau no ma sei tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.

7Afei, osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɛyɛ Awurade.” Ɛberɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ nʼatadeɛ, huri tɔɔ nsuo no mu dware kɔɔ mpoano hɔ. 8Asuafoɔ a wɔaka no tenaa kodoɔ no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no, na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sei tɔ no. Ɛkwan a ɛfiri faako a wɔwɔ wɔ ɛpo no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha. 9Wɔduruu mpoano hɔ no wɔhunuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na burodo bi nso gu nkyɛn.

10Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa nam a moayi no bi mmra.” 11Simon Petro foro kɔɔ kodoɔ no mu kɔtwee asau a na nam akɛseɛ bɛyɛ ɔha aduonum mmiɛnsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwom sɛ na nam ayɛ asau no ma deɛ, nanso antete. 12Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdidi.” Asuafoɔ no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade. 13Yesu faa burodo no kyekyɛ maa wɔn. Yei akyi no, ɔkyɛɛ nam a na wɔatoto no nso maa wɔn. 14Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.

Petro Kyerɛ Ne Dɔ

15Wɔdidi wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me sene sɛdeɛ yeinom dɔ me no anaa?”

Petro buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.”

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.”

16Yesu sane bisaa no sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?”

Petro sane buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.”

Yesu sane ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ me nnwan.”

17Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?”

Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhoɔ sɛ Yesu abisa no saa asɛm korɔ no ara mprɛnsa. Enti, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, wonim biribiara, na wonim nso sɛ, medɔ wo!”

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwan. 18Meka nokorɛ akyerɛ wo. Woyɛ aberanteɛ no, na wotumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, na woyɛ deɛ wopɛ biara nso. Nanso, sɛ wobɔ akɔkoraa a, wobɛtene wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.” 19Asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔde kyerɛɛ owu ko a Petro bɛwu de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Di mʼakyi.”

20Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi hunuu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, ɔtwe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, hwan na ɔbɛyi wo ama” no? 21Petro hunuu saa osuani yi no, ɔbisaa Yesu sɛ, “Awurade, na yei nso ɛdeɛn na ɛbɛto no?”

22Yesu buaa no sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di mʼakyi.” 23Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifoɔ no mu pii susuu sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso, na ɛnyɛ deɛ Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, ɛberɛ a ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn?”

24Saa osuani yi ne onipa a ɔdi yeinom nyinaa ho adanseɛ na ɔtwerɛeɛ nso. Yɛnim sɛ nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ.

25Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛeɛ a wɔantwerɛ, na sɛ wɔtwerɛeɛ no mmaako mmaako a, anka megye di sɛ ɛrensene ewiase.