ዘዳግም 7 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

ዘዳግም 7:1-26

አሕዛብን ማስወጣት

1አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ልትወርሳት ወደምትገባባት ምድር በሚያመጣህና ብዙዎችን ከአንተ የሚበልጡ ታላላቆችና ብርቱዎች የሆኑትን ሰባቱን አሕዛብ፦ ኬጢያውያንን፤ ጌርጌሳውያንን፣ አሞራውያንን፣ ከነዓናውያንን፣ ፌርዛውያንን፣ ኤዊያውያንንና ኢያቡሳውያንን ከፊትህ በሚያስወጣቸው ጊዜ፣ 2አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) በእጅህ አሳልፎ በሰጠህና አንተም ድል ባደረግሃቸው ጊዜ፣ ሁሉንም ፈጽመህ ደምስሳቸው7፥2 በዚህና በቍጥር 26 ላይ የዕብራይስጡ ቃል አንድን ነገር ወይም አንድን ሰው ሙሉ በሙሉ በማጥፋት ለእግዚአብሔር መስጠትን የሚያሳይ ነው።፤ ከእነርሱ ጋር አትዋዋል፤ አትራራላቸውም። 3ከእነርሱ ጋር ጋብቻ አታድርግ፤ ሴት ልጆችህን ለወንድ ልጆቻቸው አትስጥ፤ ወይም ለወንድ ልጆችህ ሴት ልጆቻቸውን አታምጣ፤ 4ምክንያቱም እኔን ከመከተል ልጆችህን መልሰው ሌሎችን አማልክት እንዲያመልኩ ስለሚያደርጉና ከዚህም የተነሣ የእግዚአብሔር (ያህዌ) ቍጣ በላይህ ነዶ፣ ፈጥኖ ስለሚያጠፋህ ነው። 5እንግዲህ በእነርሱ ላይ የምታደርጉት ይህ ነው፤ መሠዊያዎቻቸውን አፈራርሱ፤ የማምለኪያ ዐምዶቻቸውን7፥5 እዚህ ላይና በዚሁ መጽሐፍ በሌላ ስፍራ አሼራ የምትባለውን ጣዖት ምስል የሚያመለክት ነው። ሰባብሩ፤ የአሼራ ምስል ዐምዶቻቸውን ቍረጡ፤ ጣዖቶቻቸውንም በእሳት አቃጥሉ። 6አንተ ለአምላክህ ለእግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ቅዱስ ሕዝብ ስለ ሆንህ፣ አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) የራሱ ሕዝብ፣ ርስትም እንድትሆንለት በምድር ላይ ከሚኖሩ ሕዝቦች ሁሉ መረጠህ።

7እግዚአብሔር (ያህዌ) እናንተን የወደዳችሁና የመረጣችሁ ከሌሎች ሕዝቦች በቍጥር ስለ በዛችሁ አይደለም፤ ቍጥራችሁማ ከሕዝቦች ሁሉ እጅግ አነስተኛ ነበር። 8ነገር ግን እናንተን በብርቱ እጅ ያወጣችሁ፣ ከባርነት ምድርና ከግብፅ ንጉሥ ከፈርዖን መዳፍ የተቤዣችሁ፣ እግዚአብሔር (ያህዌ) እናንተን ስለ ወደዳችሁና ለአባቶቻችሁ የማለላቸውን መሐላ ስለ ጠበቀ ነው። 9ስለዚህም አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) አምላክ (ኤሎሂም) መሆኑን ዕወቅ፤ እርሱ ለሚወድዱትና ትእዛዞቹን ለሚጠብቁት የፍቅሩን ኪዳን እስከ ሺሕ ትውልድ ድረስ የሚጠብቅ ታማኝ አምላክ (ኤሎሂም) ነው። 10ነገር ግን፣ የሚጠሉትን ዐይናቸው እያየ ይበቀላቸዋል፤ የሚጠሉትን ዐይናቸው እያየ ለመበቀል አይዘገይም። 11ስለዚህ በዛሬው ቀን የምሰጥህን ትእዛዙን፣ ሥርዐቱንና ሕግጋቱን ለመከተል ጥንቃቄ አድርግ።

12እነዚህን ሕግጋት ብታዳምጥና በጥንቃቄ ብትጠብቃቸው፣ አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ለአባቶችህ እንደ ማለላቸው ከአንተ ጋር የገባውን የፍቅር ኪዳኑን ይጠብቃል። 13ይወድሃል፤ ይባርክሃል፤ ያበዛሃልም። ለአንተ ለመስጠት ለአባቶችህ በማለላቸው ምድር የማሕፀንህን ፍሬ፣ የምድርህን ሰብል፣ እህልህን፣ አዲሱን ወይንና ዘይት፤ የከብት መንጋህን ጥጆች፣ የበግና የፍየል መንጋህን ግልገሎች ይባርካል። 14ከሕዝቦች ሁሉ የበለጠ አንተ ትባረካለህ፤ ከአንተ ወይም ከከብቶችህ መካከል የማይወልድ ወንድ ወይም ሴት አይኖርም። 15እግዚአብሔር (ያህዌ) ከማናቸውም በሽታ ነጻ ያደርግሃል፤ በግብፅ የምታውቃቸውን እነዚያን አሠቃቂ በሽታዎች በሚጠሉህ ሁሉ ላይ እንጂ በአንተ ላይ አያመጣብህም። 16አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) በእጅህ አሳልፎ የሚሰጥህን ሕዝቦች ሁሉ ማጥፋት አለብህ፤ አትዘንላቸው፤ ወጥመድ ስለሚሆኑብህም አማልክታቸውን አታምልክ።

17“እነዚህ አሕዛብ ከእኛ ይልቅ ጠንካሮች ስለ ሆኑ፣ እንዴት አድርገን እናስወጣቸዋለን?” ብለህ በልብህ ታስብ ይሆናል።

18ነገር ግን አትፍራቸው፤ አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) በፈርዖንና በግብፅ ሁሉ ላይ ያደረገውን በሚገባ አስታውስ። 19ታላላቅ ፈተናዎችን፣ ታምራዊ ምልክቶችንና ድንቅ ነገሮችን አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) አንተን ያወጣበትን ብርቱ እጅና የተዘረጋች ክንድ በገዛ ዐይንህ አይተሃል። አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) አሁን በምትፈራቸው ሕዝቦች ሁሉ ላይ ያንኑ ያደርጋል። 20ይልቁንም አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) በሕይወት ተርፈው፣ ከአንተ የተደበቁት እንኳ እስኪጠፉ ድረስ በመካከላቸው ተርብ ይሰድድባቸዋል። 21በመካከልህ ያለው አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ታላቅና የሚያስፈራ አምላክ (ኤሎሂም) ስለሆነ አያስደንግጡህ። 22አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) እነዚህን ሕዝቦች ጥቂት በጥቂት ከፊትህ ያስወጣቸዋል፤ የዱር አራዊቱ ቍጥር በአካባቢህ እንዳይበራከት ሁሉንም በአንድ ጊዜ ማጥፋት አይፈቀድልህም፤ 23አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ግን እስኪጠፉ ድረስ ከባድ ትርምስ ፈጥሮባቸው በእጅህ አሳልፎ ይሰጥሃል። 24ነገሥታታቸውን በእጅህ ይጥላቸዋል፤ ስማቸውንም ከሰማይ በታች ታጠፋለህ። እስክትደመስሳቸው ድረስ አንተን መቋቋም የሚችል አንድም ሰው የለም። 25የአማልክታቸውን ምስሎች በእሳት አቃጥል፤ በላያቸው የሚገኘውን ብርና ወርቅ አትመኝ፤ ለራስህ አታድርግ፤ አለዚያ በአምላክህ በእግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ዘንድ አስጸያፊ ስለሆነ ያሰናክልሃል። 26አስጸያፊ ነገርን ወደ ቤትህ ወይም ወደ ራስህ አታምጣ፤ አለዚያ አንተም እንደ እርሱ ለጥፋት ትዳረጋለህ፤ ፈጽመህ ጥላው፤ ተጸየፈውም፤ ለጥፋት የተለየ ነውና።

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 7:1-26

Wɔpam Amanaman No

1Awurade, mo Nyankopɔn, de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so, na ɔpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim, a wɔyɛ Hetifo, Girgasifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔwɔ so na wɔyɛ den sen mo, 2na Awurade, mo Nyankopɔn, de saa aman yi hyɛ mo nsa na mudi wɔn so a, monsɛe wɔn pasapasa. Mo ne wɔn nhyehyɛ apam biara na munnhu wɔn mmɔbɔ. 3Mo ne wɔn nni aware na mommma mo mmabea ne mo mmabarima nware wɔn mmabarima ne wɔn mmabea. 4Efisɛ wɔbɛma mo mma asan afi mʼakyi akɔsom wɔn anyame foforo. Na Awurade abufuw bɛdɛw atia mo na wasɛe mo ntɛm. 5Nea ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mummubu wɔn afɔremuka na munnwiriw wɔn abosom adum no ngu. Muntwitwa wɔn abosompɔw ngu na monhyew wɔn ahoni. 6Na moyɛ nnipa kronkron a moyɛ, Awurade, mo Nyankopɔn no, de. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa mu no, mo na Awurade, mo Nyankopɔn, ayi mo sɛ nʼagyapade a ɛsom no bo.

7Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sen nnipa a aka no nti na Awurade anya mo ho dɔ no, mo na na musua koraa wɔ nnipa no nyinaa mu. 8Na mmom, Awurade dɔɔ mo na odii ne ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no beyi wɔn afi nkoasom asase so ne Misraimhene Farao tumi ase no. 9Enti munhu sɛ, Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokware Nyankopɔn a odi wɔn a wɔdɔ no na wodi nʼahyɛde so no dɔ apam so kosi awo ntoatoaso apem so. 10Nanso, ɔntwentwɛn na ɔtwe wɔn a wokyi no no aso, sɛe wɔn. 11Ɛno nti, monhwɛ yiye na munni ahyɛde ne mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so.

12Sɛ mutie mmara yi na mudi ne nyinaa so nokware mu a, Awurade, mo Nyankopɔn no, nso bedi nʼapam a ofi ne nokware dɔ mu ne mo agyanom pamee no so. 13Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo na wama mo ase afɛe. Obehyira mo yafunu mu ade; mo asase so nnɔbae, mo atoko, nsa foforo ne ngodua, mo nantwimma ne nguamma wɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom se ɔde bɛma mo no so. 14Wobehyira mo akyɛn aman a wɔwɔ asase so no nyinaa. Mo mmarima renyɛ asaadwe na mo mmea nso renyɛ abonin na mo nyɛmmoa nso bɛwowo. 15Na Awurade bɛbɔ mo ho ban afi ɔyare nyinaa ho. Ɔremma owuyare a bi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo na ɔde saa ɔyare no nyinaa begu mo atamfo so. 16Monsɛe aman a Awurade mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa no nyinaa. Munhu wɔn mmɔbɔ na monnsom wɔn anyame. Sɛ moyɛ saa a, ebesum mo afiri.

17Mubebisa mo ho se, “Na sɛ saa aman yi yɛ den kyɛn yɛn. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi apam wɔn?” 18Nanso munnsuro wɔn. Monkae ade a Awurade, mo Nyankopɔn, de yɛɛ Farao ne ne manfo nyinaa wɔ Misraim no. 19Mode mo ankasa mo ani huu amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwasɛm a ɛbaa wɔn so, tumi nsa ne abasa a wɔatrɛw mu a Awurade, mo Nyankopɔn, nam so yii mo fii hɔ no. Nnipa a musuro wɔn mprempren no, Awurade Nyankopɔn de wɔn bɛfa saa ɔkwan koro no ara so. 20Ɛno akyi no, Awurade, mo Nyankopɔn, bɛma mpenaa abɛpam kakra a wɔaka no afi wɔn ahintawee mu kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre. 21Munnsuro saa aman no, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwonwa no wɔ mo afa. 22Nkakrankakra, Awurade, mo Nyankopɔn, bedi mo anim kan apam saa aman no. Ɔrenyi wɔn nyinaa mfi hɔ prɛko pɛ; anyɛ saa a, nkekaboa no ase bɛdɔ ntɛm na wɔaba mo so. 23Nanso Awurade, mo Nyankopɔn, de wɔn bɛhyɛ mo nsa, na ɔbɛma wɔn adwene ayɛ basabasa akosi sɛ ɔbɛsɛe wɔn. 24Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ mo nsa na mobɛpepa wɔn din afi ɔsoro ase. Obiara rentumi nsɔre ntia mo; mobɛsɛe wɔn. 25Momfa ogya nhyew wɔn anyame ahoni no. Mommma mo ani mmere dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ a egugu so no na mommfa; anyɛ saa a ɛbɛyɛ mfiri ayi mo, efisɛ ɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn, akyiwade. 26Mommfa akyiwade biara mma mo fi na wɔanyi mo angu nkyɛn amma ɔsɛe sɛ ɛno ara pɛ. Munhu no sɛ enye a wokyi korakora; efisɛ wɔayi ato hɔ ama ɔsɛe.